< 诗篇 59 >

1 扫罗打发人窥探大卫的房屋,要杀他。那时,大卫作这金诗,交与伶长。调用休要毁坏。 我的 神啊,求你救我脱离仇敌, 把我安置在高处,得脱那些起来攻击我的人。
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔto no sɛdeɛ wɔto “Mma Ɛnsɛe No” sankuo nne so. Dawid “miktam” dwom. Ɔtoo no ɛberɛ a Saulo soma kɔwɛn Dawid fie sɛ wɔbɛkum no. Ao Onyankopɔn, gye me firi mʼatamfoɔ nsam; bɔ me ho ban firi wɔn a wɔtaa me so no ho.
2 求你救我脱离作孽的人 和喜爱流人血的人!
Gye me firi amumuyɛfoɔ nsam. Gye me nkwa firi mogyapɛfoɔ nsam.
3 因为,他们埋伏要害我的命; 有能力的人聚集来攻击我。 耶和华啊,这不是为我的过犯, 也不是为我的罪愆。
Hwɛ sɛdeɛ wɔatɛ repɛ me akum me akokobirefoɔ bɔ pɔ bɔne tia me a ɛnyɛ mfomsoɔ anaa bɔne bi a mayɛ enti, Ao Awurade.
4 我虽然无过,他们预备整齐,跑来攻击我。 求你兴起鉴察,帮助我!
Menyɛɛ mfomsoɔ bi, nanso wɔayɛ krado sɛ wɔbɛto ahyɛ me so. Sɔre bɛgye me; hwɛ mʼamanehunu!
5 万军之 神—耶和华以色列的 神啊! 求你兴起,惩治万邦! 不要怜悯行诡诈的恶人! (细拉)
Ao Asafo Awurade Onyankopɔn, Israel Onyankopɔn, ma wo ho so na twe amanaman no nyinaa aso; nhunu amumuyɛfoɔ nkontompofoɔ no mmɔbɔ.
6 他们晚上转回, 叫号如狗,围城绕行。
Wɔsane ba anwummerɛ, wɔpɔ so sɛ nkraman, na wɔkyinkyin kuropɔn no mu.
7 他们口中喷吐恶言,嘴里有刀; 他们说:有谁听见?
Hwɛ deɛ wɔfe firi wɔn anomu, wɔfe akofena firi wɔn anomu na wɔka sɛ: “Hwan na ɔteɛ”?
8 但你—耶和华必笑话他们; 你要嗤笑万邦。
Nanso, wo Awurade, wosere wɔn; wodi saa aman no nyinaa ho fɛw.
9 我的力量啊,我必仰望你, 因为 神是我的高台。
Ao mʼAhoɔden, mehwɛ wo; wo, Ao Onyankopɔn ne mʼabankɛseɛ,
10 我的 神要以慈爱迎接我; 神要叫我看见我仇敌遭报。
me Onyankopɔn a ɔyɛ ɔdɔ. Onyankopɔn bɛdi mʼanim na ɔbɛma mahwɛ wɔn a wɔbɔ me ahohora no haa.
11 不要杀他们,恐怕我的民忘记。 主啊,你是我们的盾牌; 求你用你的能力使他们四散, 且降为卑。
Nanso nkum wɔn, Ao Awurade yɛn akokyɛm, na me nkurɔfoɔ werɛ amfiri wɔn. Wo tumi mu no ma wɔnnantenante, na brɛ wɔn ase.
12 因他们口中的罪和嘴里的言语, 并咒骂虚谎的话, 愿他们在骄傲之中被缠住了。
Bɔne a ɛfiri wɔn anomu, ne wɔn ano nsɛm enti ma wɔn ahomasoɔ nkyekyere wɔn. Abususɛm a wɔka ne atorɔ a wɔtwa enti,
13 求你发怒,使他们消灭, 以致归于无有, 叫他们知道 神在雅各中间掌权, 直到地极。 (细拉)
sɛe wɔn wɔ abufuhyeɛ mu, kɔsi sɛ wɔn ase bɛtɔre. Afei ɛbɛma asase so afanan nyinaa ahunu sɛ Onyankopɔn di Yakob so.
14 到了晚上,任凭他们转回; 任凭他们叫号如狗,围城绕行。
Wɔsane ba anwummerɛ, wɔpɔ so sɛ nkraman na wɔkyinkyin kuropɔn no mu.
15 他们必走来走去,寻找食物, 若不得饱就终夜在外。
Wɔkyinkyini pɛ aduane na sɛ wɔammee a, wɔsu bobom.
16 但我要歌颂你的力量, 早晨要高唱你的慈爱; 因为你作过我的高台, 在我急难的日子作过我的避难所。
Nanso mɛto wʼahoɔden ho dwom, mɛto wʼadɔeɛ ho dwom anɔpa; ɛfiri sɛ woyɛ mʼabankɛseɛ, mʼahintaeɛ wɔ ahohia mmerɛ mu.
17 我的力量啊,我要歌颂你; 因为 神是我的高台, 是赐恩与我的 神。
Ao mʼAhoɔden, mɛto ayɛyi dwom ama wo; wo, Ao Onyankopɔn, ne mʼabankɛseɛ, me Onyankopɔn a ɔyɛ ɔdɔ.

< 诗篇 59 >