< 雅歌 6 >

1 你这女子中极美丽的, 你的良人往何处去了? 你的良人转向何处去了, 我们好与你同去寻找他。
Ɛhe na wo dɔfoɔ no korɔ mmaa ahoɔfɛfoɔ mu ahoɔfɛ? Ɛhe na wo dɔfoɔ dane faeɛ, na yɛne wo nkɔhwehwɛ no?
2 我的良人下入自己园中, 到香花畦, 在园内牧放群羊, 采百合花。
Me dɔfoɔ kɔ ne turo mu, faako a pɛperɛ nkofie wɔ hɔ, ɔkɔkyinkyini turo no mu akɔboaboa sukooko ano.
3 我属我的良人, 我的良人也属我; 他在百合花中牧放群羊。
Me dɔfoɔ yɛ me dea, na me nso me wɔ no; ɔkyinkyin sukooko no mu.
4 我的佳偶啊,你美丽如得撒, 秀美如耶路撒冷, 威武如展开旌旗的军队。
Me dɔfoɔ, wo ho yɛ fɛ te sɛ Tirsa, wʼahoɔfɛ te sɛ Yerusalem, wosi pi te sɛ asraafoɔ a wɔretu frankaa.
5 求你掉转眼目不看我, 因你的眼目使我惊乱。 你的头发如同山羊群卧在基列山旁。
Ɛnhwɛ me saa; wo ma me yɛ basaa. Wo tirinwi te sɛ mpapokuo a wɔresiane firi Gilead.
6 你的牙齿如一群母羊 洗净上来,个个都有双生, 没有一只丧掉子的。
Wo se te sɛ nnwankuo a wɔatwitwa wɔn ho nwi foforɔ, a wɔfiri adwareɛ. Wɔnam mmienu mmienu na wɔn mu biara nyɛ ankonam.
7 你的两太阳在帕子内, 如同一块石榴。
Wʼasontorɔ mu a ɛhyɛ wo nkatanimu mu te sɛ ateaa aduaba fa.
8 有六十王后八十妃嫔, 并有无数的童女。
Ebia na ɔyerenom yɛ aduosia, mpenafoɔ bɛyɛ aduɔwɔtwe, ne mmabaawa dodoɔ a wɔntumi nkan wɔn;
9 我的鸽子,我的完全人, 只有这一个是她母亲独生的, 是生养她者所宝爱的。 众女子见了就称她有福; 王后妃嫔见了也赞美她。
nanso mʼaborɔnoma a ne ho nni asɛm da mu fua; ɔno nko ara ne ne maame babaa, ɔno na deɛ ɔwoo no no pɛ nʼasɛm. Mmabaawa hunu no no, wɔfrɛɛ no nhyira; ahemaa ne mpenafoɔ kamfoo no.
10 那向外观看、如晨光发现、 美丽如月亮、皎洁如日头、 威武如展开旌旗军队的是谁呢?
Hwan na wapue sɛ ahemadakye yi, ɔyɛ frɔmm sɛ ɔsrane, na ɔhyerɛn sɛ owia, nʼanimuonyam te sɛ nsoromma a wɔsa so.
11 我下入核桃园, 要看谷中青绿的植物, 要看葡萄发芽没有, 石榴开花没有。
Mesiane kɔɔ nnuaba pɔ mu hɔ sɛ merekɔhwehwɛ afifideɛ foforɔ a ɛwɔ bɔnhwa no mu, sɛ bobe no agu nhyerɛnne anaasɛ ateaa no ayɛ frɔmm.
12 不知不觉, 我的心将我安置在我尊长的车中。
Mʼani baa me ho so no na mʼadwene de me abɛsi me nkurɔfoɔ adehyeɛ nteaseɛnam so.
13 回来,回来,书拉密女; 你回来,你回来,使我们得观看你。 〔新娘〕 你们为何要观看书拉密女, 像观看玛哈念跳舞的呢?
Sane wʼakyi, sane wʼakyi, Ao, Sulamit abaayewa; Sane bra, sane bra ma yɛn nhwɛ wo! Aberanteɛ: Adɛn enti na ɛsɛ sɛ mohwɛ Sulamit abaayewa sɛdeɛ mohwɛ Mahanaim asa?

< 雅歌 6 >