< 撒迦利亚书 6 >

1 我又举目观看,见有四辆车从两山中间出来;那山是铜山。
Memaa mʼani so bio, na mihuu nteaseɛnam anan a efi mmepɔw abien ntam reba, mmepɔw no yɛ kɔbere mfrafrae.
2 第一辆车套着红马,第二辆车套着黑马。
Teaseɛnam a edi kan no, na apɔnkɔ kɔkɔɔ na wɔtwe, na apɔnkɔ tuntum nso twe nea ɛto so abien no.
3 第三辆车套着白马,第四辆车套着有斑点的壮马。
Nea ɛto so abiɛsa no, na apɔnkɔ fitaa na wɔtwe. Nea ɛto so anan no, na apɔnkɔ ntokontrama na wɔtwe, na apɔnkɔ no nyinaa ho yɛ den.
4 我就问与我说话的天使说:“主啊,这是什么意思?”
Mibisaa ɔbɔfo a na ɔne me rekasa no se, “Me wura, eyinom yɛ dɛn?”
5 天使回答我说:“这是天的四风,是从普天下的主面前出来的。”
Ɔbɔfo no buaa me se, “Eyinom yɛ ahonhom anan a wofi ɔsoro, na wɔrefi wiase nyinaa Awurade no anim akɔ.
6 套着黑马的车往北方去,白马跟随在后;有斑点的马往南方去。
Teaseɛnam a apɔnkɔ tuntum retwe no rekɔ ɔman a ɛwɔ atifi fam no so. Teaseɛnam a apɔnkɔ fitaa retwe no rekɔ atɔe fam; na nea apɔnkɔ ntokontrama twe no rekɔ anafo fam.”
7 壮马出来,要在遍地走来走去。天使说:“你们只管在遍地走来走去。”它们就照样行了。
Apɔnkɔ ahoɔdenfo no fii adi no, wɔpɛɛ sɛ wɔkɔ asase nyinaa so. Na ɔbɔfo no kae se, “Monkɔ asase nyinaa so!” Enti wɔkɔɔ asase so mmaa nyinaa.
8 他又呼叫我说:“看哪,往北方去的已在北方安慰我的心。”
Afei ɔfrɛɛ me se, “Hwɛ, wɔn a wɔrekɔ atifi fam man so no ama me Honhom ahomegye wɔ atifi fam asase no so.”
9 耶和华的话临到我说:
Awurade asɛm baa me nkyɛn. Ɔkae se,
10 “你要从被掳之人中取黑玳、多比雅、耶大雅的金银。这三人是从巴比伦来到西番雅的儿子约西亚的家里。当日你要进他的家,
“Gye sikakɔkɔɔ ne dwetɛ fi wɔn a wɔatwa wɔn asu, Heldai, Tobia ne Yedaia a wofi Babilonia aba no nkyɛn. Da no ara kɔ Sefania babarima Yosia fi.
11 取这金银做冠冕,戴在约撒答的儿子大祭司约书亚的头上,
Gye dwetɛ ne sikakɔkɔɔ na fa yɛ ahenkyɛw, hyɛ ɔsɔfopanyin Yosua a ɔyɛ Yehosadak babarima no ti.
12 对他说,万军之耶和华如此说:看哪,那名称为大卫苗裔的,他要在本处长起来,并要建造耶和华的殿。
Ka kyerɛ no se, sɛɛ na Asafo Awurade se: ‘Ɔbarima a wɔfrɛ no Dubaa no ni, na ɔbɛfefɛw afi hɔ akosi Awurade asɔredan no.
13 他要建造耶和华的殿,并担负尊荣,坐在位上掌王权;又必在位上作祭司,使两职之间筹定和平。
Ɔno na obesi Awurade asɔredan no, na wɔbɛhyɛ no anuonyam, na ɔbɛtena nʼahengua so adi ne hene, na ɔbɛyɛ ɔsɔfo wɔ nʼahengua so. Afei asomdwoe bɛba abien no ntam.’
14 这冠冕要归希连、多比雅、耶大雅,和西番雅的儿子贤,放在耶和华的殿里为记念。”
Wɔde ahenkyɛw no bɛma Heldai, Tobia, Yedaia ne Sefania babarima Hen, na wɔde ayɛ nkae ade wɔ Awurade asɔredan mu.
15 远方的人也要来建造耶和华的殿,你们就知道万军之耶和华差遣我到你们这里来。你们若留意听从耶和华—你们 神的话,这事必然成就。
Wɔn a wɔwɔ akyirikyiri no bɛba abɛboa Awurade asɔredan no si, na mubehu sɛ Asafo Awurade na wasoma me mo nkyɛn. Sɛ moyɛ osetie ma Awurade mo Nyankopɔn nokware mu a, eyi bɛba mu.”

< 撒迦利亚书 6 >