< 诗篇 94 >

1 耶和华啊,你是伸冤的 神; 伸冤的 神啊,求你发出光来!
Awurade, Onyankopɔn a wotɔ were, Onyankopɔn a wotɔ were, hyerɛn.
2 审判世界的主啊,求你挺身而立, 使骄傲人受应得的报应!
Sɔre, asase so Temmufo, tua ahantanfo ka sɛnea ɛfata wɔn.
3 耶和华啊,恶人夸胜要到几时呢? 要到几时呢?
Awurade, enkosi da bɛn, amumɔyɛfo nnye wɔn ani nkosi da bɛn?
4 他们絮絮叨叨说傲慢的话; 一切作孽的人都自己夸张。
Wɔkasa ahantan so; ahohoahoa ahyɛ abɔnefo nyinaa ma.
5 耶和华啊,他们强压你的百姓, 苦害你的产业。
Awurade, wɔdwerɛw wo nkurɔfo; wɔhyɛ wʼagyapade so.
6 他们杀死寡妇和寄居的, 又杀害孤儿。
Wokunkum akunafo ne ananafo; na wodi ayisaa awu.
7 他们说:耶和华必不看见; 雅各的 神必不思念。
Wɔka se, “Awurade nhu, Yakob Nyankopɔn ayi nʼani.”
8 你们民间的畜类人当思想; 你们愚顽人到几时才有智慧呢?
Monhwɛ yiye, mo agyimifo a mowɔ nnipa no mu; nkwaseafo, da bɛn na mubehu nyansa?
9 造耳朵的,难道自己不听见吗? 造眼睛的,难道自己不看见吗?
Nea ɔbɔɔ aso no rente asɛm ana? Nea ɔyɛɛ ani no renhu ade ana?
10 管教列邦的,就是叫人得知识的, 难道自己不惩治人吗?
Nea ɔteɛteɛ aman so no rentwe aso ana? Nea ɔkyerɛkyerɛ onipa no nnim nyansa ana?
11 耶和华知道人的意念是虚妄的。
Awurade nim onipa nsusuwii; onim sɛ enkosi hwee.
12 耶和华啊,你所管教、 用律法所教训的人是有福的!
Awurade, nhyira ne onipa a woteɛteɛ no so, onipa a wokyerɛ no wo mmara no;
13 你使他在遭难的日子得享平安; 惟有恶人陷在所挖的坑中。
Woma ɔhome fi amanehunu nna mu, kosi sɛ wobetu amoa ama amumɔyɛfo.
14 因为耶和华必不丢弃他的百姓, 也不离弃他的产业。
Awurade rempo ne nkurɔfo; na ɔrennyaw nʼagyapade hɔ da.
15 审判要转向公义; 心里正直的,必都随从。
Atemmu begyina treneeyɛ so bio, na wɔn a wɔn koma mu tew nyinaa bedi so.
16 谁肯为我起来攻击作恶的? 谁肯为我站起抵挡作孽的?
Hena na ɔbɛsɔre atia amumɔyɛfo ama me? Hena na ɔbɛsɔre atia abɔnefo ama me?
17 若不是耶和华帮助我, 我就住在寂静之中了。
Sɛ Awurade ammoa me a, anka mekɔɔ owu kommyɛ mu ntɛm so.
18 我正说我失了脚, 耶和华啊,那时你的慈爱扶助我。
Bere a mekae se, “Me nan rewatiri” no, Awurade, wo dɔ no soo me mu.
19 我心里多忧多疑, 你安慰我,就使我欢乐。
Bere a me dadwen dɔɔso no, wʼawerɛkyekye maa me kra abotɔyam.
20 那借着律例架弄残害、 在位上行奸恶的,岂能与你相交吗?
Ahengua a porɔwee ahyɛ no mma no ne wo wɔ ayɔnkofa ana? Ahengua a ne hyɛ nsɛm de amanehunu na ɛba no?
21 他们大家聚集攻击义人, 将无辜的人定为死罪。
Wɔka bɔ mu tia atreneefo na wɔn a wodi bem no, wobu wɔn kumfɔ.
22 但耶和华向来作了我的高台; 我的 神作了我投靠的磐石。
Nanso Awurade yɛ mʼaban; na me Nyankopɔn ayɛ ɔbotan a ne mu na minya ahintawee.
23 他叫他们的罪孽归到他们身上。 他们正在行恶之中,他要剪除他们; 耶和华—我们的 神要把他们剪除。
Obetua wɔn nnebɔne no so ka na wɔn amumɔyɛ nti wasɛe wɔn; Awurade yɛn Nyankopɔn bɛsɛe wɔn.

< 诗篇 94 >