< 诗篇 49 >

1 可拉后裔的诗,交与伶长。 万民哪,你们都当听这话! 世上一切的居民,
Wɔde ma dwonkyerɛfo. Koramma dwom. Muntie, mo saa nnipa yi nyinaa; monyɛ aso, mo a mowɔ wiase yi mu nyinaa,
2 无论上流下流,富足贫穷, 都当留心听!
nea ɔyɛ abomfiaa ne nea odi mu, adefo ne ahiafo nyinaa.
3 我口要说智慧的言语; 我心要想通达的道理。
Mʼano bɛka anyansasɛm; nsɛm a efi me koma mu bɛma nhumu.
4 我要侧耳听比喻, 用琴解谜语。
Mɛbrɛ mʼaso ase atie mmebusɛm; na sanku na mede bɛkyerɛ mʼabisae ase.
5 在患难的日子,奸恶随我脚跟,四面环绕我, 我何必惧怕?
Adɛn nti na ɛsɛ sɛ misuro, bere a nna bɔne aba, bere a amumɔyɛfo nnaadaafo atwa me ho ahyia,
6 那些倚仗财货自夸钱财多的人,
wɔn a wɔde wɔn ho to wɔn ahonya so na wɔde wɔn ade dodow hoahoa wɔn ho?
7 一个也无法赎自己的弟兄, 也不能替他将赎价给 神,
Onipa biara rentumi nnye ne yɔnko nkwa na ɔrentumi mfa mpata biara mma Onyankopɔn,
8 叫他长远活着,不见朽坏; 因为赎他生命的价值极贵, 只可永远罢休。
nkwa ho mpata bo yɛ den, akatua biara renso,
9
sɛ ɛbɛma no atena ase afebɔɔ a ɔrenhu porɔwee.
10 他必见智慧人死, 又见愚顽人和畜类人一同灭亡, 将他们的财货留给别人。
Obiara nim pefee sɛ anyansafo wu; saa ara na nkwaseafo ne agyimifo nso wu, na wogyaw wɔn ahonya hɔ ma afoforo.
11 他们心里思想: 他们的家室必永存, 住宅必留到万代; 他们以自己的名称自己的地。
Wɔn nna bɛyɛ wɔn afi afebɔɔ, wɔn atenae wɔ awo ntoatoaso bere a enni awiei mu, ɛmfa ho sɛ wɔde wɔn din atoto nsase so.
12 但人居尊贵中不能长久, 如同死亡的畜类一样。
Na onipa ahonya nyinaa akyi no, ɔrentena hɔ daa; ɔte sɛ mmoa a wowu no ara.
13 他们行的这道本为自己的愚昧; 但他们以后的人还佩服他们的话语。 (细拉)
Eyi ne nea ɛda hɔ ma wɔn a wogye wɔn ho di, ne wɔn akyidifo a wɔfoa wɔn nsɛm so.
14 他们如同羊群派定下阴间; 死亡必作他们的牧者。 到了早晨,正直人必管辖他们; 他们的美容必被阴间所灭,以致无处可存。 (Sheol h7585)
Wɔte sɛ nguan, na wɔbɛkɔ ɔda mu, na owu de wɔn bɛyɛ nʼaduan. Atreneefo bedi wɔn so anɔpa; wɔn nipadua bɛporɔw wɔ ɔda mu, na wɔne wɔn adan akɛse no ntam akwan bɛware. (Sheol h7585)
15 只是 神必救赎我的灵魂脱离阴间的权柄, 因他必收纳我。 (细拉) (Sheol h7585)
Nanso Onyankopɔn begye me afi ɔda mu; ampa ara, ɔde me bɛkɔ ne nkyɛn. (Sheol h7585)
16 见人发财、家室增荣的时候, 你不要惧怕;
Sɛ onipa nya ne ho a, mma ɛnnhaw wo; na sɛ ne fi anigye yɛ bebree a, mma ɛnnhaw wo;
17 因为,他死的时候什么也不能带去; 他的荣耀不能随他下去。
efisɛ, sɛ owu a ɔremmfa hwee nkɔ, nʼanuonyam ne no renkɔ amoa mu.
18 他活着的时候,虽然自夸为有福 (你若利己,人必夸奖你);
Mpo ɔte ase no, ɔfaa no sɛ wɔahyira no, efisɛ wɔkamfo nnipa bere a wodi yiye,
19 他仍必归到他历代的祖宗那里, 永不见光。
nanso ɔbɛkɔ akɔka nʼagyanom ho, wɔn a wɔrenhu nkwa hann ara da no.
20 人在尊贵中而不醒悟, 就如死亡的畜类一样。
Onipa a ɔwɔ ahonya na onni nhumu no te sɛ mmoa a wowu.

< 诗篇 49 >