< 耶利米书 51 >

1 耶和华如此说: 我必使毁灭的风刮起, 攻击巴比伦和住在立加米的人。
Sɛɛ na Awurade se: “Monhwɛ, mɛkanyan ɔsɛefo bi honhom atia Babilonia ne nnipa a wɔwɔ Leb Kamai.
2 我要打发外邦人来到巴比伦, 簸扬她,使她的地空虚。 在她遭祸的日子, 他们要周围攻击她。
Mɛsoma ananafo akɔ Babilonia sɛ wonkohuhuw ne so na wɔnsɛe nʼasase; wobetia no wɔ afanan nyinaa wɔ nʼamanehunu da no.
3 拉弓的,要向拉弓的和贯甲挺身的射箭。 不要怜惜她的少年人; 要灭尽她的全军。
Mma agyantowni pema nʼagyan, mma ɔnhyɛ ne nkatabo. Mma ne mmerante mfa wɔn ho nni; sɛe nʼasraafo no pasaa.
4 他们必在迦勒底人之地被杀仆倒, 在巴比伦的街上被刺透。
Wɔbɛhwehwe ase a wɔatotɔ wɔ Babilonia, a wɔapirapira yiye wɔ ne mmɔnten so.
5 以色列和犹大虽然境内充满违背以色列圣者的罪, 却没有被他的 神—万军之耶和华丢弃。
Na Israel Nyankopɔn, Asafo Awurade no, nnyaw Israel ne Yuda hɔ ɛ, ɛwɔ mu, afɔdi ahyɛ wɔn asase no so ma wɔ Israel Ɔkronkronni no anim.
6 你们要从巴比伦中逃奔, 各救自己的性命! 不要陷在她的罪孽中一同灭亡; 因为这是耶和华报仇的时候, 他必向巴比伦施行报应。
“Munguan mfi Babilonia! Muntu mmirika mpere mo nkwa! Mommma wɔnnsɛe mo esiane ne bɔne nti. Awurade aweretɔbere aso; ɔde nea ɛfata no betua no ka.
7 巴比伦素来是耶和华手中的金杯, 使天下沉醉; 万国喝了她的酒就颠狂了。
Na Babilonia yɛ sikakɔkɔɔ kuruwa wɔ Awurade nsam; ɔmaa asase nyinaa bow nsa. Aman no nom ne nsa; ɛno nti, afei wɔabobɔ adam.
8 巴比伦忽然倾覆毁坏; 要为她哀号; 为止她的疼痛, 拿乳香或者可以治好。
Babilonia bɛhwe ase abubu mpofirim. Muntwa ne ho agyaadwo! Mompɛ ne yaw no ano aduru; ebia ne ho bɛtɔ no.
9 我们想医治巴比伦, 她却没有治好。 离开她吧!我们各人归回本国; 因为她受的审判通于上天,达到穹苍。
“‘Anka yɛbɛsa Babilonia yare, nanso wontumi nsa no yare; momma yennyaw no hɔ na obiara nkɔ nʼankasa asase so, efisɛ nʼatemmu du sorosoro; ɛforo soro te sɛ omununkum.’
10 耶和华已经彰显我们的公义。 来吧!我们可以在锡安 报告耶和华—我们 神的作为。
“‘Awurade abu yɛn bem. Mommra, momma yɛnka wɔ Sion, nea Awurade, yɛn Nyankopɔn ayɛ.’
11 你们要磨尖了箭头, 抓住盾牌。 耶和华定意攻击巴比伦,将她毁灭,所以激动了米底亚君王的心;因这是耶和华报仇,就是为自己的殿报仇。
“Monsew agyan no ano! Momfa nkatabo no! Awurade ahwanyan Mede ahemfo no, efisɛ ne botae ne sɛ ɔbɛsɛe Babilonia. Awurade bɛtɔ were, ɔbɛtɔ were ama nʼasɔrefi no.
12 你们要竖立大旗, 攻击巴比伦的城墙; 要坚固了望台, 派定守望的设下埋伏; 因为耶和华指着巴比伦居民所说的话、 所定的意,他已经作成。
Mompagyaw frankaa bi ntia Babilonia afasu! Mummia bammɔ mu, momma awɛmfo no nnyinagyina. Munsiesie ahintawee! Awurade bɛma nʼatirimpɔw aba mu, nea wahyɛ atia Babilonia no.
13 住在众水之上多有财宝的啊, 你的结局到了! 你贪婪之量满了!
Mo a motete nsuwansuwa bebree ho na nnwetɛbona abu mo so, mo awiei aba, bere a ɛsɛ sɛ wotwa mo kyene no.
14 万军之耶和华指着自己起誓说: 我必使敌人充满你,像蚂蚱一样; 他们必呐喊攻击你。
Asafo Awurade, aka ne ho ntam sɛ: mede nnipa bɛhyɛ wo ma sɛ tɛwtɛw, na wɔabɔ ose wɔ wo so.
15 耶和华用能力创造大地, 用智慧建立世界, 用聪明铺张穹苍。
“Ɔde ne tumi bɔɔ asase; ɔtoo wiase fapem wɔ ne nyansa mu na ɔde ne nhumu trɛw ɔsorosoro mu.
16 他一发声,空中便有多水激动; 他使云雾从地极上腾。 他造电随雨而闪, 从他府库中带出风来。
Sɛ ɔbobɔ mu a, ɔsoro nsu woro so; ɔma omununkum ma ne ho so fi nsase ano. Ɔsoma anyinam ka osu ho na ɔma mframa bɔ fi ne koradan mu.
17 各人都成了畜类,毫无知识。 各银匠都因他的偶像羞愧; 他所铸的偶像本是虚假的, 其中并无气息,
“Onipa biara nnim nyansa, na onni nimdeɛ; sikadwumfo biara anim gu ase, esiane nʼahoni nti. Ne nsɛsode yɛ atoro; wonni ɔhome biara wɔ wɔn mu.
18 都是虚无的,是迷惑人的工作, 到追讨的时候,必被除灭。
Wɔn so nni mfaso, wɔn ho yɛ serew; sɛ wɔn atemmu du so a, wɔbɛyera.
19 雅各的分不像这些, 因他是造作万有的主; 以色列也是他产业的支派。 万军之耶和华是他的名。
Nea ɔyɛ Yakob Kyɛfa no nte sɛ eyinom, efisɛ ɔno ne ade nyinaa Yɛfo a Israel, abusua a ɛyɛ nʼagyapade nso ka ho. Asafo Awurade ne ne din.
20 你是我争战的斧子和打仗的兵器; 我要用你打碎列国, 用你毁灭列邦;
“Woyɛ me ko abaa, mʼakode a mede kɔ sa mede wo dwerɛw amanaman, mede wo sɛe ahenni bebree,
21 用你打碎马和骑马的; 用你打碎战车和坐在其上的;
mede wo bobɔ ɔpɔnkɔ ne ne sotefo, teaseɛnam ne ne kafo,
22 用你打碎男人和女人; 用你打碎老年人和少年人; 用你打碎壮丁和处女;
mede wo dwerɛw ɔbarima ne ɔbea, mede wo dwerɛw akwakoraa ne ɔbabun, mede wo dwerɛw aberante ne ababaa,
23 用你打碎牧人和他的群畜; 用你打碎农夫和他一对牛; 用你打碎省长和副省长。
mede wo dwerɛw oguanhwɛfo ne nguankuw, mede wo dwerɛw okuafo ne anantwi, mede wo dwerɛw amradofo ne adwumayɛfo.
24 耶和华说:“我必在你们眼前报复巴比伦人和迦勒底居民在锡安所行的诸恶。”
“Metua Babilonia ne wɔn a wɔtete Babilonia ka wɔ mfomso a, wɔayɛ wɔ Sion nyinaa, wɔ wʼanim,” Awurade na ose.
25 耶和华说: 你这行毁灭的山哪, 就是毁灭天下的山, 我与你反对。 我必向你伸手, 将你从山岩滚下去, 使你成为烧毁的山。
“Bepɔw sɛefo, me ne wo anya, wo a wosɛe asase nyinaa no,” Awurade na ose. “Mɛteɛ me nsa wɔ wo so mepia wo afi abotan no so, na mayɛ wo sɛ bepɔw a ɛnka hwee.
26 人必不从你那里取石头为房角石, 也不取石头为根基石; 你必永远荒凉。 这是耶和华说的。
Wɔremfa ɔbo biara mfi wo so nyɛ tweatibo anaasɛ fapem mpo, efisɛ wobɛda mpan afebɔɔ,” Awurade na ose.
27 要在境内竖立大旗, 在各国中吹角, 使列国预备攻击巴比伦, 将亚拉腊、米尼、亚实基拿各国招来攻击她; 又派军长来攻击她, 使马匹上来如蚂蚱,
“Momma frankaa so wɔ asase no so! Monhyɛn torobɛnto no wɔ amanaman no mu! Munsiesie amanaman no mma wontu no so sa; Momfrɛfrɛ saa ahenni ahorow yi mma wɔnko ntia no: Ararat, Mini ne Askenas. Munnyi ɔsahene ntia no; momfa apɔnkɔ manyamanya te sɛ tɛwtɛw mmra.
28 使列国和米底亚君王,与省长和副省长, 并他们所管全地之人,都预备攻击她。
Munsiesie amanaman no mma wontu no so sa, mo Mede ahemfo, wɔn amradofo ne wɔn adwumayɛfo nyinaa, ne aman a wodi so nyinaa.
29 地必震动而瘠苦; 因耶和华向巴比伦所定的旨意成立了, 使巴比伦之地荒凉,无人居住。
Asase no wosow, na onukunuku ne mu, efisɛ Awurade atirimpɔw a etia Babilonia sɛ ɔbɛsɛe Babilonia asase a obiara rentumi ntena so no nsakraa ɛ.
30 巴比伦的勇士止息争战, 藏在坚垒之中。 他们的勇力衰尽,好像妇女一样。 巴比伦的住处有火着起, 门闩都折断了。
Babilonia dɔmmarima agyae ko wɔhyehyɛ wɔn aban mu. Wɔn ahoɔden asa; wɔayɛ sɛ mmea. Wɔatoto nʼatenae ahorow no mu gya, na wɔabubu nʼapon akyi adaban.
31 跑报的要彼此相遇, 送信的要互相迎接, 报告巴比伦王说: 城的四方被攻取了,
Abɔfo didi so na asomafo didi so a wɔrekɔbɔ Babiloniahene amanneɛ se, wɔafa ne kuropɔn no,
32 渡口被占据了, 苇塘被火烧了, 兵丁也惊慌了。
wɔagye asutwabea ahorow a ɛdeda asubɔnten no ano no afa, na wɔde ogya ato ɔwora no mu, na asraafo no abɔ huboa.”
33 万军之耶和华—以色列的 神如此说: 巴比伦城好像踹谷的禾场; 再过片时,收割她的时候就到了。
Sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn, se: “Babilonia Babea ayɛ sɛ, awiporowbea wɔ bere a wɔretiatia hɔ. Aka kakraa bi, na bere a ɛsɛ sɛ wotwa no sɛ nnɔbae no adu.”
34 以色列人说: 巴比伦王尼布甲尼撒吞灭我,压碎我, 使我成为空虚的器皿。 他像大鱼将我吞下, 用我的美物充满他的肚腹, 又将我赶出去。
“Babiloniahene Nebukadnessar adwerɛw yɛn, ɔde yɛn ato ɔhaw mu, wayɛ yɛn sɛ ahina a hwee nni mu. Wamene yɛn sɛ ɔwɔ no na ɔde yɛn nneɛma a ɛyɛ dɛ ahyɛ ne yafunu ma, na wapuw yɛn afi nʼanom agu.
35 锡安的居民要说: 巴比伦以强暴待我, 损害我的身体, 愿这罪归给她。 耶路撒冷人要说: 愿流我们血的罪归到迦勒底的居民。
Ma ayakayakade a wɔde dii yɛn honam no mmra Babilonia so,” nnipa a wɔtete Sion na wɔka. “Ma yɛn mogya ngu wɔn a wɔtete Babilonia so,” Yerusalem na ɔka.
36 所以,耶和华如此说: 我必为你伸冤,为你报仇; 我必使巴比伦的海枯竭,使她的泉源干涸。
Enti sɛɛ na Awurade se: “Hwɛ, medi mo asɛm ama mo na matɔ were ama mo; Mɛma po a ɛyɛ ne de no ayow na mama ne nsubɔnten ayoyow.
37 巴比伦必成为乱堆,为野狗的住处, 令人惊骇、嗤笑, 并且无人居住。
Babilonia bɛyɛ mmubui siw, sakraman atu ahodwiriwde ne fɛwdi, baabi a obiara nte.
38 他们要像少壮狮子咆哮, 像小狮子吼叫。
Ne nkurɔfo nyinaa bobɔ mu sɛ gyata, wɔbobɔ mu te sɛ gyatamma.
39 他们火热的时候, 我必为他们设摆酒席, 使他们沉醉,好叫他们快乐, 睡了长觉,永不醒起。 这是耶和华说的。
Nanso bere a wɔahwanyan wɔn ho no, mɛto pon ama wɔn na mama wɔabobow nsa, sɛnea wɔde nteɛteɛmu bedi ahurusi, na wɔadeda a wɔrennyan bio,” Awurade na ose.
40 我必使他们像羊羔、 像公绵羊和公山羊下到宰杀之地。
“Mede wɔn bɛba te sɛ nguantenmma a wɔrekokum wɔn, te sɛ adwennini ne mpapo.
41 示沙克何竟被攻取? 天下所称赞的何竟被占据? 巴比伦在列国中何竟变为荒场?
“Sɛnea wɔbɛfa Sesak, wɔbɛfa asase nyinaa so ahohoahoa! Babilonia bɛyɛ ahodwiriwde wɔ amanaman no mu!
42 海水涨起,漫过巴比伦; 她被许多海浪遮盖。
Po bebunkam afa Babilonia so; na nʼasorɔkye bɛkata ne so.
43 她的城邑变为荒场、旱地、沙漠, 无人居住,无人经过之地。
Ne nkurow bɛda mpan, nweatam a so awo, asase a obiara nte so, na obiara ntu kwan mfa so.
44 我必刑罚巴比伦的彼勒, 使他吐出所吞的。 万民必不再流归他那里; 巴比伦的城墙也必坍塌了。
Mɛtwe Bel aso wɔ Babilonia na mama wapuw nea wamene agu. Amanaman no rento santen nkɔ ne nkyɛn bio. Na Babilonia fasu bebubu.
45 我的民哪,你们要从其中出去! 各人拯救自己,躲避耶和华的烈怒。
“Me nkurɔfo, mumfi ne mu! Muntu mmirika mpere mo nkwa! Munguan mfi Awurade abufuwhyew ano.
46 你们不要心惊胆怯, 也不要因境内所听见的风声惧怕; 因为这年有风声传来; 那年也有风声传来, 境内有强暴的事, 官长攻击官长。
Mommma mo koma ntu na munnsuro sɛ mote huhuhuhu wɔ asase no so a; huhuhuhu ba afe yi na foforo ba afe a ɛbɛba, basabasayɛ ho huhuhuhu wɔ asase no so ɛfa ɔhene a ɔsɔre tia ɔfoforo ho.
47 日子将到,我必刑罚巴比伦雕刻的偶像。 她全地必然抱愧; 她被杀的人必在其中仆倒。
Na ampa ara bere no bɛba a mɛtwe Babilonia ahoni aso; nʼasase no nyinaa anim begu ase na nʼatɔfo nyinaa bɛtotɔ ase wɔ ne so.
48 那时,天地和其中所有的, 必因巴比伦欢呼, 因为行毁灭的要从北方来到她那里。 这是耶和华说的。
Ɔsoro ne asase ne nea ɛwɔ mu nyinaa de ahosɛpɛw bɛteɛ mu agu Babilonia so, efisɛ ɔsɛefo befi atifi fam abɛtow ahyɛ ne so,” Awurade na ose.
49 巴比伦怎样使以色列被杀的人仆倒, 照样她全地被杀的人也必在巴比伦仆倒。
“Ɛsɛ sɛ Babilonia hwe ase, esiane Israel atɔfo nti sɛnea atɔfo a wɔwɔ wiase nyinaa ahwehwe ase esiane Babilonia nti no.
50 你们躲避刀剑的要快走, 不要站住! 要在远方记念耶和华, 心中追想耶路撒冷。
Mo a mo aguan afi afoa ano, monkɔ, na monntwentwɛn mo nan ase! Monkae Awurade wɔ akyirikyiri asase so, na munnwen Yerusalem ho.”
51 我们听见辱骂就蒙羞,满面惭愧, 因为外邦人进入耶和华殿的圣所。
“Wɔagu yɛn anim ase, efisɛ wayeyaw yɛn na fɛre akata yɛn anim, efisɛ ananafo ahyɛn Awurade fi kronkronbea ahorow hɔ.”
52 耶和华说: 日子将到,我必刑罚巴比伦雕刻的偶像, 通国受伤的人必唉哼。
“Nanso nna bi reba,” Awurade na ose, “a mɛtwe nʼahoni aso, na nʼasase so nyinaa apirafo besi apini.
53 巴比伦虽升到天上, 虽使她坚固的高处更坚固, 还有行毁灭的从我这里到她那里。 这是耶和华说的。
Sɛ Babilonia kɔka soro mpo, na omiamia nʼaban tenten bammɔ mu a, mɛsoma ɔsɛefo ne no abedi asi,” Awurade na ose.
54 有哀号的声音从巴比伦出来; 有大毁灭的响声从迦勒底人之地发出。
“Osu nnyigyei bi fi Babilonia, ɔsɛe kɛse bi nnyigyei fi Babiloniafo asase so.
55 因耶和华使巴比伦变为荒场, 使其中的大声灭绝。 仇敌仿佛众水, 波浪匉訇,响声已经发出。
Awurade bɛsɛe Babilonia; ɔbɛma nʼasotuatua nnyigyei no agyae. Atamfo a wɔte sɛ ahum betu sɛ nsu akɛse; wɔn mmubomu bɛyɛ gyegyeegye.
56 这是行毁灭的临到巴比伦。 巴比伦的勇士被捉住, 他们的弓折断了; 因为耶和华是施行报应的 神, 必定施行报应。
Ɔsɛefo bi bɛsɔre atia Babilonia; wɔbɛfa ne dɔmmarima nnommum na wobebubu wɔn tadua mu. Efisɛ Awurade yɛ Onyankopɔn a ɔhyɛ anan mu; obetua so ka pɛpɛɛpɛ.
57 君王—名为万军之耶和华的说: 我必使巴比伦的首领、 智慧人、省长、副省长,和勇士都沉醉, 使他们睡了长觉,永不醒起。
Mɛma nʼadwumayɛfo ne nʼanyansafo abow nsa nʼamradonom, ne mpanyimfo ne dɔmmarima nso saa ara; wɔbɛdeda afebɔɔ a wɔrennyan,” sɛɛ na ɔhempɔn a ne din ne Asafo Awurade, no se.
58 万军之耶和华如此说: 巴比伦宽阔的城墙必全然倾倒; 她高大的城门必被火焚烧。 众民所劳碌的必致虚空; 列国所劳碌的被火焚烧, 他们都必困乏。
Sɛɛ na Asafo Awurade, se: “Wobedwiriw Babilonia afasu a ɛtrɛw no agu fam na wɔbɛto nʼapon atenten no mu gya; nnipa no haw wɔn ho kwa, ɔman no adwumayɛ ma ogya no dɛw mmom.”
59 犹大王西底家在位第四年,上巴比伦去的时候,玛西雅的孙子、尼利亚的儿子西莱雅与王同去(西莱雅是王宫的大臣),先知耶利米有话吩咐他。
Eyi ne asɛm a Yeremia ka kyerɛɛ Neria babarima Seraia a ɔyɛ adwumayɛfo panyin na ɔyɛ Maseia nena no, bere a ɔne Yudahene Sedekia kɔɔ Babilonia wɔ nʼadedi afe a ɛto so anan no mu.
60 耶利米将一切要临到巴比伦的灾祸,就是论到巴比伦的一切话,写在书上。
Na Yeremia akyerɛw amanehunu a ɛbɛba Babilonia so no nyinaa agu nhoma mmobɔwee so, nea wakyerɛw a ɛfa Babilonia ho nyinaa.
61 耶利米对西莱雅说:“你到了巴比伦务要念这书上的话;
Ɔka kyerɛɛ Seraia se, “Sɛ wudu Babilonia a, hwɛ sɛ wobɛkenkan saa nsɛm yi nyinaa sɛnea obiara bɛte.
62 又说:‘耶和华啊,你曾论到这地方说:要剪除,甚至连人带牲畜没有在这里居住的,必永远荒凉。’
Afei ka se, ‘Awurade, woaka se wobɛsɛe beae yi sɛnea onipa anaa aboa biara rentumi ntena so; na ɛbɛda mpan afebɔɔ.’
63 你念完了这书,就把一块石头拴在书上,扔在幼发拉底河中,
Sɛ wokenkan nhoma mmobɔwee yi wie a, kyekyere fam ɔbo ho, na tow kyene Asubɔnten Eufrate mu.
64 说:‘巴比伦因耶和华所要降与她的灾祸,必如此沉下去,不再兴起,人民也必困乏。’” 耶利米的话到此为止。
Afei ka se, ‘Sɛɛ na Babilonia ne ne nkurɔfo bɛmem a wɔrensɔre bio, esiane amanehunu a mede bɛba ne so no nti.’” Yeremia nsɛm no awiei ni.

< 耶利米书 51 >