< 以赛亚书 62 >

1 我因锡安必不静默, 为耶路撒冷必不息声, 直到他的公义如光辉发出, 他的救恩如明灯发亮。
Sion nti, merenyɛ komm, Yerusalem nti, merenyɛ dinn, kosi sɛ ne trenee bɛhyerɛn sɛ adekyee, na ne nkwagye adɛw sɛ ogyatɛn.
2 列国必见你的公义; 列王必见你的荣耀。 你必得新名的称呼, 是耶和华亲口所起的。
Amanaman no behu wo trenee, na ahemfo nyinaa ahu wʼanuonyam; wɔbɛfrɛ wo din foforo a Awurade de bɛto wo no.
3 你在耶和华的手中要作为华冠, 在你 神的掌上必作为冕旒。
Wobɛyɛ anuonyam ahenkyɛw wɔ Awurade nsam, ne adehye anuonyam abotiri wɔ wo Nyankopɔn nsam.
4 你必不再称为“撇弃的”; 你的地也不再称为“荒凉的”。 你却要称为“我所喜悦的”; 你的地也必称为“有夫之妇”。 因为耶和华喜悦你, 你的地也必归他。
Wɔremfrɛ wo amamfo bio, anaa wʼasase sɛ amamfo. Na mmom wɔbɛfrɛ wo Hefsiba anaa anisɔ Kuropɔn ne wʼasase sɛ Beula anaa ɔwarefo efisɛ Awurade ani begye wo ho, na ɔbɛware wʼasase.
5 少年人怎样娶处女, 你的众民也要照样娶你; 新郎怎样喜悦新妇, 你的 神也要照样喜悦你。
Sɛnea aberante ware ababaa no, saa ara na wo mmabarima bɛware wo; sɛ ayeforokunu ani gye nʼayeforo ho no, saa ara na wo Nyankopɔn ani begye wo ho.
6 耶路撒冷啊, 我在你城上设立守望的, 他们昼夜必不静默。 呼吁耶和华的,你们不要歇息,
Mede awɛmfo agyinagyina wʼafasu so, Yerusalem; wɔremmua wɔn ano awia anaa anadwo. Mo a musu frɛ Awurade no, monnhome koraa,
7 也不要使他歇息, 直等他建立耶路撒冷, 使耶路撒冷在地上成为可赞美的。
na mommma onnye nʼahome kosi sɛ, ɔbɛma Yerusalem atim na wayɛ no nea asase nyinaa bɛkamfo.
8 耶和华指着自己的右手和大能的膀臂起誓说: 我必不再将你的五谷给你仇敌作食物; 外邦人也不再喝你劳碌得来的新酒。
Awurade de ne basa nifa aka ntam ne basa a ɛyɛ den no se, “Meremfa mo awi mma mo atamfo sɛ wɔn aduan bio, na ananafo rennom nsa foforo a moabrɛ ho no bio;
9 惟有那收割的要吃,并赞美耶和华; 那聚敛的要在我圣所的院内喝。
wɔn a wotwa no na wobedi na wɔakamfo Awurade, na wɔn a wɔboaboa bobe ano no bɛnom wɔ me kronkronbea adiwo.”
10 你们当从门经过经过, 预备百姓的路; 修筑修筑大道, 捡去石头, 为万民竖立大旗,
Momfa mu, momfa kuropɔn apon no mu! Munsiesie ɔkwan no mma nkurɔfo no. Mompae, mompae ɔtempɔn no! Munyiyi so abo no. Munsi frankaa mma amanaman no.
11 看哪,耶和华曾宣告到地极, 对锡安的居民说: 你的拯救者来到。 他的赏赐在他那里; 他的报应在他面前。
Awurade abɔ no dawuru akosi nsase ano se, “Monka nkyerɛ Ɔbabea Sion se, ‘Hwɛ, wo Agyenkwa reba! Hwɛ nʼakatua ka ne ho, na nʼanamuhyɛde nso ka ne ho.’”
12 人必称他们为“圣民”,为“耶和华的赎民”; 你也必称为“被眷顾、不撇弃的城”。
Wɔbɛfrɛ wɔn Nnipa Kronkron, wɔn a Awurade Agye Wɔn; na wɔbɛfrɛ wo Nea Wɔrehwehwɛ Nʼakyi Kwan, Kuropɔn a Ɛrenyɛ Amamfo Bio.

< 以赛亚书 62 >