< 诗篇 27 >

1 大卫的诗。 耶和华是我的亮光,是我的拯救, 我还怕谁呢? 耶和华是我性命的保障, 我还惧谁呢?
Dawid dwom. Awurade ne me hann ne me nkwagye; hena na minsuro no? Awurade ne me nkwa ahoɔden, na hena anim na me ho mpopo?
2 那作恶的就是我的仇敌, 前来吃我肉的时候就绊跌仆倒。
Sɛ nnipa bɔne bɔ toa me pɛ sɛ wokum me, sɛ mʼatamfo tow hyɛ me so a, wobehintihintiw ahwehwe ase.
3 虽有军兵安营攻击我,我的心也不害怕; 虽然兴起刀兵攻击我,我必仍旧安稳。
Sɛ dɔm mpo twa me ho hyia a, me koma rentu; mpo sɛ wotu me so sa a, ɛno mu koraa na minya awerehyɛmu.
4 有一件事,我曾求耶和华,我仍要寻求: 就是一生一世住在耶和华的殿中, 瞻仰他的荣美,在他的殿里求问。
Ade baako na mibisa Awurade; na ɛno na mehwehwɛ; sɛ mɛtena Awurade fi me nkwanna nyinaa, na mahwɛ Awurade ahoɔfɛ na mahwehwɛ no wɔ nʼasɔrefi.
5 因为我遭遇患难,他必暗暗地保守我; 在他亭子里,把我藏在他帐幕的隐密处, 将我高举在磐石上。
Hiada mu no, ɔde me besie nʼatenae dwoodwoo; ɔbɛkora me wɔ Ahyiae Ntamadan kronkron mu ɔde me si ɔbotan so wɔ sorosoro.
6 现在我得以昂首,高过四面的仇敌。 我要在他的帐幕里欢然献祭; 我要唱诗歌颂耶和华。
Afei ɔbɛma me ti so wɔ atamfo a wɔatwa me ho ahyia no so; mede anigye bɛbɔ afɔre wɔ nʼAhyiae Ntamadan mu; na mɛto dwom, ahyehyɛ nnwom ama Awurade.
7 耶和华啊,我用声音呼吁的时候,求你垂听; 并求你怜恤我,应允我。
Awurade, sɛ misu frɛ wo a, tie me! Hu me mmɔbɔ na gye me so!
8 你说:你们当寻求我的面。 那时我心向你说:耶和华啊, 你的面我正要寻求。
Me koma ka wɔ wo ho se, “Hwehwɛ nʼanim!” Wʼanim, Awurade na mɛhwehwɛ.
9 不要向我掩面。 不要发怒赶逐仆人, 你向来是帮助我的。 救我的 神啊,不要丢掉我, 也不要离弃我。
Mfa wʼanim nhintaw me, mfa abufuw mpam wo somfo me boafo ne wo. Mpo me, na nnyaw me, mʼAgyenkwa Nyankopɔn.
10 我父母离弃我, 耶和华必收留我。
Mʼagya ne me na begyaw me hɔ de, nanso Awurade begye me.
11 耶和华啊,求你将你的道指教我, 因我仇敌的缘故引导我走平坦的路。
Kyerɛ me wʼakwan, Awurade; fa me fa ɔkwan tee so, me nhyɛsofo nti.
12 求你不要把我交给敌人,遂其所愿; 因为妄作见证的和口吐凶言的,起来攻击我。
Nnyaa me mma sɛnea mʼatamfo pɛ, nnansekurumfo sɔre tia me na wopuw awurukasɛm.
13 我若不信在活人之地得见耶和华的恩惠, 就早已丧胆了。
Meda so wɔ saa anidaso yi sɛ: mehu Awurade ayamye wɔ ateasefo asase so.
14 要等候耶和华! 当壮胆,坚固你的心! 我再说,要等候耶和华!
Twɛn Awurade. Hyɛ wo ho den na ma wo bo nyɛ duru na twɛn Awurade.

< 诗篇 27 >