< 诗篇 47 >

1 可拉后裔的诗,交与伶长。 万民哪,你们都要拍掌! 要用夸胜的声音向 神呼喊!
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Kora mma dwom. Amanaman nyinaa, mommɔ mo nsam; momfa anigyeɛ nteam mfrɛ Onyankopɔn.
2 因为耶和华至高者是可畏的; 他是治理全地的大君王。
Awurade Ɔsorosoroni no ho yɛ nwanwa, Ɔyɛ Ɔhene kɛseɛ wɔ asase nyinaa so!
3 他叫万民服在我们以下, 又叫列邦服在我们脚下。
Ɔde amanaman hyɛɛ yɛn ase, na ɔde nnipa hyɛɛ yɛn nan ase.
4 他为我们选择产业, 就是他所爱之雅各的荣耀。 (细拉)
Ɔyii yɛn agyapadeɛ maa yɛn, deɛ ɛyɛ Yakob a ɔdɔ noɔ no ahohoahoadeɛ.
5 神上升,有喊声相送; 耶和华上升,有角声相送。
Onyankopɔn aforo kɔ soro wɔ anigyeɛ nteateam mu. Awurade wɔ totorobɛnto nnyegyeeɛ mu.
6 你们要向 神歌颂,歌颂! 向我们王歌颂,歌颂!
To ayɛyie nnwom ma Onyankopɔn, to ayɛyie nnwom; to ayɛyie nnwom ma yɛn Ɔhene, to ayɛyie nnwom.
7 因为 神是全地的王; 你们要用悟性歌颂。
Ɛfiri sɛ Onyankopɔn yɛ asase nyinaa so Ɔhene. Monto ahurisie nnwom mma no.
8 神作王治理万国; 神坐在他的圣宝座上。
Onyankopɔn di ɔhene wɔ amanaman no so Onyankopɔn te nʼahennwa kronkron so.
9 列邦的君王聚集要作亚伯拉罕之 神的民。 因为世界的盾牌是属 神的; 他为至高!
Amanaman no mu akunini boaboa wɔn ho ano sɛ Abraham Onyankopɔn nkurɔfoɔ, ɛfiri sɛ asase so ahemfo yɛ Onyankopɔn dea; na wɔma no so yɛ no kɛseɛ.

< 诗篇 47 >