< 诗篇 83 >

1 亚萨的诗歌。 神啊,求你不要静默! 神啊,求你不要闭口,也不要不作声!
Asaf Dwom. Ao Onyankopɔn, ntena hɔ komm; mmua wʼano, Ao Onyankopɔn, keka wo ho.
2 因为你的仇敌喧嚷, 恨你的抬起头来。
Hwɛ sɛdeɛ wʼatamfoɔ keka wɔn ho fa, na wɔn a wɔmpɛ wʼasɛm nso ama wɔn tiri so.
3 他们同谋奸诈要害你的百姓, 彼此商议要害你所隐藏的人。
Wɔde anifire repam atia wo nkurɔfoɔ wɔrepam atia wɔn a wʼakoma da wɔn so no.
4 他们说:来吧,我们将他们剪灭, 使他们不再成国! 使以色列的名不再被人记念!
Wɔka sɛ, “Mommra na yɛnsɛe wɔn sɛ ɔman, sɛdeɛ wɔrenkae Israel din bio.”
5 他们同心商议, 彼此结盟,要抵挡你,
Wɔde adwene korɔ bɔ pɔ; na wɔpam tia wo,
6 就是住帐棚的以东人和以实玛利人, 摩押和夏甲人,
Edom ntomadan ne Ismaelfoɔ, Moabfoɔ ne Hagarfoɔ,
7 迦巴勒、亚扪, 和亚玛力、非利士并泰尔的居民。
Gebalfoɔ ne Amonfoɔ ne Amalekfoɔ, Filistifoɔ ne Tirofoɔ.
8 亚述也与他们连合; 他们作罗得子孙的帮手。 (细拉)
Asiria mpo akɔka wɔn ho de wɔn ahoɔden akɔhyɛ Lot asefoɔ deɛ mu kena.
9 求你待他们,如待米甸, 如在基顺河待西西拉和耶宾一样。
Yɛ wɔn sɛdeɛ woyɛɛ Midian sɛdeɛ woyɛɛ Sisera ne Yabin wɔ asubɔnten Kison ho no,
10 他们在隐·多珥灭亡, 成了地上的粪土。
wɔn a wɔsɛee wɔ En-Dor na wɔdanee nwira no.
11 求你叫他们的首领像俄立和西伊伯, 叫他们的王子都像西巴和撒慕拿。
Yɛ wɔn atitire sɛ Oreb ne Seeb, ne wɔn mmapɔmma nyinaa sɛ Seba ne Salmuna,
12 他们说:我们要得 神的住处, 作为自己的产业。
a wɔkaa sɛ, “Momma yɛmfa Onyankopɔn adidibea nsase no.”
13 我的 神啊,求你叫他们像旋风的尘土, 像风前的碎秸。
Ao me Onyankopɔn, yɛ wɔn sɛ twahoframa mu mfuturo, sɛ ntɛtɛ a mframa bɔ guo.
14 火怎样焚烧树林, 火焰怎样烧着山岭,
Sɛdeɛ ogya hye kwaeɛ, na ogyaframa sɔ nkokoɔ mu hye no no,
15 求你也照样用狂风追赶他们, 用暴雨恐吓他们。
saa ara na fa wʼahum taa wɔn na fa wo mframa a ano yɛ den no hunahuna wɔn.
16 愿你使他们满面羞耻, 好叫他们寻求你—耶和华的名!
Ma animguaseɛ nka wɔn, na ama nnipa apɛ wo din akyiri ɛkwan, Ao Awurade.
17 愿他们永远羞愧惊惶! 愿他们惭愧灭亡!
Ma wɔn anim ngu ase na wɔn abasa mu ntu; ma wɔnwuwu wɔ animguaseɛ mu.
18 使他们知道:惟独你— 名为耶和华的—是全地以上的至高者!
Ma wɔnhunu sɛ wo a wo din de Awurade no, wo nko ara ne Ɔsorosoroni wɔ asase so nyinaa.

< 诗篇 83 >