< 约伯记 12 >

1 约伯回答说:
Na Hiob buae se,
2 你们真是子民哪, 你们死亡,智慧也就灭没了。
“Akyinnye nni ho, mo ne nnipa no na muwu a na nyansa asa!
3 但我也有聪明,与你们一样, 并非不及你们。 你们所说的,谁不知道呢?
Nanso mewɔ adwene sɛ mo ara monnsen me. Hena na onnim saa nneɛma yi nyinaa?
4 我这求告 神、蒙他应允的人 竟成了朋友所讥笑的; 公义完全人竟受了人的讥笑。
“Mayɛ aserewde ama me nnamfonom, mefrɛɛ Onyankopɔn na obuae, aserewde teta bi, nanso meteɛ na me ho nni asɛm.
5 安逸的人心里藐视灾祸; 这灾祸常常等待滑脚的人。
Nnipa a wɔn ho tɔ wɔn no bu amanehunu animtiaa sɛnea wobu wɔn a wɔn nan rewatiri no awiei animtiaa no.
6 强盗的帐棚兴旺, 惹 神的人稳固, 神多将财物送到他们手中。
Wɔmmfa wɔn nsa nka akorɔmfo ntamadan, na wɔn a woyi Onyankopɔn abufuw wɔ bammɔ na Onyankopɔn bɔ nea ɔde ma wɔn ho ban.
7 你且问走兽,走兽必指教你; 又问空中的飞鸟,飞鸟必告诉你;
“Bisa mmoa no, na wɔbɛkyerɛ wo anaasɛ wim nnomaa no, na wɔbɛka akyerɛ wo
8 或与地说话,地必指教你; 海中的鱼也必向你说明。
anaasɛ kasa kyerɛ asase, na ɛbɛkyerɛ wo, anaasɛ ma po mu mpataa nka nkyerɛ wo.
9 看这一切, 谁不知道是耶和华的手做成的呢?
Wɔn nyinaa mu hena na onnim sɛ Awurade nsa na ayɛ eyi.
10 凡活物的生命和人类的气息都在他手中。
Ne nsam na abɔde nyinaa home wɔ ne adesamma nyinaa home.
11 耳朵岂不试验言语, 正如上膛尝食物吗?
So aso nsɔ nsɛm nhwɛ sɛnea tɛkrɛma ka aduan hwɛ no ana?
12 年老的有智慧; 寿高的有知识。
Wonnya nyansa mfi mpanyin nkyɛn, na ɛnyɛ onyinkyɛ na ɛde ntease ba ana?
13 在 神有智慧和能力; 他有谋略和知识。
“Nyansa ne tumi yɛ Onyankopɔn de; afotu ne ntease yɛ ne dea.
14 他拆毁的,就不能再建造; 他捆住人,便不得开释。
Nea obubu gu no, obiara rentumi nsi; nea ɔde no to afiase no, obiara rentumi nyi no.
15 他把水留住,水便枯干; 他再发出水来,水就翻地。
Sɛ ɔma osu gyae tɔ a, asase no so yɛ wosee; sɛ ogyaa osutɔ mu a, ɛsɛe asase no.
16 在他有能力和智慧, 被诱惑的与诱惑人的都是属他。
Ahoɔden ne nkonimdi yɛ ne de osisifo ne nea wosisi no no nso yɛ ne de.
17 他把谋士剥衣掳去, 又使审判官变成愚人。
Ɔpa afotufo ho ntama ma wɔkɔ na ɔma atemmufo yɛ nkwasea.
18 他放松君王的绑, 又用带子捆他们的腰。
Ɔworɔw ahemfo nkyehama na ɔde abɔso bɔ wɔn asen.
19 他把祭司剥衣掳去, 又使有能的人倾败。
Ɔpa asɔfo ho ntama, na otu nnipa a wɔn ase atim akyɛ gu.
20 他废去忠信人的讲论, 又夺去老人的聪明。
Ɔka afotufo a wogye wɔn di no kasaboa hyɛ, na ogye mpanyimfo nhumu.
21 他使君王蒙羞被辱, 放松有力之人的腰带。
Ɔde animguase gu atitiriw so na otintim gye ahoɔdenfo nsam akode.
22 他将深奥的事从黑暗中彰显, 使死荫显为光明。
Ɔda sum mu nneɛma a ahintaw adi na ɔde sum kabii ba hann mu.
23 他使邦国兴旺而又毁灭; 他使邦国开广而又掳去。
Ɔyɛ aman akɛse, na ɔsɛe wɔn; ɔtrɛw aman mu, na ɔhwete wɔn mu.
24 他将地上民中首领的聪明夺去, 使他们在荒废无路之地漂流;
Ogye wiase akannifo adwene fi wɔn nsam; na ɔma wokyinkyin asase wosee a ɔkwan nna so so.
25 他们无光,在黑暗中摸索, 又使他们东倒西歪,像醉酒的人一样。
Wɔkeka wɔ sum mu a wonni kanea; na ɔma wɔtɔ ntintan sɛ asabowfo.”

< 约伯记 12 >