< 民数记 2 >

1 耶和华晓谕摩西、亚伦说:
Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron se:
2 “以色列人要各归自己的纛下,在本族的旗号那里,对着会幕的四围安营。
“Abusua biara benya nʼafa wɔ atenae hɔ, na kuw biara bɛtena nʼabusua frankaa ase. Na mmusua no atenae ahorow no mfimfini na wɔde Ahyiae Ntamadan no besi.”
3 在东边,向日出之地,照着军队安营的是犹大营的纛。有亚米拿达的儿子拿顺作犹大人的首领。
Apuei fam, baabi a owia pue fi hɔ no na ɛsɛ sɛ Yuda nnipa nkyekyɛmu ahorow no nyinaa bɔ wɔn atenae wɔ wɔn frankaa ase. Yudafo ntuanoni ne Aminadab ba Nahson.
4 他军队被数的,共有七万四千六百名。
Na ne dɔm no ano si mpem aduɔson anan ne ahansia.
5 挨着他安营的是以萨迦支派。有苏押的儿子拿坦业作以萨迦人的首领。
Isakar abusuakuw na wobedi so. Wɔn ntuanoni ne Suar babarima Netanel.
6 他军队被数的,共有五万四千四百名。
Na ne dɔm no ano si mpem aduonum anan ne ahannan.
7 又有西布伦支派。希伦的儿子以利押作西布伦人的首领。
Sebulon abusuakuw na wobedi so. Wɔn ntuanoni ne Helon babarima Eliab.
8 他军队被数的,共有五万七千四百名。
Na ne dɔm no ano si mpem aduonum ason ne ahannan.
9 凡属犹大营、按着军队被数的,共有十八万六千四百名,要作第一队往前行。
Enti na nnipa dodow a wɔwɔ Yuda atenae no nyinaa sɛnea wɔn nkyekyɛmu te no ano si mpem ɔha aduɔwɔtwe asia ne ahannan. Sɛ Israelfo no tu a, saa mmusuakuw abiɛsa yi na edi kan.
10 “在南边,按着军队是吕便营的纛。有示丢珥的儿子以利蓿作吕便人的首领。
Anafo fam na Ruben nnipa nkyekyɛmu ahorow no nyinaa bɛbɔ wɔn atenae de wɔn frankaa asi. Wɔn ntuanoni ne Sedeur babarima Elisur.
11 他军队被数的,共有四万六千五百名。
Ne dɔm ano si mpem aduanan asia ne ahannum.
12 挨着他安营的是西缅支派。苏利沙代的儿子示路蔑作西缅人的首领。
Simeon abusuakuw na wobedi so. Wɔn ntuanoni ne Surisadai babarima Selumiel.
13 他军队被数的,共有五万九千三百名。
Ne dɔm ano si mpem aduonum akron ne ahaasa.
14 又有迦得支派。丢珥的儿子以利雅萨作迦得人的首领。
Gad abusuakuw na wobedi so. Wɔn ntuanoni ne Reuel babarima Eliasaf.
15 他军队被数的,共有四万五千六百五十名,
Na ne dɔm ano si mpem aduanan anum ahansia ne aduonum.
16 凡属吕便营、按着军队被数的,共有十五万一千四百五十名,要作第二队往前行。
Na mmarima a wɔwɔ Ruben atenae ne sɛnea wɔn nkyekyɛmu te no ano si mpem ɔha aduonum baako ahannan ne aduonum. Na sɛ Israelfo tu a, wɔn na wɔto so abien.
17 “随后,会幕要往前行,有利未营在诸营中间。他们怎样安营就怎样往前行,各按本位,各归本纛。
Afei Lewifo no de Ahyiae Ntamadan befi wɔn atenae mfimfini hɔ akɔ. Mmusuakuw no nyinaa bɛkɔ no nnidiso sɛnea wɔn atenae nhyehyɛe te wɔ wɔn mmusuakuw mfrankaa akyi.
18 “在西边,按着军队是以法莲营的纛。亚米忽的儿子以利沙玛作以法莲人的首领。
Efraim abusuakuw bɛfa atenae hɔ atɔe fam adi wɔn abusua frankaa akyi. Wɔn ntuanoni ne Amihud babarima Elisama.
19 他军队被数的,共有四万零五百名。
Ne dɔm ano si mpem aduanan ne ahannum.
20 挨着他的是玛拿西支派。比大蓿的儿子迦玛列作玛拿西人的首领。
Manase abusuakuw na wobedi so. Wɔn ntuanoni ne Pedahsur babarima Gamaliel.
21 他军队被数的,共有三万二千二百名。
Ne dɔm ano si mpem aduasa abien ne ahannu.
22 又有便雅悯支派。基多尼的儿子亚比但作便雅悯人的首领。
Benyamin abusuakuw na wodi so. Wɔn ntuanoni ne Gideoni babarima Abidan.
23 他军队被数的,共有三万五千四百名。
Ne dɔm ano si mpem aduasa anum ne ahannan.
24 凡属以法莲营、按着军队被数的,共有十万零八千一百名,要作第三队往前行。
Na mmarima a wɔwɔ Efraim atenae ne sɛnea wɔn nkyekyɛmu te no ano si mpem ɔha ne awotwe ne ɔha baako. Na sɛ Israelfo tu a, wɔn na wɔto so abiɛsa.
25 “在北边,按着军队是但营的纛。亚米沙代的儿子亚希以谢作但人的首领。
Dan abusuakuw bɛfa atifi fam adi wɔn abusua frankaa akyi. Wɔn ntuanoni ne Amisadai babarima Ahieser.
26 他军队被数的,共有六万二千七百名。
Ne dɔm ano si mpem aduosia abien ne ahanson.
27 挨着他安营的是亚设支派。俄兰的儿子帕结作亚设人的首领。
Aser abusuakuw no bedi so. Wɔn ntuanoni ne Okran babarima Pagiel.
28 他军队被数的,共有四万一千五百名。
Ne dɔm ano si mpem aduanan baako ne ahannum.
29 又有拿弗他利支派。以南的儿子亚希拉作拿弗他利人的首领。
Naftali abusuakuw no bedi so. Wɔn ntuanoni ne Enan ba Ahira.
30 他军队被数的,共有五万三千四百名。
Ne dɔm ano si mpem aduonum abiɛsa ne ahannan.
31 凡但营被数的,共有十五万七千六百名,要归本纛作末队往前行。”
Mmarima a wɔwɔ Dan atenae no ano si mpem ɔha aduonum ason ne ahansia.
32 这些以色列人,照他们的宗族,按他们的军队,在诸营中被数的,共有六十万零三千五百五十名。
Sɛɛ na Israelfo a wɔkan wɔn mmusuakuw mmusuakuw no te. Wɔn a wɔwɔ atenae hɔ nyinaa, sɛnea wɔn nkyekyɛmu te no ano si mpem ahansia ne abiɛsa ahannum ne aduonum.
33 惟独利未人没有数在以色列人中,是照耶和华所吩咐摩西的。
Sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no, wɔankan Lewifo no anka Israelfo no ho.
34 以色列人就这样行,各人照他们的家室、宗族归于本纛,安营起行,都是照耶和华所吩咐摩西的。
Enti Israelfo yɛɛ biribiara sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no. Wɔbobɔɔ wɔn atenae, tenatenaa wɔn frankaa ahorow ase, na wɔnantew nnidiso nnidiso sɛnea wɔn mmusua ne wɔn afi te.

< 民数记 2 >