< 以西结书 7 >

1 耶和华的话又临到我说:
Awurade asɛm baa me nkyɛn se,
2 “人子啊,主耶和华对以色列地如此说:结局到了,结局到了地的四境!
“Onipa ba, eyi ne asɛm a Otumfo Awurade ka kyerɛ Israel asase no: “‘Awiei no! Awiei no adu asase no ntwea anan no so.
3 现在你的结局已经临到,我必使我的怒气归与你,也必按你的行为审判你,照你一切可憎的事刑罚你。
Awiei no adu wɔ wo so, na mehwie mʼabufuwhyew agu wo so. Megyina wʼabrabɔ so abu wo atɛn na matua wo ka wɔ wo nneyɛe bɔne nyinaa ho.
4 我眼必不顾惜你,也不可怜你,却要按你所行的报应你,照你中间可憎的事刑罚你。你就知道我是耶和华。
Merenhu wo mmɔbɔ na meremfa wo ho nkyɛ wo. Ampa ara metua wo ka wɔ wo suban ne nneyɛe bɔne a ɛwɔ wo mu no ho, na moahu sɛ mene Awurade.’
5 “主耶和华如此说:有一灾,独有一灾;看哪,临近了!
“Sɛɛ na Otumfo Awurade se: “‘Atoyerɛnkyɛm! Atoyerɛnkyɛm a wontee da nam kwan so reba.
6 结局来了,结局来了,向你兴起。看哪,来到了!
Awiei no aba! Awiei no aba! Ama ne ho so atia wo. Aba!
7 境内的居民哪,所定的灾临到你,时候到了,日子近了,乃是哄嚷并非在山上欢呼的日子。
Ɔsɛe aba mo so, aba mo a mote asase no so no so. Bere no adu, da no abɛn; huboabɔ a ɛnyɛ mmepɔw so ahosɛpɛw.
8 我快要将我的忿怒倾在你身上,向你成就我怒中所定的,按你的行为审判你,照你一切可憎的事刑罚你。
Merebehwie mʼabufuwhyew agu wo so de awie mʼabufuw a etia wo no. Megyina wo nneyɛe so abu wo atɛn, na matua wo nneyɛe bɔne nyinaa so ka.
9 我眼必不顾惜你,也不可怜你,必按你所行的报应你,照你中间可憎的事刑罚你。你就知道击打你的是我耶和华。
Merenhu wo mmɔbɔ, na meremfa wo ho nkyɛ wo. Metua wo ka wɔ wo suban ne nneyɛe bɔne a ɛwɔ wo mu no ho. Afei mubehu sɛ me, Awurade, na mebobɔ mo.
10 “看哪,看哪,日子快到了;所定的灾已经发出!杖已经开花,骄傲已经发芽。
“‘Da no ni; hwɛ, aba! Atemmuda no apue, abaa no afefɛw, ahantan ahaahan!
11 强暴兴起,成了罚恶的杖。以色列人,或是他们的群众,或是他们的财宝,无一存留;他们中间也没有得尊荣的。
Kitikitiyɛ asɔre, abaa a wɔde twe amumɔyɛ aso. Ɛrenka nnipa no mu biara, dɔm no mu biara, ahonyade ne nea ɛsom bo biara renka.
12 时候到了,日子近了,买主不可欢喜,卖主不可愁烦,因为烈怒已经临到他们众人身上。
Bere no aso, da no adu. Mma adetɔni ani nnye anaa ɔdetɔnfo werɛ nhow, efisɛ abufuwhyew wɔ nnipadɔm no nyinaa so.
13 卖主虽然存活,却不能归回再得所卖的,因为这异象关乎他们众人。谁都不得归回,也没有人在他的罪孽中坚立自己。”
Nea ɔtɔn no nsa renka asase a watɔn no bio wɔ bere a wɔn baanu te ase, efisɛ anisoadehu a ɛfa nnipadɔm no nyinaa ho no rensesa. Wɔn bɔne nti, wɔn mu baako koraa remfa ne ho nni.
14 “他们已经吹角,预备齐全,却无一人出战,因为我的烈怒临到他们众人身上。
“‘Wɔahyɛn akobɛn no, na wɔboaboa biribiara ano de, nanso obiara renkɔ ɔsa, efisɛ mʼabufuwhyew wɔ nnipakuw no nyinaa so.
15 在外有刀剑;在内有瘟疫、饥荒。在田野的,必遭刀剑而死;在城中的,必有饥荒、瘟疫吞灭他。
Afoa wɔ mfikyiri na ɔyaredɔm ne ɔkɔm wɔ fie; wɔn a wɔwɔ ɔman no mu bɛtotɔ wɔ afoa ano. Wɔn a wɔwɔ kuropɔn no mu no, ɔyaredɔm ne ɔkɔm bekum wɔn.
16 其中所逃脱的就必逃脱,各人因自己的罪孽在山上发出悲声,好像谷中的鸽子哀鸣。
Wɔn a wɔanya wɔn ti adidi mu na wɔaguan no bɛtena mmepɔw no so. Na wɔakurum te sɛ aku mu mmorɔnoma, wɔn mu biara bɔne nti.
17 手都发软,膝弱如水。
Nsa nyinaa bedwudwo na nkotodwe nyinaa ayɛ mmrɛw sɛ nsu.
18 要用麻布束腰,被战兢所盖;各人脸上羞愧,头上光秃。
Wobefurafura atweaatam na wɔabɔ huboa. Aniwu bɛkata wɔn anim na wɔayi wɔn tinwi.
19 他们要将银子抛在街上,金子看如污秽之物。当耶和华发怒的日子,他们的金银不能救他们,不能使心里知足,也不能使肚腹饱满,因为这金银作了他们罪孽的绊脚石。
“‘Wɔbɛtow wɔn dwetɛ agu mmɔnten so, na wɔn sikakɔkɔɔ bɛyɛ ade a ɛho ntew. Wɔn dwetɛ ne sikakɔkɔɔ rentumi nnye wɔn Awurade abufuwhyew da no. Ɛrenkum wɔn kɔm na ɛrenhyɛ wɔn yafunu ma, efisɛ ayɛ wɔn hintidua de wɔn akɔ bɔne mu.
20 论到耶和华妆饰华美的殿,他建立得威严,他们却在其中制造可憎可厌的偶像,所以这殿我使他们看如污秽之物。
Na wɔde wɔn nnwinne afɛfɛ no hoahoa wɔn ho, na wɔde yeyɛɛ wɔn ahoni a ɛyɛ akyiwade ne nsɛsode tantan. Enti mɛdan eyinom nneɛma a ho ntew no ama wɔn.
21 我必将这殿交付外邦人为掠物,交付地上的恶人为掳物;他们也必亵渎这殿。
Mede ne nyinaa bɛma ananafo sɛ asade na mede ama asase so atirimɔdenfo sɛ akorɔnne, na wobegu ho fi.
22 我必转脸不顾以色列人,他们亵渎我隐密之所,强盗也必进去亵渎。
Meyi mʼani afi wɔn so na wobegu beae a ɛsom me bo no ho fi. Akorɔmfo bewura hɔ na wɔagu ho fi.
23 “要制造锁链;因为这地遍满流血的罪,城邑充满强暴的事。
“‘Monyɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn, efisɛ mogyahwiegu ayɛ asase no so ma, na akakabensɛm ahyɛ kuropɔn no ma.
24 所以,我必使列国中最恶的人来占据他们的房屋;我必使强暴人的骄傲止息,他们的圣所都要被亵渎。
Mɛma aman no mu otirimɔdenfo pa ara abɛfa wɔn afi; mɛma ɔhoɔdenfo ahomaso aba awiei, na wɔn kronkrommea ho begu fi.
25 毁灭临近了;他们要求平安,却无平安可得。
Sɛ ehu ba a, wɔbɛhwehwɛ asomdwoe akyi kwan nanso ɛbɛbɔ wɔn.
26 灾害加上灾害,风声接连风声;他们必向先知求异象,但祭司讲的律法、长老设的谋略都必断绝。
Atoyerɛnkyɛm bedi atoyerɛnkyɛm akyi aba; huhuhuhu bedi huhuhuhu akyi. Wɔbɛpɛ sɛ wobenya anisoadehu afi odiyifo no hɔ, asɔfo no nkyerɛkyerɛ a ɛfa mmara no ho no bɛbɔ wɔn, saa ara na wɔrennya afotu mfi mpanyimfo hɔ.
27 君要悲哀,王要披凄凉为衣,国民的手都发颤。我必照他们的行为待他们,按他们应得的审判他们,他们就知道我是耶和华。”
Ɔhene no betwa adwo, ɔheneba no befura abawpa, na asase no so nnipa nsa bɛpopo. Me ne wɔn bedi no sɛnea wɔn nneyɛe te na megyina wɔn tebea so abu wɔn atɛn. Afei wobehu sɛ me ne Awurade no.’”

< 以西结书 7 >