< 箴言 13 >

1 智慧子听父亲的教训; 亵慢人不听责备。
Ɔba nyansafoɔ tie nʼagya nkyerɛkyerɛ; na ɔfɛdifoɔ ntie animka.
2 人因口所结的果子,必享美福; 奸诈人必遭强暴。
Nneɛma pa a ɛfiri onipa anom no ma no anigyeɛ, na wɔn a wɔnni nokorɛ no kɔn dɔ basabasayɛ.
3 谨守口的,得保生命; 大张嘴的,必致败亡。
Deɛ ɔkora nʼano no kora ne nkwa so, nanso deɛ ɔkasa a ɔnsusu ho no bɛba ɔsɛeɛ mu.
4 懒惰人羡慕,却无所得; 殷勤人必得丰裕。
Onihafoɔ pere hwehwɛ nanso ɔnnya hwee, na deɛ ɔyɛ adwuma no nya deɛ ɔpɛ biara.
5 义人恨恶谎言; 恶人有臭名,且致惭愧。
Teneneefoɔ kyiri deɛ ɛnyɛ nokorɛ, nanso amumuyɛfoɔ de aniwuo ne ahohora ba.
6 行为正直的,有公义保守; 犯罪的,被邪恶倾覆。
Tenenee bɔ ɔnokwafoɔ ho ban, na amumuyɛsɛm tu ɔbɔnefoɔ gu.
7 假作富足的,却一无所有; 装作穷乏的,却广有财物。
Obi yɛ ne ho sɛ ɔdefoɔ, a nso ɔnni hwee, ɔfoforɔ yɛ ne ho sɛ ohiani, a nso ɔwɔ ahonya bebree.
8 人的资财是他生命的赎价; 穷乏人却听不见威吓的话。
Obi ahonya bɛtumi agye no nkwa, nanso ohiani nte ahunahuna biara.
9 义人的光明亮; 恶人的灯要熄灭。
Teneneefoɔ kanea hyerɛn pa ara, nanso wɔdum amumuyɛfoɔ kanea.
10 骄傲只启争竞; 听劝言的,却有智慧。
Ahantan de ntɔkwa nko ara na ɛba, na wɔhunu nyansa wɔ wɔn a wɔtie afutuo mu.
11 不劳而得之财必然消耗; 勤劳积蓄的,必见加增。
Ahonya a ɛnam kwammɔne soɔ no hwere ntɛm so, na deɛ ɔboa sika ano nkakrankakra no ma ɛdɔɔso.
12 所盼望的迟延未得,令人心忧; 所愿意的临到,却是生命树。
Anidasoɔ a wɔtu hyɛ da no bɔ akoma yadeɛ, nanso anigyinadeɛ a nsa aka no yɛ nkwa dua.
13 藐视训言的,自取灭亡; 敬畏诫命的,必得善报。
Deɛ ɔtwiri ahyɛdeɛ no bɛtua so ka, nanso deɛ ɔde obuo ma mmara no, wɔma no akatua.
14 智慧人的法则是生命的泉源, 可以使人离开死亡的网罗。
Onyansafoɔ nkyerɛkyerɛ te sɛ nkwa asutire, ɛyi onipa firi owuo afidie mu.
15 美好的聪明使人蒙恩; 奸诈人的道路崎岖难行。
Nhunumu pa de adom ba, nanso atorofoɔ ɛkwan so yɛ den.
16 凡通达人都凭知识行事; 愚昧人张扬自己的愚昧。
Ɔbadwemma biara yɛ nʼadeɛ wɔ nimdeɛ mu, nanso ɔkwasea da nʼagyimisɛm adi.
17 奸恶的使者必陷在祸患里; 忠信的使臣乃医人的良药。
Ɔsomafoɔ mumuyɛfoɔ tɔ amaneɛ mu, nanso ɔnanmusini nokwafoɔ de abodwoɔ ba.
18 弃绝管教的,必致贫受辱; 领受责备的,必得尊荣。
Deɛ ɔpo ntenesoɔ no kɔ ohia ne animguaseɛ mu, na deɛ ɔtie ntenesoɔ no, wɔhyɛ no animuonyam.
19 所欲的成就,心觉甘甜; 远离恶事,为愚昧人所憎恶。
Akɔnnɔdeɛ a nsa aka ma ɔkra ani gye, nanso nkwaseafoɔ kyiri sɛ wɔtwe wɔn ho firi bɔne ho.
20 与智慧人同行的,必得智慧; 和愚昧人作伴的,必受亏损。
Deɛ ɔne onyansafoɔ nante no hunu nyansa, na deɛ ɔne nkwaseafoɔ bɔ no hunu amane.
21 祸患追赶罪人; 义人必得善报。
Ɔhaw di ɔbɔnefoɔ akyi, na nkɔsoɔ yɛ teneneeni akatua.
22 善人给子孙遗留产业; 罪人为义人积存资财。
Onipa pa de agyapadeɛ gya ne nananom, na wɔkora ɔbɔnefoɔ ahonyadeɛ so ma ɔteneneeni.
23 穷人耕种多得粮食, 但因不义,有消灭的。
Ohiani afuom nnɔbaeɛ tumi ba pii, nanso ntɛnkyea pra kɔ.
24 不忍用杖打儿子的,是恨恶他; 疼爱儿子的,随时管教。
Deɛ ɔkyɛe nʼabaa so no tane ne ba, na deɛ ɔdɔ no no hwɛ sɛ ɔbɛtene no.
25 义人吃得饱足; 恶人肚腹缺粮。
Teneneefoɔ didi ma wɔn akoma mee nanso, ɛkɔm de amumuyɛfoɔ.

< 箴言 13 >