< 利未记 12 >

1 耶和华对摩西说:
Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ ɔnhyɛ Israelfoɔ mmara sɛ,
2 “你晓谕以色列人说:若有妇人怀孕生男孩,她就不洁净七天,像在月经污秽的日子不洁净一样。
“Sɛ ɔbaa bi wo ɔbabarima a, ne ho nnte nnanson, te sɛ deɛ ɔkɔ afikyire a ne ho nteɛ no ara.
3 第八天,要给婴孩行割礼。
Ne nnawɔtwe so no, ɛsɛ sɛ wɔtwa abarimaa no twetia.
4 妇人在产血不洁之中,要家居三十三天。她洁净的日子未满,不可摸圣物,也不可进入圣所。
Na nnafua aduasa mmiɛnsa a ɛda nʼanim a ɔde rete ne ho no, ɛnsɛ sɛ ɔsɔ biribiara a ɛyɛ kronkron mu na ɔnni ho kwan sɛ ɔkɔ hyiadan mu nso.
5 她若生女孩,就不洁净两个七天,像污秽的时候一样,要在产血不洁之中,家居六十六天。
Sɛ ɔbaa bi wo ɔbabaa a, ne ho nnte nnawɔtwe mmienu, te sɛ deɛ ɔkɔ afikyire a ne ho nteɛ no ara. Afei ɛsɛ sɛ ɔtwɛn nnafua aduosia nsia ma ne ho twa.
6 “满了洁净的日子,无论是为男孩是为女孩,她要把一岁的羊羔为燔祭,一只雏鸽或是一只斑鸠为赎罪祭,带到会幕门口交给祭司。
“Sɛ saa ahoteɛ nna yi twam a (mmara a ɛdi so yi ka ɔbaa a wawo abarimaa anaa abaayewa ho asɛm), ɛsɛ sɛ ɔde odwammaa a wadi afe bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ na ɔde aborɔnoma anaa aturukuku ba bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ. Ɛsɛ sɛ ɔde wɔn kɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ano kɔma ɔsɔfoɔ no,
7 祭司要献在耶和华面前,为她赎罪,她的血源就洁净了。这条例是为生育的妇人,无论是生男生女。
na ɔsɔfoɔ no de ama Awurade de ayɛ mpatadeɛ ama ɛna no; ɛba saa a, ne ho te bio wɔ nʼawoɔ mu mogyaguo ho. “Yei ne awoɔ akyi ahyɛdeɛ.
8 她的力量若不够献一只羊羔,她就要取两只斑鸠或是两只雏鸽,一只为燔祭,一只为赎罪祭。祭司要为她赎罪,她就洁净了。”
Na sɛ ɔyɛ ohiani a ɔrennya odwammaa no a, ɛnneɛ, ɛsɛ sɛ ɔde mmorɔnoma mmienu anaa nturukuku mma mmienu ba. Wɔde baako bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ na wɔde baako abɔ bɔne ho afɔdeɛ. Ɔsɔfoɔ no de yeinom bɛyɛ mpatadeɛ ama no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ne ho bɛte bio.”

< 利未记 12 >