< 耶利米哀歌 3 >

1 我是因耶和华忿怒的杖, 遭遇困苦的人。
Mene ɔbarima a mahu amane wɔ nʼabufuw abaa ano.
2 他引导我,使我行在黑暗中, 不行在光明里。
Wapam me afi ne ho ama manantew sum mu na ɛnyɛ hann mu;
3 他真是终日再三反手攻击我。
Ampa ara wama nsa so atia me mpɛn bebree, da mu nyinaa.
4 他使我的皮肉枯干; 他折断我的骨头。
Wama me were ne me nam anyin Na wabubu me nnompe.
5 他筑垒攻击我, 用苦楚和艰难围困我。
Waka me ahyɛ mu, na watua me ano ɔde nweenwen ne ahokyere atwa me ho ahyia.
6 他使我住在幽暗之处, 像死了许久的人一样。
Wama matena sum mu sɛ wɔn a wɔawuwu dedaw no.
7 他用篱笆围住我,使我不能出去; 他使我的铜链沉重。
Wato ɔfasu atwa me ho ahyia enti mintumi nguan; wagu me nkɔnsɔnkɔnsɔn ama matɔ beraw.
8 我哀号求救; 他使我的祷告不得上达。
Mpo sɛ mefrɛ anaasɛ mebɔ mpae srɛ mmoa a osiw me mpaebɔ ano.
9 他用凿过的石头挡住我的道; 他使我的路弯曲。
Ɔde abotan asiw me kwan; wama mʼakwan ayɛ kɔntɔnkye.
10 他向我如熊埋伏, 如狮子在隐密处。
Te sɛ sisi a ɔda hɔ retwɛn, te sɛ gyata a watɛw,
11 他使我转离正路, 将我撕碎,使我凄凉。
ɔtwee me fii ɔkwan no mu bebaree me na ogyaw me a minni mmoa biara.
12 他张弓将我当作箭靶子。
Okuntun ne ta mu na ɔde ne bɛmma kyerɛɛ me so.
13 他把箭袋中的箭射入我的肺腑。
Ɔde bɛmma a efi ne kotoku mu hwirew me koma mu.
14 我成了众民的笑话; 他们终日以我为歌曲。
Meyɛɛ akyiwade maa me nkurɔfo nyinaa; wɔto akutia nnwom de di me ho fɛw da mu nyinaa.
15 他用苦楚充满我,使我饱用茵 。
Ɔde nhaban nweenwen ahyɛ me ma. Wama me bɔnwoma anom.
16 他又用沙石碜断我的牙, 用灰尘将我蒙蔽。
Ɔde mmosea abubu me se; na watiatia me so wɔ mfutuma mu.
17 你使我远离平安, 我忘记好处。
Wɔama asomdwoe abɔ me; na me werɛ afi yiyedi.
18 我就说:我的力量衰败; 我在耶和华那里毫无指望!
Enti mise, “Mʼanuonyam asa, nea mede mʼani too so Awurade mu no nyinaa.”
19 耶和华啊,求你记念我 如茵 和苦胆的困苦窘迫。
Mekae mʼamanehunu wɔ mʼakyinkyinakyinkyin mu, nweenwen ne bɔnwoma mu.
20 我心想念这些, 就在里面忧闷。
Mekae yiye, na me kra abotow wɔ me mu.
21 我想起这事, 心里就有指望。
Nanso midwen eyi ho; saa nti mewɔ anidaso.
22 我们不致消灭, 是出于耶和华诸般的慈爱; 是因他的怜悯不致断绝。
Awurade dɔ kɛse nti yɛnsɛee ɛ. Nʼayamhyehye nni huammɔ.
23 每早晨,这都是新的; 你的诚实极其广大!
Ɛyɛ foforo anɔpa biara; wo nokwaredi yɛ kɛse.
24 我心里说:耶和华是我的分, 因此,我要仰望他。
Meka kyerɛ me ho se, “Awurade yɛ me kyɛfa, enti mɛtwɛn no.”
25 凡等候耶和华,心里寻求他的, 耶和华必施恩给他。
Awurade ye ma wɔn a wɔn anidaso wɔ ne mu, onipa a ɔhwehwɛ no no;
26 人仰望耶和华, 静默等候他的救恩, 这原是好的。
Eye sɛ wɔyɛ komm de twɛn Awurade nkwagye.
27 人在幼年负轭, 这原是好的。
Eye ma ɔbarima sɛ ɔsoa konnua no wɔ ne mmerantebere mu.
28 他当独坐无言, 因为这是耶和华加在他身上的。
Ma ɔntena ase komm, efisɛ Awurade de ato ne so.
29 他当口贴尘埃, 或者有指望。
Ma ɔmfa nʼanim nsie wɔ mfutuma mu, ebia anidaso wɔ hɔ.
30 他当由人打他的腮颊, 要满受凌辱。
Ma ɔmfa nʼafono mma nea ɔpɛɛ sɛ ɔbɔ no no na ɔnhyɛ no aniwu.
31 因为主必不永远丢弃人。
Na Awurade ntow onipa biara nkyene koraa.
32 主虽使人忧愁, 还要照他诸般的慈爱发怜悯。
Ɛwɔ mu, ɔde awerɛhow ba de, nanso obenya ayamhyehye. Ne dɔ kɛse no to rentwa da.
33 因他并不甘心使人受苦, 使人忧愁。
Ofi amemenemfe mu de amanehunu anaa awerɛhow brɛ nnipa mma.
34 人将世上被囚的踹在脚下,
Sɛ wɔde wɔn nan dwerɛw nneduafo a wɔwɔ asase no so a,
35 或在至高者面前屈枉人,
sɛ wotiatia obi ahofadi so wɔ Ɔsorosoroni no anim a,
36 或在人的讼事上颠倒是非, 这都是主看不上的。
anaa sɛ wobu obi ntɛnkyew a, Awurade renhu saa nneɛma yi ana?
37 除非主命定, 谁能说成就成呢?
Hena na obetumi aka na wama aba mu wɔ bere a ɛnyɛ Awurade na ɔhyɛe?
38 祸福不都出于至高者的口吗?
Ɛnyɛ Ɔsorosoroni no anom na mmusu ne nnepa fi ana?
39 活人因自己的罪受罚, 为何发怨言呢?
Adɛn nti na ɛsɛ sɛ ɔteasefo nwiinwii bere a wɔatwe nʼaso wɔ ne bɔne ho?
40 我们当深深考察自己的行为, 再归向耶和华。
Momma yɛnhwehwɛ yɛn akwan mu na yɛnsɔ nhwɛ, na yɛnsan nkɔ Awurade nkyɛn.
41 我们当诚心向天上的 神举手祷告。
Momma yɛmma yɛn koma ne yɛn nsa so, nkyerɛ Onyankopɔn wɔ ɔsoro, na yɛnka se:
42 我们犯罪背逆, 你并不赦免。
“Yɛayɛ bɔne, na yɛatew atua na wamfa ankyɛ.
43 你自被怒气遮蔽,追赶我们; 你施行杀戮,并不顾惜。
“Wode abufuw akata wo ho ataa yɛn; na woakunkum a woannya ahummɔbɔ.
44 你以黑云遮蔽自己, 以致祷告不得透入。
Wode wo ho asie omununkum mu nti mpaebɔ biara nnu wo nkyɛn.
45 你使我们在万民中成为污秽和渣滓。
Woayɛ yɛn atantanne ne nwura wɔ amanaman no mu.
46 我们的仇敌都向我们大大张口。
“Yɛn atamfo nyinaa abaa wɔn anom tɛtrɛɛ de tia yɛn.
47 恐惧和陷坑,残害和毁灭, 都临近我们。
Yɛabrɛ ne ahunahuna ne akukuruhwease, mmubui ne ɔsɛe.”
48 因我众民遭的毁灭, 我就眼泪下流如河。
Me nusu sen sɛ asuten efisɛ wɔasɛe me nkurɔfo.
49 我的眼多多流泪, 总不止息,
Me nusu bɛsen ara, na ɛrennyae,
50 直等耶和华垂顾, 从天观看。
kosi sɛ Awurade bɛhwɛ afi ɔsoro, na wahu.
51 因我本城的众民, 我的眼,使我的心伤痛。
Nea mihu no ma me kra werɛ how, me kuropɔn no mu mmea nyinaa nti.
52 无故与我为仇的追逼我, 像追雀鸟一样。
Mʼatamfo a menyɛɛ wɔn hwee pampam me sɛ anomaa.
53 他们使我的命在牢狱中断绝, 并将一块石头抛在我身上。
Wɔpɛɛ sɛ wotwa me nkwa so na wosiw me abo wɔ amoa mu;
54 众水流过我头, 我说:我命断绝了!
nsu bu faa me ti so, na ɛyɛɛ me sɛnea wɔrewie me.
55 耶和华啊, 我从深牢中求告你的名。
Mebɔɔ wo din, Awurade fii amoa no ase tɔnn.
56 你曾听见我的声音; 我求你解救, 你不要掩耳不听。
Wotee me sufrɛ: “Nsiw wʼaso wɔ me gye sufrɛ ho.”
57 我求告你的日子,你临近我, 说:不要惧怕!
Wutwiw bɛn me bere a mefrɛɛ wo no, na wokae se, “Nsuro.”
58 主啊,你伸明了我的冤; 你救赎了我的命。
Wo Awurade, wudii mʼasɛm maa me; na wugyee me nkwa.
59 耶和华啊,你见了我受的委屈; 求你为我伸冤。
Woahu bɔne a wɔayɛ me, Awurade. Di mʼasɛm ma me!
60 他们仇恨我,谋害我, 你都看见了。
Woahu wɔn aweretɔ no mu den, wɔn pɔw a wɔbɔ tia me no nyinaa.
61 耶和华啊,你听见他们辱骂我的话, 知道他们向我所设的计,
Awurade, woate wɔn ntwirii, wɔn pɔw a wɔbɔ tia me no nyinaa,
62 并那些起来攻击我的人口中所说的话, 以及终日向我所设的计谋。
nea mʼatamfo ka no asomsɛm na wɔka no brɛoo de tia me da mu nyinaa.
63 求你观看, 他们坐下,起来,都以我为歌曲。
Hwɛ wɔn! Sɛ wogyinagyina hɔ anaasɛ wɔtete hɔ, wɔto akutia nnwom de di me ho fɛw.
64 耶和华啊,你要按着他们手所做的 向他们施行报应。
Fa nea ɛfata tua wɔn so ka, Awurade, nea wɔn nsa ayɛ nti.
65 你要使他们心里刚硬, 使你的咒诅临到他们。
Pirim wɔn koma, na ma wo nnome mmra wɔn so.
66 你要发怒追赶他们, 从耶和华的天下除灭他们。
Fa abufuw taa wɔn, na sɛe wɔn fi Awurade ɔsorosoro ase.

< 耶利米哀歌 3 >