< 以赛亚书 14 >

1 耶和华要怜恤雅各,必再拣选以色列,将他们安置在本地。寄居的必与他们联合,紧贴雅各家。
Awurade bɛhunu Yakob mmɔbɔ; ɔbɛsane afa Israel na ɔbɛbɔ wɔn atenaseɛ wɔ wɔn ankasa asase so. Ananafoɔ bɛba abɛka wɔn ho na wɔne Yakob efie aka abɔ mu.
2 外邦人必将他们带回本土;以色列家必在耶和华的地上得外邦人为仆婢,也要掳掠先前掳掠他们的,辖制先前欺压他们的。
Amanaman bɛfa wɔn de wɔn aba wɔn ankasa atenaeɛ. Na Israel efie bɛfa amanaman no ayɛ wɔn dea sɛ nkoa ne mfenaa wɔ Awurade asase so. Wɔbɛyɛ wɔn a wɔyɛɛ wɔn nnommumfoɔ no nnommum na wɔbɛdi wɔn sohwɛfoɔ so.
3 当耶和华使你脱离愁苦、烦恼,并人勉强你做的苦工,得享安息的日子,
Na da a Awurade bɛma mo ahome afiri amanehunu, ahoyera ne nkoasom denden mu no,
4 你必题这诗歌论巴比伦王说: 欺压人的何竟息灭? 强暴的何竟止息?
mobɛdi Babiloniahene ho fɛ sɛ: hwɛ sɛdeɛ ɔhyɛsofoɔ no aba nʼawieeɛ! Ne sɛdeɛ nʼabufuo nso to atwa!
5 耶和华折断了恶人的杖, 辖制人的圭,
Awurade abubu otirimuɔdenfoɔ no abaa mu, sodifoɔ ahempoma no,
6 就是在忿怒中连连攻击众民的, 在怒气中辖制列国, 行逼迫无人阻止的。
deɛ abufuo mu no ɔde bobɔɔ wɔn toatoaa so hwehwee fam, na abufuhyeɛ mu ɔtintim wɔn so a ahomegyeɛ nni mu de brɛɛ amanaman no ase.
7 现在全地得安息,享平静; 人皆发声欢呼。
Nsase no nyinaa rehome wɔ asomdwoeɛ mu; na wɔto dwom.
8 松树和黎巴嫩的香柏树 都因你欢乐,说: 自从你仆倒, 再无人上来砍伐我们。
Mpo, pepeaa nnua ne Lebanon ntweneduro nya ho anigyeɛ na wɔka sɛ, “Afei a wɔabrɛ wo ase yi, duatwafoɔ biara remmetwa yɛn.”
9 你下到阴间, 阴间就因你震动来迎接你, 又因你惊动在世曾为首领的阴魂, 并使那曾为列国君王的, 都离位站起。 (Sheol h7585)
Damena a ɛwɔ aseɛ no rekeka ne ho abɛhyia wo kwan; ɛkanyane wɔn a wɔafiri mu no honhom sɛ wɔmmɛma wo akwaaba, wɔn a na wɔyɛ akannifoɔ wɔ ewiase, ɛma wɔsɔre firi wɔn nhennwa so, wɔn a na wɔyɛ ahemfo wɔ amanaman so. (Sheol h7585)
10 他们都要发言对你说: 你也变为软弱像我们一样吗? 你也成了我们的样子吗?
Wɔn nyinaa bɛgye so, wɔbɛka akyerɛ wo sɛ, “Wo nso woayɛ mmrɛ sɛ yɛn; woayɛ sɛ yɛn ara.”
11 你的威势和你琴瑟的声音都下到阴间。 你下铺的是虫,上盖的是蛆。 (Sheol h7585)
Wo kɛseyɛ nyinaa wɔde aba damena mu, ne hooyɛ a ɛfiri wo nsankuo no; wɔde nsammaa asɛ kɛtɛ ama wo na asonsono akata wo so. (Sheol h7585)
12 明亮之星,早晨之子啊, 你何竟从天坠落? 你这攻败列国的何竟被砍倒在地上?
Sɛdeɛ wofiri soro abɛhwe fam, Ao, anɔpa nsoromma, adekyeeɛ babarima! Wɔato wo abɛhwe asase so, wo a na kane no wobrɛ amanaman ase!
13 你心里曾说: 我要升到天上; 我要高举我的宝座在 神众星以上; 我要坐在聚会的山上,在北方的极处。
Wokaa no wʼakoma mu sɛ, “Mɛforo akɔ soro; mɛma mʼahennwa so asi Onyankopɔn nsoromma atifi; mɛtena ase adi ɔhene wɔ ahyiaeɛ bepɔ so, deɛ ɛkrɔn paa wɔ bepɔ kronkron no so.
14 我要升到高云之上; 我要与至上者同等。
Mɛforo atra omununkum atifi; mɛyɛ me ho sɛ Ɔsorosoroni no.”
15 然而,你必坠落阴间, 到坑中极深之处。 (Sheol h7585)
Nanso wɔde wo abɛto damena mu, amena donkudonku ase tɔnn. (Sheol h7585)
16 凡看见你的都要定睛看你, 留意看你,说: 使大地战抖, 使列国震动,
Wɔn a wɔhunu wo no hwɛ wo haa, wɔdwene deɛ ato woɔ no ho bisa sɛ, “Ɛnyɛ ɔbarima a ɔwosoo asase na ɔmaa ahennie ho popooeɛ,
17 使世界如同荒野, 使城邑倾覆, 不释放被掳的人归家, 是这个人吗?
ɔbarima a ɔmaa ewiase danee anweatam, deɛ ɔdanee ne nkuropɔn butuiɛ na wamma ne nneduafoɔ ankɔ wɔn nkyi no nie?”
18 列国的君王 俱各在自己阴宅的荣耀中安睡。
Amanaman ahemfo no nyinaa, wɔadeda obiara wɔ ne da mu.
19 惟独你被抛弃, 不得入你的坟墓, 好像可憎的枝子, 以被杀的人为衣, 就是被刀刺透, 坠落坑中石头那里的; 你又像被践踏的尸首一样。
Nanso wɔapam wo afiri wo da mu te sɛ duban a wɔapoɔ; wɔde wɔn a atotɔ akata wo so, wɔn a wɔtɔɔ wɔ akofena ano, wɔn a wɔsiane kɔ aboɔ amena mu, te sɛ efunu a wɔatiatia soɔ.
20 你不得与君王同葬; 因为你败坏你的国,杀戮你的民。 恶人后裔的名,必永不提说。
Wɔrensie wo nka wɔn ho, ɛfiri sɛ, woasɛe wʼasase na wakunkum wo nkurɔfoɔ. Otirimuɔdenfoɔ asefoɔ no wɔrenkae wɔn bio. Wo babarima renni wʼadeɛ sɛ ɔhene.
21 先人既有罪孽, 就要预备杀戮他的子孙, 免得他们兴起来,得了遍地, 在世上修满城邑。
Siesie baabi a wɔbɛkunkum ne mmammarima wɔ wɔn agyanom bɔne nti; ɛnsɛ sɛ wɔsɔre di asase no so na wɔde wɔn nkuropɔn pete so.
22 万军之耶和华说: 我必兴起攻击他们, 将巴比伦的名号和所余剩的人, 连子带孙一并剪除。 这是耶和华说的。
“Mɛsɔre atia wɔn,” Sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie. “Mɛtwa ne din ne ne nkaeɛfoɔ, ne mma ne mmanananom afiri Babilonia ho,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.
23 我必使巴比伦为箭猪所得, 又变为水池; 我要用灭亡的扫帚扫净它。 这是万军之耶和华说的。
“Mɛdane no ayɛ beaeɛ a apatuo wɔ ne ɔwora; mede ɔsɛeɛ praeɛ bɛpra no,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.
24 万军之耶和华起誓说: 我怎样思想,必照样成就; 我怎样定意,必照样成立,
Asafo Awurade aka ntam sɛ, “Nokorɛm, sɛdeɛ mahyehyɛ no, saa ara na ɛbɛyɛ, na sɛdeɛ madwene ho no, ɛrensesa.
25 就是在我地上打折亚述人, 在我山上将他践踏。 他加的轭必离开以色列人; 他加的重担必离开他们的肩头。
Mɛsɛe Asiria pasaa wɔ mʼasase so; mɛtiatia ne so me mmepɔ so. Ɔbɛyi ne kɔnnua afiri me nkurɔfoɔ so, na nʼadesoa nso afiri wɔn so.”
26 这是向全地所定的旨意; 这是向万国所伸出的手。
Yei ne nhyehyɛeɛ a wɔayɛ ama ewiase nyinaa; yei ne nsa a wɔatene wɔ aman nyinaa so.
27 万军之耶和华既然定意,谁能废弃呢? 他的手已经伸出,谁能转回呢?
Na sɛ Asafo Awurade ayɛ nʼadwene a hwan na ɔbɛsi no kwan? Na sɛ watene ne nsa, hwan na ɔbɛsianka no?
28 亚哈斯王崩的那年,就有以下的默示:
Saa adehunu yi baa afe a ɔhene Ahas wuiɛ no:
29 非利士全地啊, 不要因击打你的杖折断就喜乐。 因为从蛇的根必生出毒蛇; 它所生的是火焰的飞龙。
Monnni ahurisie, mo Filistifoɔ, sɛ abaa a ɛbɔɔ mo no mu abubu; saa ɔwɔ no ase na ɔnanka bɛfiri aba, na nʼaba bɛyɛ ɔtweaseɛ a ne ho yɛ herɛ na nʼano wɔ borɔ.
30 贫寒人的长子必有所食; 穷乏人必安然躺卧。 我必以饥荒治死你的根; 你所余剩的人必被杀戮。
Ahiafoɔ mu hiani bɛnya adidibea, na mmɔborɔni bɛda asomdwoeɛ mu. Nanso wʼasefoɔ deɛ, mede ɛkɔm bɛtɔre wɔn ase; ɛbɛkunkum wo nkaeɛfoɔ.
31 门哪,应当哀号! 城啊,应当呼喊! 非利士全地啊,你都消化了! 因为有烟从北方出来, 他行伍中并无乱队的。
Twa adwo, Ao kuro ɛpono! Su teaam Ao kuropɔn! Monnwane, mo Filistifoɔ! Wisie kumɔnn bi firi atifi fam reba, na obiara ntwentwɛn ne nan ase wɔ wɔn mu.
32 可怎样回答外邦的使者呢? 必说:耶和华建立了锡安; 他百姓中的困苦人必投奔在其中。
Mmuaeɛ bɛn na wɔde bɛma saa ɔman no ananmusifoɔ? “Awurade de Sion atim hɔ. Ne mu na nʼamanehunufoɔ bɛnya dwanekɔbea.”

< 以赛亚书 14 >