< 约伯记 34 >

1 以利户又说:
Afei Elihu kae se,
2 你们智慧人要听我的话; 有知识的人要留心听我说。
“Mo anyansafo, muntie me nsɛm; mo nimdefo monyɛ aso mma me.
3 因为耳朵试验话语, 好像上膛尝食物。
Efisɛ aso sɔ nsɛm hwɛ sɛnea tɛkrɛma ka aduan hwɛ no.
4 我们当选择何为是, 彼此知道何为善。
Momma yɛnsese, nhu nea eye ma yɛn. Momma yɛn nyinaa mmɔ mu nsua nea eye.
5 约伯曾说:我是公义, 神夺去我的理;
“Hiob ka se, ‘Me ho nni asɛm, nanso Onyankopɔn abu me ntɛnkyew.
6 我虽有理,还算为说谎言的; 我虽无过,受的伤还不能医治。
Ɛwɔ mu sɛ mʼasɛm da kwan mu, nanso wobu me ɔtorofo; ɛwɔ mu sɛ menyɛɛ bɔne biara, nanso ne bɛmma no ama me apirakuru a enwu da.’
7 谁像约伯, 喝讥诮如同喝水呢?
Onipa bɛn na ɔte sɛ Hiob a ɔnom animtiaabu sɛ nsu?
8 他与作孽的结伴, 和恶人同行。
Ɔne amumɔyɛfo nantew; na ɔne atirimɔdenfo nso bɔ.
9 他说:人以 神为乐, 总是无益。
Efisɛ ɔka se, ‘Sɛ onipa bɔ mmɔden sɛ ɔbɛsɔ Onyankopɔn ani a onnya so mfaso biara.’
10 所以,你们明理的人要听我的话。 神断不致行恶; 全能者断不致作孽。
“Enti mo mmarima a mowɔ ntease muntie me. Ɛmpare Onyankopɔn sɛ ɔbɛyɛ bɔne, sɛ Otumfo no bɛyɛ mfomso.
11 他必按人所做的报应人, 使各人照所行的得报。
Nnipa nneyɛe so na ɔhwɛ tua wɔn ka; nea ɛfata ne nneyɛe na ɔma ɛba ne so.
12 神必不作恶; 全能者也不偏离公平。
Ɛmfata sɛ wɔde mfomso susuw Onyankopɔn, na ɛmfata sɛ wɔde ntɛnkyew susuw Otumfo.
13 谁派他治理地, 安定全世界呢?
Hena na ɔde no sii asase so? Hena na ɔde wiase nyinaa hyɛɛ ne nsa?
14 他若专心为己, 将灵和气收归自己,
Sɛ ɛyɛɛ ne pɛ na oyii ne Honhom ne nʼahome a,
15 凡有血气的就必一同死亡; 世人必仍归尘土。
anka adesamma nyinaa bɛbɔ mu ayera, na onipa bɛsan akɔ mfutuma mu.
16 你若明理,就当听我的话, 留心听我言语的声音。
“Sɛ mowɔ nhumu a, muntie eyi; muntie nea meka.
17 难道恨恶公平的可以掌权吗? 那有公义的、有大能的,岂可定他有罪吗?
So obi a okyi atɛntrenee betumi adi nnipa so? Mubetumi abu Ɔtreneeni kɛse no fɔ ana?
18 他对君王说:你是鄙陋的; 对贵臣说:你是邪恶的。
Ɛnyɛ Ɔno na ɔka kyerɛ ahemfo se, ‘Mo so nni mfaso,’ na ɔka kyerɛɛ atitiriw se, ‘Moyɛ atirimɔdenfo,’
19 他待王子不徇情面, 也不看重富足的过于贫穷的, 因为都是他手所造。
nea ɔnhwɛ mmapɔmma anim na onyiyi adefo ne ahiafo mu, efisɛ wɔn nyinaa yɛ ne nsa ano adwuma.
20 在转眼之间,半夜之中, 他们就死亡。 百姓被震动而去世; 有权力的被夺去非借人手。
Wowuwu mmere tiaa bi mu, wɔ anadwo dasu mu; nnipa no ho wosow na wɔsen kɔ; ahoɔdenfo totɔ a emfi nipa.
21 神注目观看人的道路, 看明人的脚步。
“Nʼani hwɛ nnipa akwan; na ohu wɔn anammɔntu biara.
22 没有黑暗、阴翳能给作孽的藏身。
Baabiara nni hɔ a aduru sum, sum kabii, a amumɔyɛfo betumi ahintaw.
23 神审判人,不必使人到他面前再三鉴察。
Ɛho nhia Onyankopɔn sɛ ɔbɛhwehwɛ nnipa mu bio, a enti ɛsɛ sɛ wɔba nʼanim begye atemmu.
24 他用难测之法打破有能力的人, 设立别人代替他们。
Ɔbobɔ abirɛmpɔn gu a ɔnyɛ nhwehwɛmu biara, na ɔde afoforo sisi wɔn anan mu.
25 他原知道他们的行为, 使他们在夜间倾倒灭亡。
Efisɛ ohu wɔn nneyɛe, otu wɔn gu anadwo na wɔdwerɛw wɔn.
26 他在众人眼前击打他们, 如同击打恶人一样。
Otua wɔn amumɔyɛsɛm so ka wɔ faako a obiara betumi ahu wɔn,
27 因为他们偏行不跟从他, 也不留心他的道,
efisɛ wɔman fii nʼakyi kɔe na wɔampɛ nʼakwan biara anhwɛ.
28 甚至使贫穷人的哀声达到他那里; 他也听了困苦人的哀声。
Wɔmaa ahiafo sufrɛ duu nʼanim na ɛma ɔtee mmɔborɔni su.
29 他使人安静,谁能扰乱呢? 他掩面,谁能见他呢? 无论待一国或一人都是如此—
Nanso sɛ ɔyɛ komm a, hena na obetumi abu no fɔ? Sɛ ɔde nʼanim hintaw nso a, hena na obehu no? Nanso odi onipa ne ɔman so pɛpɛɛpɛ,
30 使不虔敬的人不得作王, 免得有人牢笼百姓。
ɔmma onipa a onnim Nyame nni hene, sɛnea ɔrensum nnipa no mfiri.
31 有谁对 神说: 我受了责罚,不再犯罪;
“Sɛ ɛba sɛ onipa ka kyerɛ Onyankopɔn se, ‘Mayɛ bɔne na merenyɛ bɔne bio.
32 我所看不明的,求你指教我; 我若作了孽,必不再作?
Kyerɛ me na minhu; na sɛ mayɛ bɔne a, merenyɛ saa bio.’
33 他施行报应, 岂要随你的心愿、叫你推辞不受吗? 选定的是你,不是我。 你所知道的只管说吧!
So ɛsɛ sɛ Onyankopɔn gyina nea woka so tua wo ka, wɔ bere a woayɛ sɛ worennu wo ho ana? Ɛsɛ sɛ wusi gyinae, ɛnyɛ me; enti ka nea wunim kyerɛ me.
34 明理的人和听我话的智慧人必对我说:
“Nnipa a wɔwɔ ntease pae mu ka, nimdefo a wotie me ka kyerɛ me se,
35 约伯说话没有知识, 言语中毫无智慧。
‘Hiob nkasa nimdeɛ kwan so; aba biara nni ne kasa mu.’
36 愿约伯被试验到底, 因他回答像恶人一样。
Ao, sɛ wɔsɔɔ Hiob hwɛ kɔɔ akyiri a anka eye, efisɛ oyiyii nsɛm ano sɛ omumɔyɛfo!
37 他在罪上又加悖逆; 在我们中间拍手, 用许多言语轻慢 神。
Ɔde atuatew ka ne bɔne ho; ɔde ahantan bɔ ne nsam gu yɛn so na ɔma ne nsɛm a ɔka tia Onyankopɔn no dɔɔso.”

< 约伯记 34 >