< 以西结书 38 >

1 耶和华的话临到我说:
Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ,
2 “人子啊,你要面向玛各地的歌革,就是罗施、米设、土巴的王发预言攻击他,
“Onipa ba, fa wʼani si Gog, a ɛwɔ Magog asase so no so, Mesek ne Tubal ɔberempɔn no; hyɛ nkɔm tia no
3 说主耶和华如此说:罗施、米设、土巴的王歌革啊,我与你为敌。
na ka sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Me ne wo anya, Gog, Mesek ne Tubal ɔberempɔn.
4 我必用钩子钩住你的腮颊,调转你,将你和你的军兵、马匹、马兵带出来,都披挂整齐,成了大队,有大小盾牌,各拿刀剑。
Mɛkyinkyim wo na mede nnarewa asosɔ wʼapantan mu, na mede wo ne wʼakodɔm nyinaa, wʼapɔnkɔ, wʼapɔnkɔtesofoɔ a wɔhyehyɛ akotaadeɛ ne ɛdɔm kɛseɛ a wɔkurakura akokyɛm akɛseɛ ne nketewa a wɔn nyinaa rehinhim wɔn akofena, apue.
5 波斯人、古实人,和弗人,各拿盾牌,头上戴盔;
Persia, Kus ne Put a wɔn nyinaa kurakura akokyɛm na wɔhyehyɛ wɔn dadeɛ kyɛ bɛka wɔn ho,
6 歌篾人和他的军队,北方极处的陀迦玛族和他的军队,这许多国的民都同着你。
afei Gomer ne nʼasraafoɔ nyinaa ne Bet-Togarma a wɔfiri atifi fam akyirikyiri ne nʼasraafoɔ ne aman bebree bɛka wo ho.
7 “那聚集到你这里的各队都当准备;你自己也要准备,作他们的大帅。
“‘Siesie wo ho, yɛ krado, wo ne nipakuo a wɔaboaboa wɔn ho ano wɔ wo nkyɛn nyinaa na yɛ wɔn so hwɛfoɔ.
8 过了多日,你必被差派。到末后之年,你必来到脱离刀剑从列国收回之地,到以色列常久荒凉的山上;但那从列国中招聚出来的必在其上安然居住。
Nna bebree akyi no, wobɛtwe atuo. Mfeɛ bi akyi no wobɛko afa asase bi a wafiri ɔko mu afirie na wɔaboaboa ɛso nnipa afiri amanaman so aba Israel mmepɔ a ada mpan akyɛre no so. Wɔde wɔn fifiri amanaman no mu, na seesei wɔn nyinaa te asomdwoeɛ mu.
9 你和你的军队,并同着你许多国的民,必如暴风上来,如密云遮盖地面。”
Wo ne wʼasraafoɔ nyinaa ne aman bebrebe a wɔwɔ wo nkyɛn no bɛforo akɔ mo anim sɛ ahum. Mobɛyɛ sɛ omununkum akata asase no so.
10 主耶和华如此说:“到那时,你心必起意念,图谋恶计,
“‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Saa ɛda no, nsusuiɛ bi bɛba wo tirim na wobɛdwene nhyehyɛeɛ bɔne bi.
11 说:‘我要上那无城墙的乡村,我要到那安静的民那里,他们都没有城墙,无门、无闩,安然居住。
Wobɛka sɛ, “Mɛko afa asase a wɔntoo ɛso nkuraa ho fasuo. Mɛto ahyɛ nnipa a wɔwɔ asomdwoeɛ na wɔnnwene hwee ho, a wɔn mu biara nni ɔfasuo, apono ne akyi adaban.
12 我去要抢财为掳物,夺货为掠物,反手攻击那从前荒凉、现在有人居住之地,又攻击那住世界中间、从列国招聚、得了牲畜财货的民。’
Mɛfom na mawia na madane me nsa atia amanfo a nnipa abɛtena soɔ ne nnipa a wɔaboa wɔn ano afiri amanaman so, nnipa a ayɛmmoa ne adwadideɛ abu wɔn soɔ na wɔtete asase no mfimfini.”
13 示巴人、底但人、他施的客商,和其间的少壮狮子都必问你说:‘你来要抢财为掳物吗?你聚集军队要夺货为掠物吗?要夺取金银,掳去牲畜、财货吗?要抢夺许多财宝为掳物吗?’
Seba ne Dedan ne Tarsis adwadifoɔ ne ne nkuraase nyinaa bɛbisa wo sɛ, “Woaba sɛ worebɛfom anaa? Woaboa wo dɔm ano sɛ morebɛwia na moasoa dwetɛ ne sikakɔkɔɔ, ayɛmmoa ne adwadideɛ akɔ na moafa afodeɛ bebree abranso anaa?”’
14 “人子啊,你要因此发预言,对歌革说,主耶和华如此说:到我民以色列安然居住之日,你岂不知道吗?
“Ɛno enti, onipa ba hyɛ nkɔm kyerɛ Gog sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Saa ɛda no, ɛberɛ a me nkurɔfoɔ Israelfoɔ te hɔ asomdwoeɛ mu no, worennwene ho anaa?
15 你必从本地,从北方的极处率领许多国的民来,都骑着马,乃一大队极多的军兵。
Wobɛfiri wʼasase so wɔ atifi fam nohoa tɔnn, wo ne aman bebree a wɔn nyinaa tete apɔnkɔ soɔ, nipadɔm kɛseɛ, asraadɔm a ɛso.
16 歌革啊,你必上来攻击我的民以色列,如密云遮盖地面。末后的日子,我必带你来攻击我的地,到我在外邦人眼前,在你身上显为圣的时候,好叫他们认识我。
Mobɛtu atene akɔtia me nkurɔfoɔ Israelfoɔ te sɛ omununkum a ɛkata asase no so. Nna a ɛbɛba no mu, Gog, mɛma woasɔre atia mʼasase, sɛdeɛ aman no bɛhunu me, ɛberɛ a menam wo so bɛda me ho adi sɛ ɔkronkronni wɔ wɔn anim.
17 主耶和华如此说:我在古时借我的仆人以色列的先知所说的,就是你吗?当日他们多年预言我必带你来攻击以色列人。”
“‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Ɛnyɛ wo ne deɛ menam mʼasomfoɔ Israel adiyifoɔ so kaa wo ho asɛm nna a atwam no anaa? Saa ɛberɛ no, wɔde mfeɛ bebree hyɛɛ nkɔm sɛ mɛma wo so de atia wɔn.
18 主耶和华说:“歌革上来攻击以色列地的时候,我的怒气要从鼻孔里发出。
Yei ne deɛ ɛbɛsi saa ɛda no. Sɛ Gog to hyɛ Israel asase so a, mʼabufuhyeɛ bɛsɔre, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.
19 我发愤恨和烈怒如火说:那日在以色列地必有大震动,
Mʼanem ne mʼabufuhyeɛ mu, mepae mu ka sɛ, saa ɛberɛ no asasewosoɔ kɛseɛ bɛba Israel asase so.
20 甚至海中的鱼、天空的鸟、田野的兽,并地上的一切昆虫,和其上的众人,因见我的面就都震动;山岭必崩裂,陡岩必塌陷,墙垣都必坍倒。”
Ɛpo mu mpataa, ewiem nnomaa, wiram mmoa, abɔdeɛ biara a ɛwea asase soɔ ne nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa ho bɛpopo wɔ mʼanim. Mmepɔ bɛtutu agu, abotan bɛdwiri na afasuo nyinaa abubu agu fam.
21 主耶和华说:“我必命我的诸山发刀剑来攻击歌革;人都要用刀剑杀害弟兄。
Mɛfrɛ akofena abɛtia Gog wɔ me mmepɔ nyinaa so, Otumfoɔ Awurade asɛm nie. Wɔde akofena bɛsɔre atia wɔn ho wɔn ho.
22 我必用瘟疫和流血的事刑罚他。我也必将暴雨、大雹与火,并硫磺降与他和他的军队,并他所率领的众民。
Mede ɔyaredɔm ne mogyahwiegu bɛbu no atɛn, mɛhwie osubrane, ampariboɔ, ogya ne sɔfe a ɛdɛre agu ɔno ne nʼasraafoɔ ne aman bebree a wɔka ne ho no so.
23 我必显为大,显为圣,在多国人的眼前显现;他们就知道我是耶和华。”
Enti mɛda me kɛseyɛ ne me kronkronyɛ adi, na mama amanaman ahunu me. Afei wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no.’

< 以西结书 38 >