< 路加福音 13 >

1 正当那时,有人将彼拉多使加利利人的血搀杂在他们祭物中的事告诉耶稣。
Saa ɛberɛ no ara mu, nnipa bi bɛka kyerɛɛ Yesu sɛ, Pilato akum Galileafoɔ bi a wɔrebɔ afɔdeɛ ama Onyankopɔn, de wɔn mogya fraa afɔrebɔ no.
2 耶稣说:“你们以为这些加利利人比众加利利人更有罪,所以受这害吗?
Yesu buaa wɔn sɛ, “Mogye di sɛ saa Galileafoɔ no yɛ nnebɔneyɛfoɔ sene wɔn a aka no nyinaa enti na wɔkumm wɔn no?
3 我告诉你们,不是的!你们若不悔改,都要如此灭亡!
Dabi, sɛ mo nso moannu mo ho a, wɔbɛkunkum mo saa ara.
4 从前西罗亚楼倒塌了,压死十八个人;你们以为那些人比一切住在耶路撒冷的人更有罪吗?
Anaasɛ mosusu sɛ nnipa dunwɔtwe a Siloa abantenten no bu guu wɔn so, kumm wɔn no yɛ nnebɔneyɛfoɔ sene nnipa a na wɔte Yerusalem no?
5 我告诉你们,不是的!你们若不悔改,都要如此灭亡!”
Dabi, mo nso moannu mo ho a, mobɛwuwu saa ara.”
6 于是用比喻说:“一个人有一棵无花果树栽在葡萄园里。他来到树前找果子,却找不着。
Afei, Yesu buu wɔn bɛ yi sɛ, “Ɔbarima bi duaa borɔdɔma wɔ ne turo mu. Ɛda bi ɔkɔɔ turo no mu hɔ sɛ ɔrekɔte ɛso aba no bi nanso wannya bi.
7 就对管园的说:‘看哪,我这三年来到这无花果树前找果子,竟找不着。把它砍了吧,何必白占地土呢!’
Ɛno akyi, ɔfrɛɛ turo no sohwɛfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Mfeɛ mmiɛnsa ni, ɛberɛ biara a mɛba sɛ merebɛte borɔdɔma no bi no, mennya bi. Adɛn enti na ɛresɛe kwa yi? Twa twene.’
8 管园的说:‘主啊,今年且留着,等我周围掘开土,加上粪;
“Turo no sohwɛfoɔ no srɛɛ no sɛ, ‘Me wura, ma ɛnsi hɔ afeɛ yi nso na mengugu aseɛ sumina nhwɛ
9 以后若结果子便罢,不然再把它砍了。’”
sɛ ebia, ɛbɛso aba bi anaa, na sɛ antumi anso a, ɛnneɛ mɛtwa atwene.’”
10 安息日,耶稣在会堂里教训人。
Homeda bi a Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ hyiadan mu no,
11 有一个女人被鬼附着,病了十八年,腰弯得一点直不起来。
na ɔbaa bi wɔ hɔ a honhommɔne mu yadeɛ bi akyere no mfeɛ dunwɔtwe ama ne mu akoa a ɔntumi ntene ne mu koraa.
12 耶稣看见,便叫过她来,对她说:“女人,你脱离这病了!”
Yesu hunuu no no, ɔfrɛɛ no firii nnipa no mu ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔbaa, wo ho nyɛ wo den.”
13 于是用两只手按着她;她立刻直起腰来,就归荣耀与 神。
Ɔde ne nsa guu ne so, na amonom hɔ ara ɔtumi tenee ne mu. Na ɔbaa no yii Onyankopɔn ayɛ.
14 管会堂的因为耶稣在安息日治病,就气忿忿地对众人说:“有六日应当做工;那六日之内可以来求医,在安息日却不可。”
Hyiadan no so panin a ɔhunuu ɔbaa no ayaresa no de abufuo kaa sɛ, “Nnansia na ɛsɛ sɛ mode yɛ adwuma a saa nna no mu na ɛsɛ sɛ moba ma wɔsa mo yadeɛ, na ɛnyɛ homeda.”
15 主说:“假冒为善的人哪,难道你们各人在安息日不解开槽上的牛、驴,牵去饮吗?
Na Awurade buaa no sɛ, “Nyaatwomfoɔ! Mo mu hwan na ɔnsane ne nantwie anaa nʼafunumu na ɔnka no nkɔnom nsuo homeda?
16 况且这女人本是亚伯拉罕的后裔,被撒但捆绑了这十八年,不当在安息日解开她的绑吗?”
Adɛn enti na Abraham aseni yi a ɔbonsam afa no dommum mfeɛ dunwɔtwe ni no, ɛnsɛ sɛ mesa no yadeɛ homeda?”
17 耶稣说这话,他的敌人都惭愧了;众人因他所行一切荣耀的事,就都欢喜了。
Ɔkaa saa no, wɔn a na wɔne nʼadwene nhyia no nyinaa ani wuiɛ. Nnipa no nso a na wɔwɔ hyiadan no mu nyinaa ani gyee nʼanwanwadeɛ ahodoɔ a ɔyɛeɛ no nyinaa ho.
18 耶稣说:“神的国好像什么?我拿什么来比较呢?
Afei, Yesu hyɛɛ aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔn Onyankopɔn Ahennie no ho asɛm, na ɔbisaa wɔn sɛ, “Onyankopɔn Ahennie no te sɛn? Na ɛdeɛn na memfa nto ho nkyerɛkyerɛ aseɛ?
19 好像一粒芥菜种,有人拿去种在园子里,长大成树,天上的飞鸟宿在它的枝上。”
Onyankopɔn Ahennie no te sɛ onyina aba ketewa bi a obi dua wɔ nʼafuo mu na ɛnyini yɛɛ dutan kɛseɛ ma ewiem nnomaa kɔnwono wɔn mpirebuo wɔ so.”
20 又说:“我拿什么来比 神的国呢?
Ɔbisaa bio sɛ, “Ɛdeɛn bio na memfa ntoto ho nkyerɛ aseɛ?
21 好比面酵,有妇人拿来藏在三斗面里,直等全团都发起来。”
Ɛte sɛ mmɔreka bi a burodotofoɔ de fotɔ mmɔre ma ɛtu.”
22 耶稣往耶路撒冷去,在所经过的各城各乡教训人。
Ɛberɛ a Yesu rekɔ Yerusalem no, ɔkyerɛkyerɛɛ wɔ nkuro so ne nkuraa ase ansa na ɔreduru hɔ.
23 有一个人问他说:“主啊,得救的人少吗?”
Ne nkyerɛkyerɛ no mu no, obi bisaa no sɛ, “Awurade, nnipa kakra bi na wɔbɛgye wɔn nkwa anaa?” Ɔbuaa no sɛ,
24 耶稣对众人说:“你们要努力进窄门。我告诉你们,将来有许多人想要进去,却是不能。
“Mompere nhyɛne ɛpono teateaa no mu, ɛfiri sɛ, nnipa pii bɛpere sɛ wɔbɛwura mu, nanso wɔrentumi.
25 及至家主起来关了门,你们站在外面叩门,说:‘主啊,给我们开门!’他就回答说:‘我不认识你们,不晓得你们是哪里来的!’
Sɛ ɛba sɛ efiewura no ato ɛpono no mu a, mobɛba abɛgyina akyire abɔ mu, aka sɛ, ‘Owura, yɛsrɛ wo, bue yɛn.’ “Na ɔno nso abisa mo sɛ, ‘Mofiri he? Mennim mo?’
26 那时,你们要说:‘我们在你面前吃过喝过,你也在我们的街上教训过人。’
“Na mo nso moaka akyerɛ no sɛ, ‘Yɛne wo too nsa didii na wokyerɛkyerɛɛ wɔ yɛn mmorɔno so.’
27 他要说:‘我告诉你们,我不晓得你们是哪里来的。你们这一切作恶的人,离开我去吧!’
“Na efiewura no nso bɛbisa mo bio sɛ, ‘Mofiri he? Mennim mo. Momfiri mʼani so nkɔ, mo nnebɔneyɛfoɔ!’
28 你们要看见亚伯拉罕、以撒、雅各,和众先知都在 神的国里,你们却被赶到外面,在那里必要哀哭切齿了。
“Na sɛ mohunu Abraham, Isak, Yakob ne nkɔmhyɛfoɔ no nyinaa sɛ wɔwɔ Onyankopɔn Ahennie no mu na montumi nkɔ hɔ bi a, mode mo nsa bɛgu mo ti atwa agyaadwoɔ.
29 从东、从西、从南、从北将有人来,在 神的国里坐席。
Nnipa firi apueeɛ ne atɔeɛ bɛhyia wɔ Onyankopɔn Ahennie no mu ato nsa adidi.
30 只是有在后的,将要在前;有在前的,将要在后。”
Na monkae sɛ akyikafoɔ bi wɔ hɔ a, wɔbɛdi ɛkan, na adikanfoɔ bi nso wɔ hɔ a, wɔbɛka akyi.”
31 正当那时,有几个法利赛人来对耶稣说:“离开这里去吧,因为希律想要杀你。”
Saa ɛberɛ no ara mu Farisifoɔ bi baa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Firi ha kɔ, ɛfiri sɛ, Herode rehwehwɛ wo akum wo.”
32 耶稣说:“你们去告诉那个狐狸说:‘今天、明天我赶鬼治病,第三天我的事就成全了。’
Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔka nkyerɛ sakraman no sɛ, ‘metu ahonhommɔne, na masa nyarewa ɛnnɛ ne ɔkyena na ne nnansa so no, mɛduru Yerusalem.’
33 虽然这样,今天、明天、后天,我必须前行,因为先知在耶路撒冷之外丧命是不能的。
Nanso, ɛsɛ sɛ menante ɛnnɛ ne ɔkyena ne nʼadekyeeɛ, na ɛtwa ara na ɛtwa sɛ odiyifoɔ bɛwu wɔ Yerusalem!
34 耶路撒冷啊!耶路撒冷啊!你常杀害先知,又用石头打死那奉差遣到你这里来的人。我多次愿意聚集你的儿女,好像母鸡把小鸡聚集在翅膀底下;只是你们不愿意。
“Yerusalem, Yerusalem, wo a wokum adiyifoɔ na wosi wɔn a wɔsoma wɔn wo nkyɛn no aboɔ! Mpɛn ahe ni a mepɛɛ sɛ meboaboa wo mma ano sɛ akokɔbaatan boaboa ne mma ano ne ntaban ase, nanso moampene so.
35 看哪,你们的家成为荒场留给你们。我告诉你们,从今以后你们不得再见我,直等到你们说:‘奉主名来的是应当称颂的。’”
Na mo afie bɛdane afituo na morenhunu me kɔsi sɛ mobɛka sɛ, ‘Nhyira ne deɛ ɔnam Awurade din mu reba no!’”

< 路加福音 13 >