< 以西结书 4 >

1 “人子啊,你要拿一块砖,摆在你面前,将一座耶路撒冷城画在其上,
“Na afei, onipa ba, fa ntayaa bi to wʼanim na kurukyerɛw Yerusalem kuropɔn mfoni wɔ so.
2 又围困这城,造台筑垒,安营攻击,在四围安设撞锤攻城,
Afei tua nʼano: Di ntuano dwuma ahorow tia no, yɛ pie tia no, yɛ mpampim ne nsraban wɔ ho, na sisi mpuran twa ne ho dantaban.
3 又要拿个铁鏊,放在你和城的中间,作为铁墙。你要对面攻击这城,使城被困;这样,好作以色列家的预兆。
Afei, fa dade kyɛmfɛre to ɔfasu wɔ wo ne kuropɔn no ntam na dan wʼani kyerɛ no. Wobetua kuropɔn no ano na wo na wubetua nʼano. Eyi bɛyɛ nsɛnkyerɛnne ama Israelfi.
4 “你要向左侧卧,承当以色列家的罪孽;要按你向左侧卧的日数,担当他们的罪孽。
“Afei da wo benkum so na fa Israel bɔne to wo ho so. Wobɛsoa wɔn bɔne nna dodow a wode da wo fa so no.
5 因为我已将他们作孽的年数定为你向左侧卧的日数,就是三百九十日,你要这样担当以色列家的罪孽。
Mede wɔn bɔne mfe no ayɛ nna dodow ama wo. Enti nnafua ahaasa ne aduɔkron na wode bɛsoa Israelfi bɔne.
6 再者,你满了这些日子,还要向右侧卧,担当犹大家的罪孽。我给你定规侧卧四十日,一日顶一年。
“Ɛno akyi no, da bio wɔ wo nifa so na soa Yudafo bɔne adaduanan a da koro biara bɛyɛ afe baako.
7 你要露出膀臂,面向被困的耶路撒冷,说预言攻击这城。
Dan wʼani kyerɛ Yerusalem ntuano no na fa nsa pan hyɛ nkɔm tia no.
8 我用绳索捆绑你,使你不能辗转,直等你满了困城的日子。
Mede ntampehama bɛkyekyere wo sɛnea worentumi nnan wo ho kosi sɛ nna a wɔde tua mo ano no bɛba nʼawie.
9 “你要取小麦、大麦、豆子、红豆、小米、粗麦,装在一个器皿中,用以为自己做饼;要按你侧卧的三百九十日吃这饼。
“Fa atoko ne awi, asɛ ne asedua, kɔkɔte ne aburow; fa ne nyinaa gu adekora kuruwa mu na fa to brodo a wubedi. Eyi na wubedi wɔ nnafua ahaasa ne aduɔkron a woda wo fa so no.
10 你所吃的要按分两吃,每日二十舍客勒,按时而吃。
Kari aduan gram ahannu ne aduasa aduonu a wubedi no da koro biara wɔ bere ano, bere ano.
11 你喝水也要按制子,每日喝一欣六分之一,按时而喝。
Afei susuw nsu sukuruwa baako na nom no bere ano bere ano.
12 你吃这饼像吃大麦饼一样,要用人粪在众人眼前烧烤。”
Di aduan no sɛnea anka wubedi atoko ɔfam; to ma nnipa nhu na fa onipa agyanan yɛ ogya.”
13 耶和华说:“以色列人在我所赶他们到的各国中,也必这样吃不洁净的食物。”
Awurade kae se: “Saa ara na Israelfo bedi aduan a wɔagu ho fi wɔ amanaman a mɛpam wɔn akɔ so no.”
14 我说:“哎!主耶和华啊,我素来未曾被玷污,从幼年到如今没有吃过自死的,或被野兽撕裂的,那可憎的肉也未曾入我的口。”
Na mekae se, “Ɛnte saa, Otumfo Awurade! Minguu me ho fi da. Efi me mmofraase besi saa bere yi, minnii aboa funu anaa nea nkekaboa bi akum no atetew ne mu da. Nam a ɛho agu fi nkaa mʼano da.”
15 于是他对我说:“看哪,我给你牛粪代替人粪,你要将你的饼烤在其上。”
Awurade kae se, “eye, mɛma wode nantwi agyanan asi onipa de anan mu, na woato wo brodo wɔ so.”
16 他又对我说:“人子啊,我必在耶路撒冷折断他们的杖,就是断绝他们的粮。他们吃饼要按分两,忧虑而吃;喝水也要按制子,惊惶而喝;
Afei ɔka kyerɛɛ me se, “Onipa ba, metwa aduan a wɔde ba Yerusalem so. Nnipa no de ahoyeraw bedi aduan a wɔkyekyɛ mu na wɔde abasamtu anom nsu a wɔkyekyɛ,
17 使他们缺粮缺水,彼此惊惶,因自己的罪孽消灭。”
efisɛ aduan ne nsu ho bɛyɛ na. Wɔn ho bedwiriw wɔn sɛ wohu wɔn ho wɔn ho, na wɔn bɔne nti wɔbɛfonfɔn.”

< 以西结书 4 >