< 约伯记 21 >

1 约伯回答说:
Na Hiob buaa sɛ,
2 你们要细听我的言语, 就算是你们安慰我。
“Montie me nsɛm no yie. Momma yei nyɛ awerɛkyekyerɛ a mode ma me.
3 请宽容我,我又要说话; 说了以后,任凭你们嗤笑吧!
Monnya ntoboaseɛ mma me ɛberɛ a merekasa, na sɛ mekasa wie a, monkɔso nni fɛ.
4 我岂是向人诉冤? 为何不焦急呢?
“Me nwiinwii hyɛ onipa anaa? Adɛn enti na ɛsɛ sɛ menya ntoboaseɛ?
5 你们要看着我而惊奇, 用手捂口。
Monhwɛ me, na mo ho nnwiri mo; momfa mo nsa nkata mo ano.
6 我每逢思想,心就惊惶, 浑身战兢。
Sɛ medwene yei ho a, mebɔ hu; na me ho popo.
7 恶人为何存活, 享大寿数,势力强盛呢?
Adɛn enti na amumuyɛfoɔ tena nkwa mu? Wɔnyini kyɛ na wɔkɔ so di tumi.
8 他们眼见儿孙, 和他们一同坚立。
Wɔhunu wɔn mma a atwa wɔn ho ahyia no nkɔsoɔ, wɔhunu wɔn nananom.
9 他们的家宅平安无惧; 神的杖也不加在他们身上。
Ɔhaw nni wɔn afie na ehu nni hɔ; Onyankopɔn asotwe mma wɔn so.
10 他们的公牛孳生而不断绝; 母牛下犊而不掉胎。
Wɔn anantwinini nyɛ akrawa; na wɔn anantwibereɛ wo a, wɔmpɔn.
11 他们打发小孩子出去,多如羊群; 他们的儿女踊跃跳舞。
Wɔka wɔn mma bɔ mu te sɛ nnwankuo; na emu mmotafowa no hurihuri.
12 他们随着琴鼓歌唱, 又因箫声欢喜。
Wɔto nnwom wɔ akasaeɛ ne sankuo so; na wɔde atɛntɛbɛn nnyegyeeɛ gye wɔn ani.
13 他们度日诸事亨通, 转眼下入阴间。 (Sheol h7585)
Wɔdi yie wɔn nkwanna mu na wɔkɔ damena mu asomdwoeɛ mu. (Sheol h7585)
14 他们对 神说:离开我们吧! 我们不愿晓得你的道。
Nanso wɔka kyerɛ Onyankopɔn sɛ, ‘Firi yɛn so! Yɛmpɛ sɛ yɛhunu wʼakwan.
15 全能者是谁,我们何必事奉他呢? 求告他有什么益处呢?
Hwan ne otumfoɔ no a ɛsɛ sɛ yɛsom no? Sɛ yɛbɔ no mpaeɛ a mfasoɔ bɛn na yɛbɛnya?’
16 看哪,他们亨通不在乎自己; 恶人所谋定的离我好远。
Nanso, wɔn nkɔsoɔ no nni wɔn nsam, enti metwe me ho firi amumuyɛfoɔ afutuo ho.
17 恶人的灯何尝熄灭? 患难何尝临到他们呢? 神何尝发怒,向他们分散灾祸呢?
“Nanso mpɛn ahe na wɔdum amumuyɛfoɔ kanea? Mpɛn ahe na amanehunu ba wɔn so, deɛ Onyankopɔn firi nʼabufuo mu de ba no?
18 他们何尝像风前的碎秸, 如暴风刮去的糠秕呢?
Mpɛn ahe na wɔyɛ sɛ ɛserɛ wɔ mframa ano, te sɛ ntɛtɛ a mframa den bi apra wɔn?
19 你们说: 神为恶人的儿女积蓄罪孽; 我说:不如本人受报,好使他亲自知道。
Wɔka sɛ, ‘Onyankopɔn kora onipa asotwe so de twɛn ne mma.’ Ɛsɛ sɛ ɔtwe ɔnipa no ankasa aso ma ɔhunu.
20 愿他亲眼看见自己败亡, 亲自饮全能者的忿怒。
Ma wɔn ankasa ani nhunu wɔn sɛeɛ; ma Otumfoɔ abufuhyeɛ no nka wɔn ani.
21 他的岁月既尽, 他还顾他本家吗?
Wɔn abusuafoɔ a wɔagya wɔn akyire no renya hwee nʼagyapadeɛ nyinaa bɛsɛe.
22 神既审判那在高位的, 谁能将知识教训他呢?
“Obi bɛtumi akyerɛ Onyankopɔn nyansa, wɔ ɛberɛ a ɔbu atitire mpo atɛn?
23 有人至死身体强壮, 尽得平靖安逸;
Obi wu wɔ ɛberɛ a ɔwɔ ahoɔden; ne ho tɔ no na nʼaso mu adwo no,
24 他的奶桶充满, 他的骨髓滋润。
na ne onipadua yɛ frɔmm, na ɛhon ahyɛ ne nnompe ma.
25 有人至死心中痛苦, 终身未尝福乐的滋味;
Ɔfoforɔ nso de ɔkra mu yeadie wu, a wanka asetena pa anhwɛ da.
26 他们一样躺卧在尘土中, 都被虫子遮盖。
Wɔsie wɔn nyinaa wɔ mfuturo korɔ mu, ma asonson korɔ no ara nuka wɔn.
27 我知道你们的意思, 并诬害我的计谋。
“Mahunu mo adwene, ɛkwan a mopɛ sɛ mobu me fɔ.
28 你们说:霸者的房屋在哪里? 恶人住过的帐棚在哪里?
Mopɛ sɛ moka kyerɛ me sɛdeɛ asikafoɔ ne amumuyɛfoɔ, wɔn bɔne enti, wɔhwere wɔn agyapadeɛ nyinaa.
29 你们岂没有询问过路的人吗? 不知道他们所引的证据吗?
Nanso mommisa wɔn a wɔtu kwan; wɔbɛka akyerɛ mo sɛ
30 就是恶人在祸患的日子得存留, 在发怒的日子得逃脱。
onipa bɔne nya ne ti didi mu amanehunu da, na wɔgyaa no ma no dwane abufuhyeɛ da.
31 他所行的,有谁当面给他说明? 他所做的,有谁报应他呢?
Hwan na ɔtumi kasa nʼanim? Hwan na ɔtua no deɛ wayɛ so ka?
32 然而他要被抬到茔地; 并有人看守坟墓。
Wɔsoa no kɔ damena mu, na wɔwɛn nʼaboda.
33 他要以谷中的土块为甘甜; 在他以先去的无数, 在他以后去的更多。
Bɔnhwa mu dɔteɛ yɛ no dɛ; nnipa nyinaa di nʼakyi, na ɛdɔm a wɔntumi nkan wɔn di nʼanim.
34 你们对答的话中既都错谬, 怎么徒然安慰我呢?
“Enti ɛbɛyɛ dɛn na mode mo nsɛnhunu akyekyere me werɛ? Mo mmuaeɛ nyɛ hwee sɛ atorɔ!”

< 约伯记 21 >