< 约翰福音 1 >

1 太初有道,道与 神同在,道就是 神。
Ansa na wɔrebɛbɔ ewiase no, na Asɛm no wɔ hɔ dada. Na Asɛm no ne Onyankopɔn na ɛwɔ hɔ. Na Asɛm no yɛ Onyankopɔn.
2 这道太初与 神同在。
Ahyɛaseɛ no, na Asɛm no ne Onyankopɔn na ɛwɔ hɔ.
3 万物是借着他造的;凡被造的,没有一样不是借着他造的。
Ɛnam ne so na wɔbɔɔ adeɛ nyinaa. Wɔankwati no anyɛ biribiara.
4 生命在他里头,这生命就是人的光。
Ne mu na nkwa wɔ; na saa nkwa no na ɛma nnipa hann.
5 光照在黑暗里,黑暗却不接受光。
Hann no hyerɛn wɔ esum mu a esum no ntumi nni hann no so.
6 有一个人,是从 神那里差来的,名叫约翰。
Onyankopɔn somaa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yohane.
7 这人来,为要作见证,就是为光作见证,叫众人因他可以信。
Ɔbɛdii hann no ho adanseɛ sɛdeɛ ɛbɛma nnipa afa ne so agye hann no adi.
8 他不是那光,乃是要为光作见证。
Ɛnyɛ ɔno ankasa ne hann no, na mmom, ɔbaa sɛ ɔrebɛdi hann no ho adanseɛ.
9 那光是真光,照亮一切生在世上的人。
Saa hann yi ne nokorɛ hann a ɛba ewiase ma ɛhyerɛn nnipa nyinaa so no.
10 他在世界,世界也是借着他造的,世界却不认识他。
Saa ɛberɛ no, na Asɛm no wɔ ewiase. Ɛwom sɛ Onyankopɔn nam ne so na ɔbɔɔ ewiase deɛ, nanso ɔbaa ewiase no, ewiase anhunu no.
11 他到自己的地方来,自己的人倒不接待他。
Ɔbaa nʼankasa ne ɔman mu, nanso ne manfoɔ annye no anto mu.
12 凡接待他的,就是信他名的人,他就赐他们权柄作 神的儿女。
Na wɔn a wɔgyee no, na wɔgyee ne din diiɛ no, ɔmaa wɔn tumi ma wɔbɛyɛɛ Onyankopɔn mma
13 这等人不是从血气生的,不是从情欲生的,也不是从人意生的,乃是从 神生的。
wɔ honhom fam, a ɛmfiri onipa anaa ɔhonam fam, na mmom ɛfiri Onyankopɔn ankasa.
14 道成了肉身,住在我们中间,充充满满地有恩典有真理。我们也见过他的荣光,正是父独生子的荣光。
Asɛm no bɛyɛɛ onipa ne yɛn bɛtenaeɛ ma yɛhunuu nʼanimuonyam sɛ ɔba korɔ a ɔfiri Agya no nkyɛn a adom ne nokorɛ ahyɛ no ma.
15 约翰为他作见证,喊着说:“这就是我曾说:‘那在我以后来的,反成了在我以前的,因他本来在我以前。’”
Yohane kaa ne ho asɛm sɛ, “Yei ne deɛ mekaa ne ho asɛm sɛ, ‘Deɛ ɔdi mʼakyi reba no yɛ kɛse sene me, ɛfiri sɛ, ɔwɔ hɔ ansa na wɔwoo me no.’”
16 从他丰满的恩典里,我们都领受了,而且恩上加恩。
Ɔfiri ne mmɔborɔhunu a ɛtoɔ ntwa da no mu hyira yɛn nyinaa daa daa.
17 律法本是借着摩西传的;恩典和真理都是由耶稣基督来的。
Onyankopɔn nam Mose so de mmara maa yɛn, nanso ɛnam Yesu so na yɛnyaa adom ne nokorɛ.
18 从来没有人看见 神,只有在父怀里的独生子将他表明出来。
Obiara nhunuu Onyankopɔn da, gye ne Ba korɔ no a ɔno nso yɛ Onyankopɔn no, deɛ ɔwɔ Agya no nkyɛn na wada no adi no.
19 约翰所作的见证记在下面:犹太人从耶路撒冷差祭司和利未人到约翰那里,问他说:“你是谁?”
Yudafoɔ mpanin a wɔwɔ Yerusalem somaa asɔfoɔ ne Lewifoɔ kɔɔ Yohane nkyɛn kɔbisaa no sɛ, “Wone Agyenkwa no anaa?”
20 他就明说,并不隐瞒,明说:“我不是基督。”
Yohane antwentwɛn asɛm no mmuaeɛ so. Ɔpaee mu ka kyerɛɛ wɔn prɛko pɛ sɛ, “Ɛnyɛ mene Agyenkwa no.”
21 他们又问他说:“这样,你是谁呢?是以利亚吗?”他说:“我不是。”“是那先知吗?”他回答说:“不是。”
Wɔbisaa no sɛ, “Ɛnneɛ, na wone hwan, Elia anaa?” Ɔbuaa wɔn sɛ, “Dabi.” Wɔbisaa no bio sɛ, “Wone Odiyifoɔ no?” Ɔsane buaa wɔn sɛ, “Dabi”.
22 于是他们说:“你到底是谁,叫我们好回复差我们来的人。你自己说,你是谁?”
Wɔsane bisaa no sɛ, “Ɛnneɛ, na wone hwan? Ka kyerɛ yɛn na yɛnkɔbɔ wɔn a wɔsomaa yɛn no amaneɛ. Asɛm bɛn na wowɔ ka fa wo ho?”
23 他说:“我就是那在旷野有人声喊着说:‘修直主的道路’,正如先知以赛亚所说的。”
Yohane buaa wɔn sɛ, “Mene nne a ɛfiri ɛserɛ so a ɛreteam, sɛdeɛ Odiyifoɔ Yesaia hyɛɛ nkɔm sɛ, ‘Monsiesie mo ho mma Awurade ba a ɔbɛba no no.’”
24 那些人是法利赛人差来的;
Afei, wɔn a Farisifoɔ no somaa wɔn no bisaa Yohane bio sɛ,
25 他们就问他说:“你既不是基督,不是以利亚,也不是那先知,为什么施洗呢?”
“Sɛ ɛnyɛ wone Agyenkwa no anaa Elia anaa Odiyifoɔ no a, adɛn enti na wobɔ asu?”
26 约翰回答说:“我是用水施洗,但有一位站在你们中间,是你们不认识的,
Yohane nso buaa sɛ, “Me deɛ, nsuo na mede bɔ asu, nanso obi wɔ mo mfimfini ha a monnim no,
27 就是那在我以后来的,我给他解鞋带也不配。”
a ne mpaboa mpo memfata sɛ meworɔ; ɔno na ɔbɛdi mʼakyi aba.”
28 这是在约旦河外伯大尼,约翰施洗的地方作的见证。
Saa asɛm yi sii Betania a ɛwɔ Asubɔnten Yordan agya, faako a na Yohane rebɔ asu no.
29 次日,约翰看见耶稣来到他那里,就说:“看哪, 神的羔羊,除去世人罪孽的!
Adeɛ kyeeɛ a Yohane hunuu Yesu sɛ ɔreba ne nkyɛn no, ɔteaam kaa sɛ, “hwɛ, Onyankopɔn Dwammaa a ɔyi ewiase bɔne korɔ no!
30 这就是我曾说:‘有一位在我以后来、反成了在我以前的,因他本来在我以前。’
Yei ne deɛ mekaa ne ho asɛm sɛ, ‘Deɛ ɔdi mʼakyi reba no yɛ kɛse sene me, ɛfiri sɛ, na ɔwɔ hɔ ansa na mereba.’
31 我先前不认识他,如今我来用水施洗,为要叫他显明给以色列人。”
Me deɛ, na mennim no, nanso mede nsuo bɛbɔɔ asu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na mɛda no adi akyerɛ Israel.”
32 约翰又作见证说:“我曾看见圣灵,仿佛鸽子从天降下,住在他的身上。
Na Yohane dii adanseɛ sɛ, “Mehunuu Honhom no sɛ asiane aba ne so sɛ aborɔnoma a ɔresiane firi soro.
33 我先前不认识他,只是那差我来用水施洗的、对我说:‘你看见圣灵降下来,住在谁的身上,谁就是用圣灵施洗的。’
Na anka mennim no, nanso ɛberɛ a Onyankopɔn somaa me sɛ memfa nsuo mmɔ asu no, ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Onipa a wobɛhunu sɛ Honhom no bɛsiane aba ne so no, ɔno ne deɛ worehwɛ nʼanim no. Ɔno na ɔde Honhom Kronkron bɛbɔ asu.’
34 我看见了,就证明这是 神的儿子。”
Mahunu yeinom nyinaa sɛ aba mu na medi ho adanseɛ sɛ yei ne Onyankopɔn Ba no.”
35 再次日,约翰同两个门徒站在那里。
Adeɛ kyeeɛ a Yohane ne nʼasuafoɔ no mu baanu gyina baabi no, wɔhunuu sɛ Yesu retwam.
36 他见耶稣行走,就说:“看哪,这是 神的羔羊!”
Yohane hwɛɛ no, kaa sɛ, “Yei ne Onyankopɔn Dwammaa no!”
37 两个门徒听见他的话,就跟从了耶稣。
Asuafoɔ baanu no tee deɛ ɔkaeɛ no, wɔkɔdii Yesu akyi.
38 耶稣转过身来,看见他们跟着,就问他们说:“你们要什么?”他们说:“拉比,在哪里住?”(拉比翻出来就是夫子。)
Yesu twaa nʼani hunu sɛ wɔdi nʼakyi no, ɔbisaa wɔn sɛ, “Ɛdeɛn na morehwehwɛ?” Wɔn nso bisaa no sɛ, “Rabi” (a ne nkyerɛaseɛ ne Ɔkyerɛkyerɛfoɔ), “ɛhe na wote?”
39 耶稣说:“你们来看。”他们就去看他在哪里住,这一天便与他同住;那时约有申正了。
Ɔbuaa wɔn sɛ, “Mommra mmɛhwɛ.” Enti, wɔne no kɔ kɔhwɛɛ faako a ɔte no ne no tenaa hɔ firi awia nnɔnnan kɔsii anwummerɛ.
40 听见约翰的话跟从耶稣的那两个人,一个是西门·彼得的兄弟安得烈。
Nnipa baanu a wɔtee Yohane asɛm no enti ɛmaa wɔkɔdii Yesu akyi no mu baako ne Simon Petro nua Andrea.
41 他先找着自己的哥哥西门,对他说:“我们遇见弥赛亚了。”(弥赛亚翻出来就是基督。)
Adeɛ a ɛdi ɛkan a Andrea yɛeɛ ne sɛ, ɔkɔhwehwɛɛ ne nua Petro ka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛahunu Mesia no.”
42 于是领他去见耶稣。耶稣看着他,说:“你是约翰的儿子西门,你要称为矶法。”(矶法翻出来就是彼得。)
Ɔde Petro kɔɔ Yesu nkyɛn. Yesu hwɛɛ Petro dinn ka kyerɛɛ no sɛ, “Wone Simon, Yohane ba no. Nanso, ɛfiri ɛnnɛ rekɔ wɔbɛfrɛ wo Kefa.” Ɛno ara ne Petro a nʼasekyerɛ ne Ɔbotan no.
43 又次日,耶稣想要往加利利去,遇见腓力,就对他说:“来跟从我吧。”
Adeɛ kyeeɛ no, Yesu yɛɛ nʼadwene sɛ ɔbɛkɔ Galilea. Ɔhunuu Filipo ka kyerɛɛ no sɛ, “Di mʼakyi.”
44 这腓力是伯赛大人,和安得烈、彼得同城。
Filipo nso na ɔfiri Betsaida a ɛhɔ na Petro ne Andrea nso firi.
45 腓力找着拿但业,对他说:“摩西在律法上所写的和众先知所记的那一位,我们遇见了,就是约瑟的儿子拿撒勒人耶稣。”
Filipo firi hɔ kɔɔ Natanael nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛahunu Agyenkwa no a Mose ne adiyifoɔ no hyɛɛ ne ho nkɔm no no. Wɔfrɛ no Yesu. Ɔyɛ Yosef a ɔfiri Nasaret no ba.”
46 拿但业对他说:“拿撒勒还能出什么好的吗?”腓力说:“你来看!”
Natanael bisaa Filipo sɛ, “Ade pa bi bɛtumi afiri Nasaret aba?” Filipo nso ka kyerɛɛ no sɛ, “Bra na bɛhwɛ.”
47 耶稣看见拿但业来,就指着他说:“看哪,这是个真以色列人,他心里是没有诡诈的。”
Ɛberɛ a Yesu hunuu Natanael sɛ ɔreba no, ɔkaa sɛ, “Israelni nokwafoɔ ni ampa.”
48 拿但业对耶稣说:“你从哪里知道我呢?”耶稣回答说:“腓力还没有招呼你,你在无花果树底下,我就看见你了。”
Natanael bisaa Yesu sɛ, “Woyɛɛ dɛn hunuu sɛdeɛ meteɛ?” Yesu nso buaa no sɛ, “Ɛberɛ a wowɔ borɔdɔma dua no ase hɔ no na mehunuu wo ansa na Filipo rebɛfrɛ wo.”
49 拿但业说:“拉比,你是 神的儿子,你是以色列的王!”
Natanael kaa sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, wone Onyankopɔn Ba, Israelhene no!”
50 耶稣对他说:“因为我说‘在无花果树底下看见你’,你就信吗?你将要看见比这更大的事”;
Yesu bisaa no sɛ, “Esiane sɛ meka kyerɛɛ wo sɛ mehunuu wo wɔ borɔdɔma dua no ase enti na wogye di anaa? Wobɛhunu nneɛma akɛseɛ a ɛsene yeinom.
51 又说:“我实实在在地告诉你们,你们将要看见天开了, 神的使者上去下来在人子身上。”
Mereka nokorɛ akyerɛ mo sɛ, mobɛhunu sɛ ɔsoro abue na Onyankopɔn abɔfoɔ redi aforosiane Onipa Ba no soɔ.”

< 约翰福音 1 >