< 约伯记 26 >
2 无能的人蒙你何等的帮助! 膀臂无力的人蒙你何等的拯救!
“Woaboa nea onni tumi! Woagye basa a enni ahoɔden!
3 无智慧的人蒙你何等的指教! 你向他多显大知识!
Woatu nea onnim nyansa fo! Na woada nhumu pa ara adi!
Hena na ɔboaa wo ma wokaa saa nsɛm yi? Hena honhom na ɛkasa faa wo mu?
“Awufo wɔ ahoyeraw kɛse mu, wɔn a wɔwɔ nsu ase ne nea ɛte mu nyinaa.
6 在 神面前,阴间显露; 灭亡也不得遮掩。 (Sheol )
Asaman da adagyaw Onyankopɔn anim; Ɔsɛe nso nni nkataso. (Sheol )
Ɔtrɛw wim atifi fam kata nea ɛda mpan so; na ɔde asase sensɛn ohunu so.
Ɔbɔ nsu boa hyɛ ne omununkum mu, nanso nsu no mu duru ntumi mpae no.
Ɔtrɛw ne omununkum mu de kata ɔsram ani.
10 在水面的周围划出界限, 直到光明黑暗的交界。
Ɔhyɛ agyirae wɔ nsu so de to ɔhye wɔ hann ne sum ntam.
Ɔsoro nnyinaso wosow, na nʼanimka ma wɔn ho dwiriw wɔn.
Ɔde ne tumi wosow po ne nyansa mu, otwitwaa Rahab mu asinasin.
Ɔde ne home maa wim tewee; na ne nsa wɔɔ ɔwɔ a ɔrewea.
14 看哪,这不过是 神工作的些微; 我们所听于他的是何等细微的声音! 他大能的雷声谁能明透呢?
Eyinom yɛ ne nnwuma kakraa bi; ne tumi kakraa bi kɛkɛ! Na hena na obetumi ate ne tumi mmubomu no ase?”