< 约伯记 11 >

1 拿玛人琐法回答说:
Na Naamani Sofar buae se,
2 这许多的言语岂不该回答吗? 多嘴多舌的人岂可称为义吗?
“Ɛnsɛ sɛ woyi saa nsɛm yi ano ana? Ɛsɛ sɛ wobu saa ɔkasafo yi bem ana?
3 你夸大的话岂能使人不作声吗? 你戏笑的时候岂没有人叫你害羞吗?
Wo nsɛm hunu no bɛma nnipa ayɛ komm ana? Sɛ wudi fɛw a obiara nka wʼanim ana?
4 你说:我的道理纯全; 我在你眼前洁净。
Woka kyerɛ Onyankopɔn se, ‘Me gyidi ho nni asɛm na meyɛ pɛ wɔ wʼani so.’
5 惟愿 神说话; 愿他开口攻击你,
Ao, anka mepɛ sɛ Onyankopɔn kasa, anka ɔnkasa ntia wo
6 并将智慧的奥秘指示你; 他有诸般的智识。 所以当知道 神追讨你 比你罪孽该得的还少。
na ommue nyansa mu ahintasɛm so nkyerɛ wo, efisɛ nyansa turodoo yɛ afanu. Hu sɛ Onyankopɔn werɛ afi wo bɔne no bi mpo.
7 你考察就能测透 神吗? 你岂能尽情测透全能者吗?
“Wubetumi ate Onyankopɔn anwonwade ase ana? Wubetumi abɔre ahu nea Otumfo no tumi kɔpem ana?
8 他的智慧高于天,你还能做什么? 深于阴间,你还能知道什么? (Sheol h7585)
Ɛkorɔn sen ɔsoro, dɛn na wubetumi ayɛ? Emu dɔ sen ɔda ase tɔnn, dɛn na wubetumi ahu? (Sheol h7585)
9 其量比地长, 比海宽。
Ne nsusuwii mu ware sen asase na ɛtrɛw sen po.
10 他若经过,将人拘禁, 招人受审,谁能阻挡他呢?
“Sɛ ɔba de wo bɛto afiase ansa na osi nkongua a, hena na obetumi asiw no kwan?
11 他本知道虚妄的人; 人的罪孽,他虽不留意,还是无所不见。
Ampa ara ohu nnipa nnaadaafo; na sɛ ohu bɔne a, ɔnhyɛ ne nsow ana?
12 空虚的人却毫无知识; 人生在世好像野驴的驹子。
Nanso ogyimifo rentumi nyɛ onyansafo da na wɔawo afurum ba sɛ onipa.
13 你若将心安正, 又向主举手;
“Na sɛ wode wo koma ma no na wopagyaw wo nsa kyerɛ no,
14 你手里若有罪孽, 就当远远地除掉, 也不容非义住在你帐棚之中。
sɛ wugyaa bɔne a wukura no mu na woamma amumɔyɛ antena wo ntamadan mu a
15 那时,你必仰起脸来毫无斑点; 你也必坚固,无所惧怕。
ɛno de, bɔne nni wo ho, wobɛma wo ti so; wubegyina pintinn a worensuro.
16 你必忘记你的苦楚, 就是想起也如流过去的水一样。
Wo werɛ befi wʼahokyere, na wɔbɛkae no sɛ nsu a asen kɔ.
17 你在世的日子要比正午更明, 虽有黑暗仍像早晨。
Abrabɔ bɛhyerɛn asen owigyinae, na sum bɛyɛ sɛ adekyee hann.
18 你因有指望就必稳固, 也必四围巡查,坦然安息。
Wubenya bammɔ, efisɛ anidaso wɔ hɔ; wobɛhwɛ wo ho ahyia, na wahome asomdwoe mu.
19 你躺卧,无人惊吓, 且有许多人向你求恩。
Wobɛda ahome, na obi renhunahuna wo, na bebree bɛhwehwɛ mmoa afi wo nkyɛn.
20 但恶人的眼目必要失明。 他们无路可逃; 他们的指望就是气绝。
Amumɔyɛfo ani befura, wɔrentumi nguan; na wɔn anidaso bɛdan owu ahomegu.”

< 约伯记 11 >