< 雅歌 7 >

1 王女啊,你的脚在鞋中何其美好! 你的大腿圆润,好像美玉, 是巧匠的手做成的。
Wo nan ne mpaboa yɛ fɛ, Ɔdehye babea! Wʼanantu a wugyina so te sɛ abohemaa, odwumfo nsa ano adwuma.
2 你的肚脐如圆杯, 不缺调和的酒; 你的腰如一堆麦子, 周围有百合花。
Wo funuma yɛ kuruwa a enni nsa a nsa pa wɔ mu bere biara. Wo sisi yɛ atoko a wɔaboa ano na sukooko atwa ho ahyia.
3 你的两乳好像一对小鹿, 就是母鹿双生的。
Wo nufu te sɛ atwemma abien, atwemma nta.
4 你的颈项如象牙台; 你的眼目像希实本、巴特·拉并门旁的水池; 你的鼻子仿佛朝大马士革的黎巴嫩塔。
Wo kɔn te sɛ asonse abantenten. Wʼaniwa aba te sɛ Hesbon ntade a ɛwɔ Bat Rabim pon nkyɛn. Wo hwene te sɛ Lebanon abantenten a ɛkyerɛ Damasko no.
5 你的头在你身上好像迦密山; 你头上的发是紫黑色; 王的心因这下垂的发绺系住了。
Wo ti si so sɛ Karmel Bepɔw. Wo tinwi te sɛ adehyetam a wɔadi mu adwinni; wo tinwi atenten no kyere ɔhene dommum.
6 我所爱的,你何其美好! 何其可悦,使人欢畅喜乐!
Wo ho yɛ fɛ, ɔdɔ, wo ho yɛ anigye na ɛma ahomeka ara!
7 你的身量好像棕树; 你的两乳如同其上的果子,累累下垂。
Wo sibea te sɛ abɛ dua, na wo nufu te sɛ aduaba kasiaw.
8 我说:我要上这棕树,抓住枝子。 愿你的两乳好像葡萄累累下垂, 你鼻子的气味香如苹果;
Mekae se, “Mɛforo abɛ dua no; na maso nʼaba mu.” Wo nufu nyɛ sɛ bobe kasiaw, na wo home mu hua nyɛ sɛ aprɛ.
9 你的口如上好的酒。 〔新娘〕 女子说:为我的良人下咽舒畅, 流入睡觉人的嘴中。
Na wʼanom hua nyɛ sɛ bobesa papa. Ababaa: Ma bobesa no nkɔ me dɔfo hɔ tee, ɛnsen mfa nʼanofafa ne ne se no so brɛoo.
10 我属我的良人, 他也恋慕我。
Meyɛ me dɔfo de, na nʼapɛde ne me.
11 我的良人,来吧! 你我可以往田间去; 你我可以在村庄住宿。
Bra, me dɔfo; ma yɛnkɔ akuraa, ma yɛnkɔda akuraa anadwo baako.
12 我们早晨起来往葡萄园去, 看看葡萄发芽开花没有, 石榴放蕊没有; 我在那里要将我的爱情给你。
Ma yɛnkɔ bobeturo mu ntɛm nkɔhwɛ sɛ bobe no agu nhwiren, sɛ nhwiren no apaapae, anaasɛ ntunkum no ayɛ frɔmfrɔm. Ɛhɔ na mede me dɔ bɛma wo.
13 风茄放香, 在我们的门内有各样新陈佳美的果子; 我的良人,这都是我为你存留的。
Adesaa yi ne hua, na akɔnnɔduan nyinaa begu yɛn pon ano, foforo ne dedaw, a mede asie ama wo, me dɔfo.

< 雅歌 7 >