< 创世记 43 >

1 那地的饥荒甚大。
Saa bere no mu no, na ɔkɔm no ano da so yɛ den wɔ asase no so nyinaa.
2 他们从埃及带来的粮食吃尽了,他们的父亲就对他们说:“你们再去给我籴些粮来。”
Enti bere a aduan a wɔkɔtɔ fii Misraim bae no reyɛ asa no, wɔn agya Yakob ka kyerɛɛ wɔn se, “Monsan nkɔ nkɔtɔ aduan kakra mmra bio.”
3 犹大对他说:“那人谆谆地告诫我们说:‘你们的兄弟若不与你们同来,你们就不得见我的面。’
Nanso Yuda ka kyerɛɛ nʼagya Yakob se, “Owura no sua kyerɛɛ yɛn denneennen se, ‘Sɛ moamfa mo nua kumaa no anka mo ho amma a, munnsi mʼanim ha bio.’
4 你若打发我们的兄弟与我们同去,我们就下去给你籴粮;
Sɛ wobɛma yɛne yɛn nua kumaa no akɔ de a, ɛno de, yɛbɛsan akɔ akɔtɔ aduan no bi abrɛ wo.
5 你若不打发他去,我们就不下去,因为那人对我们说:‘你们的兄弟若不与你们同来,你们就不得见我的面。’”
Nanso sɛ woamma yɛamfa no ankɔ de a, yɛrenkɔ, efisɛ owura no suaa denneennen se, ‘Sɛ mo nua kumaa no nka mo ho a, munnsi mʼanim bio.’”
6 以色列说:“你们为什么这样害我,告诉那人你们还有兄弟呢?”
Israel bisaa ne mma no se, “Adɛn nti na moka kyerɛɛ owura no se mowɔ nua kumaa bi wɔ hɔ, na mode saa ɔhaw yi abɛto me so?”
7 他们回答说:“那人详细问到我们和我们的亲属,说:‘你们的父亲还在吗?你们还有兄弟吗?’我们就按着他所问的告诉他,焉能知道他要说‘必须把你们的兄弟带下来’呢?”
Anuanom no buaa wɔn agya Israel se, “Owura no nyaa adagyew, tɔɔ ne bo ase bisaa yɛn ne yɛn abusuafo ho nsɛm nyinaa se, ‘Mo agya da so te ase ana? Mowɔ onua foforo bi ka mo ho?’ Nsɛm a obisaa yɛn no na yebuaa no. Na yennim sɛ ɔbɛka se, ‘Momfa mo nua kumaa no mmra.’”
8 犹大又对他父亲以色列说:“你打发童子与我同去,我们就起身下去,好叫我们和你,并我们的妇人孩子,都得存活,不至于死。
Ɛhɔ na Yuda ka kyerɛɛ nʼagya Israel se, “Fa yɛn nua no hyɛ me nsa, na yensi mu nkɔ ntɛm nkɔtɔ aduan no bi mmra, na ɔkɔm ankum yɛn ne wo ne yɛn mma.
9 我为他作保;你可以从我手中追讨,我若不带他回来交在你面前,我情愿永远担罪。
Mʼankasa mɛhwɛ abofra no so. Sɛ mamfa no amma a, bisa me. Sɛ mamfa no amma, ammegyina wʼanim ha, amma woanhu sɛ wo ba no ni a, saa asodi no nna me so me nkwanna nyinaa.
10 我们若没有耽搁,如今第二次都回来了。”
Sɛ yɛantwentwɛn yɛn nan ase a, anka saa bere yi, yɛakɔ aba bɛyɛ mprenu.”
11 他们的父亲以色列说:“若必须如此,你们就当这样行:可以将这地土产中最好的乳香、蜂蜜、香料、没药、榧子、杏仁都取一点,收在器具里,带下去送给那人作礼物,
Afei, wɔn agya Israel ka kyerɛɛ wɔn se, “Sɛ meyɛ ho hwee na ɛrenyɛ yiye de a, ɛno de, momfa asase yi so nnepa a bi ne akyenkyennuru kakra, ɛwo kakra, aduhuam, kurobow, nkate ne ɔsonkoran aba nhyɛ mo nkotoku mu, nkɔyɛ owura no ayɛ.
12 又要手里加倍地带银子,并将归还在你们口袋内的银子仍带在手里;那或者是错了。
Sika a mode rekɔ no nso, monyɛ no mmɔho efisɛ ɛsɛ sɛ mosan de sika a kan no mode kɔe na ɔsan de hyɛɛ mo nnesoa mu bae no kɔma no. Ebia na ɛyɛɛ no anipaso.
13 也带着你们的兄弟,起身去见那人。
Momfa mo nua no nso nka mo ho, na munsi mu ntɛmntɛm nkɔ.
14 但愿全能的 神使你们在那人面前蒙怜悯,释放你们的那弟兄和便雅悯回来。我若丧了儿子,就丧了吧!”
Otumfo Nyankopɔn nnyina mo akyi, na owura no nhu mo mmɔbɔ, na onyaa mo nua panyin Simeon, na ɔmfa Benyamin nso nka mo ho, na mo nyinaa nsan mmra. Sɛ ɛsɛ sɛ midi wɔn wu ho awerɛhow nso a, minni asɛm biara ka.”
15 于是,他们拿着那礼物,又手里加倍地带银子,并且带着便雅悯,起身下到埃及,站在约瑟面前。
Enti Israelmma no faa akyɛde ahorow a wɔde rekɔ akɔyɛ owura no ayɛ no, ne wɔn sika mmɔho abien, ne wɔn nua kumaa Benyamin kaa wɔn ho, sii mu kɔe. Woduu Misraim no, wokoyii wɔn ho adi kyerɛɛ Yosef.
16 约瑟见便雅悯和他们同来,就对家宰说:“将这些人领到屋里。要宰杀牲畜,预备筵席,因为晌午这些人同我吃饭。”
Bere a Yosef huu sɛ Benyamin ka wɔn ho no, ɔka kyerɛɛ ne fi somfo panyin no se, “Fa nkurɔfo no kɔ me fi, na kum aboa bi, na wɔmfa nnoa aduan, na awia me ne wɔn bedidi.”
17 家宰就遵着约瑟的命去行,领他们进约瑟的屋里。
Ɔsomfo panyin no yɛɛ sɛnea Yosef kae no ma ɔde nkurɔfo no kɔɔ Yosef fi.
18 他们因为被领到约瑟的屋里,就害怕,说:“领我们到这里来,必是因为头次归还在我们口袋里的银子,找我们的错缝,下手害我们,强取我们为奴仆,抢夺我们的驴。”
Ɔde wɔn duu Yosef fi no, wosuroe. Wɔkae se, “Gyama esiane dwetɛ a yɛbɛtɔɔ aduan a edi kan no wɔde hyehyɛɛ yɛn nkotoku mu no nti na ɔde yɛn aba ha. Ɔpɛ sɛ ɔde korɔn to yɛn so, na ɔfa yɛn sɛ ne nkoa, na ɔsan fa yɛn mfurum no nyinaa.”
19 他们就挨近约瑟的家宰,在屋门口和他说话,
Woduu Yosef fi kwan no ano no, wɔkɔɔ Yosef somfo panyin no nkyɛn.
20 说:“我主啊,我们头次下来实在是要籴粮。
Wɔka kyerɛɛ no se, “Yɛn wura, yɛsrɛ wo, yɛbaa ha bere bi a atwa mu bɛtɔɔ aduan.
21 后来到了住宿的地方,我们打开口袋,不料,各人的银子,分量足数,仍在各人的口袋内,现在我们手里又带回来了。
Bere a yɛresan akɔ yɛn kurom a ade sae, na yɛsoɛsoɛɛ no, asoɛe hɔ na yebuebuee yɛn nkotoku ano, na yehuu sɛ obiara sika a okurae a anka ɔde rekɔtɔ aburow no hyɛ ne kotoku no mu pɛpɛɛpɛ. Ɛno nti, yɛasan de aba.
22 另外又带下银子来籴粮。不知道先前谁把银子放在我们的口袋里。”
Yɛasan de sika foforo aba sɛ yɛde rebɛtɔ aduan. Yennim onipa ko a ɔde saa sika no hyehyɛɛ yɛn nkotoku no mu.”
23 家宰说:“你们可以放心,不要害怕,是你们的 神和你们父亲的 神赐给你们财宝在你们的口袋里;你们的银子,我早已收了。”他就把西缅带出来,交给他们。
Ɔsomfo panyin no ka kyerɛɛ wɔn se, “Ɛnyɛ asɛm biara. Munnsuro. Onyame a mosom no ne mo agya Nyame a ɔsom no no na ɔde saa sika no hyehyɛɛ mo nkotoku no mu maa mo. Na mo sika no de, yegyei.” Afei, oyii Simeon fii afiase hɔ de no brɛɛ wɔn.
24 家宰就领他们进约瑟的屋里,给他们水洗脚,又给他们草料喂驴。
Ɔsomfo panyin no de wɔn kɔɔ Yosef fi, maa wɔn nsu hohoroo wɔn anan ase, na ɔmaa wɔn mfurum no nso aduan dii.
25 他们就预备那礼物,等候约瑟晌午来,因为他们听见要在那里吃饭。
Wɔboaboaa akyɛde a wɔde bɛma Yosef no ano de twɛn no, efisɛ na wɔate sɛ wobedidi wɔ fie hɔ awia no.
26 约瑟来到家里,他们就把手中的礼物拿进屋去给他,又俯伏在地,向他下拜。
Bere a Yosef bae no, anuanom no buu no nkotodwe, de wɔn akyɛde no maa no.
27 约瑟问他们好,又问:“你们的父亲—就是你们所说的那老人家平安吗?他还在吗?”
Yosef bisaa wɔn sɛnea wɔn ho te. Ɔtoaa so se, “Mo agya akwakoraa a mokaa ne ho asɛm no ho te dɛn? Ɔda so te ase ana?”
28 他们回答说:“你仆人—我们的父亲平安;他还在。”于是他们低头下拜。
Wobuaa no se, “Wʼakoa a ɔyɛ yɛn agya no ho ye. Ɔda so te ase.” Wɔde obu ne nidi bɔɔ wɔn mu ase wɔ nʼanim.
29 约瑟举目看见他同母的兄弟便雅悯,就说:“你们向我所说那顶小的兄弟就是这位吗?”又说:“小儿啊,愿 神赐恩给你!”
Bere a nʼani tɔɔ ne na ba Benyamin anim no, obisae se, “Oyi ne mo nua kumaa a mokaa ne ho asɛm kyerɛɛ me no ana?” Ɔtoaa so se, “Me ba, Onyankopɔn nnom wo!”
30 约瑟爱弟之情发动,就急忙寻找可哭之地,进入自己的屋里,哭了一场。
Yosef huu ne nua kumaa Benyamin no, ne werɛ howee, enti ɔyɛɛ ntɛm fii adi kɔhyɛɛ ne pia mu kosui.
31 他洗了脸出来,勉强隐忍,吩咐人摆饭。
Osu wiee no, ɔhohoroo nʼanim, san bae de animia kae se, “Momma yennidi!”
32 他们就为约瑟单摆了一席,为那些人又摆了一席,也为和约瑟同吃饭的埃及人另摆了一席,因为埃及人不可和希伯来人一同吃饭;那原是埃及人所厌恶的。
Wɔtoo Yosef pon wɔ baabi, na wɔtoo anuanom no nso pon wɔ baabi wɔ ɔdan koro no ara mu. Misraimfo a wɔyɛ Yosef asomfo no nso didii wɔ baabi foforo, efisɛ Misraimfo no mmu Hebrifo, na wɔne wɔn ato nsa adidi.
33 约瑟使众弟兄在他面前排列坐席,都按着长幼的次序,众弟兄就彼此诧异。
Wɔde Yosef nuanom no tenatenaa ase mpanyin mu. Ɛyɛɛ saa maa anuanom no de ahodwiriw hwehwɛɛ wɔn ho wɔn ho anim.
34 约瑟把他面前的食物分出来,送给他们;但便雅悯所得的比别人多五倍。他们就饮酒,和约瑟一同宴乐。
Wotitii nnuan no fi Yosef pon so kɔmaa wɔn no, na Benyamin de no dɔɔso sen ne nua biara de mpɛn anum. Ɛmaa wɔne Yosef de anigye ne ahosɛpɛw didi nomee.

< 创世记 43 >