< 以赛亚书 32 >

1 看哪,必有一王凭公义行政; 必有首领借公平掌权。
Hwɛ, ɔhene bi bɛba abɛdi ɔhene wɔ tenenee mu na sodifoɔ de atɛntenenee adi nnipa so.
2 必有一人像避风所和避暴雨的隐密处, 又像河流在干旱之地, 像大磐石的影子在疲乏之地。
Wɔn mu biara bɛyɛ te sɛ mframa ano hintabea ne ahum mu dwanekɔbea, wɔbɛyɛ sɛ nsuwansuwa a ɛwɔ anweatam so ne ɔbotan kɛseɛ sunsum a ɛwɔ osukɔm asase so.
3 那能看的人,眼不再昏迷; 能听的人,耳必得听闻。
Wɔn a wɔwɔ ani no bɛhunu nokorɛ no, na obiara a ɔwɔ aso no bɛte.
4 冒失人的心必明白知识; 结巴人的舌必说话通快。
Deɛ ɔyɛ adwene mu herɛ bɛhunu na wate aseɛ, wɔn a wɔpo dodoɔ bɛkasa na emu ada hɔ.
5 愚顽人不再称为高明; 吝啬人不再称为大方。
Wɔremfrɛ ɔkwasea sɛ onimuonyamfoɔ bio na wɔremfa anidie mma ɔpapahwekwaa.
6 因为愚顽人必说愚顽话, 心里想作罪孽, 惯行亵渎的事, 说错谬的话攻击耶和华, 使饥饿的人无食可吃, 使口渴的人无水可喝。
Ɔkwasea ka nkwaseasɛm na ɔdwene bɔne ho: ɔyɛ onyame akyiwadeɛ; ɔma Awurade ho nkyerɛkyerɛ bɔne; ɔmma deɛ ɛkɔm de no no aduane ɔde nsuo kame deɛ sukɔm de no.
7 吝啬人所用的法子是恶的; 他图谋恶计, 用谎言毁灭谦卑人; 穷乏人讲公理的时候, 他也是这样行。
Ɔpapahwekwaa akwan yɛ amumuyɛ, ɔyɛ bɔne ho nhyehyɛeɛ de atorɔ sɛe ohiani, wɔ ɛberɛ a ohiani asɛm yɛ nokorɛ mpo.
8 高明人却谋高明事, 在高明事上也必永存。
Nanso, onimuonyamfoɔ yɛ nhyehyɛeɛ a ɛho wɔ nyam na ne nneyɛɛ pa no enti, ɔda nso.
9 安逸的妇女啊,起来听我的声音! 无虑的女子啊,侧耳听我的言语!
Mo mmaa a mogye mo ho die, monsɔre na montie me; mo mmammaa a mosusu sɛ mowɔ banbɔ monyɛ aso mma deɛ mewɔ ka!
10 无虑的女子啊,再过一年多,必受骚扰; 因为无葡萄可摘, 无果子可收。
Afe akyi nna kakra bi no mo a mogye di sɛ mo wɔ banbɔ ho bɛpopo; bobe twaberɛ no bɛdi mo hwammɔ, nnuaba no twaberɛ nso remma.
11 安逸的妇女啊,要战兢; 无虑的女子啊,要受骚扰。 脱去衣服,赤着身体, 腰束麻布。
Mo ho mpopo mo mmaa a mogye mo ho die; mommɔ hu, mo mmammaa a mogye di sɛ mowɔ banbɔ! Mompa mo ho ntoma na momfa ayitoma mmɔ mo asene mu.
12 她们必为美好的田地 和多结果的葡萄树,捶胸哀哭。
Momfa awerɛhoɔ mfa mo nsa mmoro mo koko so wɔ mfuo fɛfɛ ne mo bobe a ɛsoɔ no enti.
13 荆棘蒺藜必长在我百姓的地上, 又长在欢乐的城中和一切快乐的房屋上。
Ɛfiri sɛ nkasɛɛ ne nnɛnkyɛnse agye afa mo asase afa. Ahosɛpɛ ne anigyeɛ to atwa wɔ kuro no mu.
14 因为宫殿必被撇下, 多民的城必被离弃; 山冈望楼永为洞穴, 作野驴所喜乐的, 为羊群的草场。
Wɔbɛgya aban no hɔ, na gyegyeegye kuropɔn no ada mpan; abankɛsewa ne ɔwɛn aban bɛdane asase hunu afebɔɔ, deɛ mfunumu pɛ ne nnwankuo adidibea,
15 等到圣灵从上浇灌我们, 旷野就变为肥田, 肥田看如树林。
kɔsi sɛ wɔbɛhwie Honhom no afiri ɔsoro agu yɛn so, na anweatam bɛdane asase bereɛ na asase bereɛ ayɛ sɛ kwaeɛ.
16 那时,公平要居在旷野; 公义要居在肥田。
Tenenee bɛtena anweatam so na adeteneneeyɛ atena asase bereɛ so.
17 公义的果效必是平安; 公义的效验必是平稳,直到永远。
Adeteneneeyɛ bɛso asomdwoeɛ aba; deɛ adeteneneeyɛ de ba bɛyɛ kommyɛ ne ahotosoɔ a ɛnni awieeɛ.
18 我的百姓必住在平安的居所, 安稳的住处,平静的安歇所。
Me nkurɔfoɔ bɛtenatena mmeaeɛ a asomdwoeɛ wɔ, afie a wɔabɔ ho ban homebea a ɔhaw biara nni hɔ.
19 (但要降冰雹打倒树林; 城必全然拆平。)
Mpo sɛ ampariboɔ sɛe kwaeɛ no na kuropɔn no sɛe koraa a,
20 你们在各水边撒种、 牧放牛驴的有福了!
wɔbɛhyira wo, wobɛdua wʼaba wɔ nsuwa biara ho, na wama wʼanantwie ne wo mfunumu anante baabiara.

< 以赛亚书 32 >