< 诗篇 31 >

1 大卫的诗,交与伶长。 耶和华啊,我投靠你; 求你使我永不羞愧; 凭你的公义搭救我!
Wɔde ma dwonkyerɛfo. Dawid dwom. Wo mu, Awurade na manya guankɔbea; mma mʼanim ngu ase; fi wo trenee mu gye me.
2 求你侧耳而听, 快快救我! 作我坚固的磐石, 拯救我的保障!
Yɛ aso ma me, bra ntɛm begye me; yɛ me bammɔ botan, aban a mʼatamfo nsa renka me.
3 因为你是我的岩石,我的山寨; 所以,求你为你名的缘故引导我,指点我。
Sɛ woyɛ me botan ne mʼaban nti, wo din nti di mʼanim na kyerɛ me kwan.
4 求你救我脱离人为我暗设的网罗, 因为你是我的保障。
Gye me fi afiri a wɔasum me no mu, efisɛ wo ne me guankɔbea.
5 我将我的灵魂交在你手里; 耶和华诚实的 神啊,你救赎了我。
Wo nsam na mede me kra hyɛ; gye me bio, Awurade, Onyankopɔn nokwafo.
6 我恨恶那信奉虚无之神的人; 我却倚靠耶和华。
Mikyi wɔn a wɔsom abosom huhuw; mede me ho to Awurade so.
7 我要为你的慈爱高兴欢喜; 因为你见过我的困苦,知道我心中的艰难。
Mʼani begye na madi ahurusi wɔ wo dɔ mu, efisɛ wuhu mʼamanehunu, na wunim me kra mu haw.
8 你未曾把我交在仇敌手里; 你使我的脚站在宽阔之处。
Womfaa me nhyɛɛ ɔtamfo no nsa mmom wode me nan asisi petee mu.
9 耶和华啊,求你怜恤我, 因为我在急难之中; 我的眼睛因忧愁而干瘪, 连我的身心也不安舒。
Hu me mmɔbɔ, Awurade, efisɛ me ho yeraw me; awerɛhow ama mʼani so ayɛ kusuu ɔyaw ama me kra ne me honam ayɛ mmerɛw.
10 我的生命为愁苦所消耗; 我的年岁为叹息所旷废。 我的力量因我的罪孽衰败; 我的骨头也枯干。
Ɔyawdi retew me nkwa so, na abooboo tew me mfe so; ɔhaw nti mʼahoɔden kɔ fam, na me nnompe nso ahodwow.
11 我因一切敌人成了羞辱, 在我的邻舍跟前更甚; 那认识我的都惧怕我, 在外头看见我的都躲避我。
Mʼatamfo nyinaa nti, mayɛ ahohora wɔ me nnamfonom mu; nnipa a wonim me suro me, na wɔn a wohu me mmɔnten so guan.
12 我被人忘记,如同死人,无人记念; 我好像破碎的器皿。
Obiara werɛ afi me te sɛ nea mawu; mayɛ sɛ kuku a abɔ.
13 我听见了许多人的谗谤, 四围都是惊吓; 他们一同商议攻击我的时候, 就图谋要害我的性命。
Mete asomsɛm dodow a wɔka ahunahuna atwa me ho ahyia. Wɔrepam me ti so, na wɔbɔ pɔw sɛ wobekum me.
14 耶和华啊,我仍旧倚靠你; 我说:你是我的 神。
Nanso mede me ho ato wo so, Awurade; meka se, “Woyɛ me Nyankopɔn.”
15 我终身的事在你手中; 求你救我脱离仇敌的手和那些逼迫我的人。
Me mmere wɔ wo nsam gye me fi mʼatamfo ne wɔn a wɔtaa me no nsam.
16 求你使你的脸光照仆人, 凭你的慈爱拯救我。
Tew wʼanim kyerɛ wo somfo; gye me wɔ wo dɔ a enni huammɔ no mu.
17 耶和华啊,求你叫我不致羞愧, 因为我曾呼吁你; 求你使恶人羞愧, 使他们在阴间缄默无声。 (Sheol h7585)
Mma mʼanim ngu ase, Awurade, efisɛ masu afrɛ wo; mmom, ma amumɔyɛfo anim ngu ase na wɔnna wɔn nna mu komm. (Sheol h7585)
18 那撒谎的人逞骄傲轻慢, 出狂妄的话攻击义人; 愿他的嘴哑而无言。
Mua atorofo ano, efisɛ wɔde ahantan ne animtiaabu kasa tia atreneefo.
19 敬畏你、投靠你的人,你为他们所积存的, 在世人面前所施行的恩惠是何等大呢!
Wo papayɛ dɔɔso, ɛno na woakora ama wɔn a wosuro wo no ɛno na wode ma wɔn a woguan toa wo no wɔ nnipa anim.
20 你必把他们藏在你面前的隐密处, 免得遇见人的计谋; 你必暗暗地保守他们在亭子里, 免受口舌的争闹。
Wode wɔn sie wʼanim bammɔ mu fi nnipa nsusuwii bɔne ho; wo tenabea hɔ na wode wɔn sie dwoodwoo fi tɛkrɛma a ɛbɔ sobo ho.
21 耶和华是应当称颂的, 因为他在坚固城里向我施展奇妙的慈爱。
Ayeyi nka Awurade! Sɛ wayi ne dɔ nwonwaso akyerɛ me bere a na mewɔ kuropɔn a atamfo atwa ho ahyia no mu no.
22 至于我,我曾急促地说: 我从你眼前被隔绝。 然而,我呼求你的时候, 你仍听我恳求的声音。
Mebɔɔ huboa no mekae se: “Woayi wʼani afi me so!” Nanso wotee me mmɔborɔsu bere a mekotow srɛɛ wo no.
23 耶和华的圣民哪,你们都要爱他! 耶和华保护诚实人, 足足报应行事骄傲的人。
Monnɔ Awurade mo a moyɛ nʼahotewfo nyinaa! Awurade kora wɔn a wodi nokware so, na ahomasofo de, otua wɔn ka pɛpɛɛpɛ.
24 凡仰望耶和华的人, 你们都要壮胆,坚固你们的心!
Monyɛ den na momma mo bo ntɔ mo yam, mo a mowɔ anidaso wɔ Awurade mu nyinaa.

< 诗篇 31 >