< 以西结书 31 >

1 十一年三月初一日,耶和华的话临到我说:
Mfe dubaako mu, ɔsram a ɛto so abiɛsa no da a edi kan no, Awurade asɛm baa me nkyɛn se,
2 “人子啊,你要向埃及王法老和他的众人说: 在威势上谁能与你相比呢?
“Onipa ba, ka kyerɛ Misraimhene Farao ne ne dɔm se: “‘Hena ho na wɔde wo kɛseyɛ bɛtoto?
3 亚述王曾如黎巴嫩中的香柏树, 枝条荣美,影密如林, 极其高大,树尖插入云中。
Dwene Asiria ho, sida bi a bere bi na ɛwɔ Lebanon, Ɔde mman a ɛyɛ fɛ, na ɛhyɛ kwae so nyin kɔɔ soro yiye, ma ne nkɔn mu boro nhaban a ayɛ kusuu no so.
4 众水使它生长; 深水使它长大。 所栽之地有江河围流, 汊出的水道延到田野诸树。
Nsu no maa no aduan, mmura a mu dɔ ma enyin kɔɔ soro; wɔn nsuwansuwa sen faa nʼase nyinaa de kɔɔ mfuw no so nnua nyinaa ho.
5 所以它高大超过田野诸树; 发旺的时候,枝子繁多, 因得大水之力枝条长长。
Enti ɛkɔɔ sorosoro sen mfuw no so nnua nyinaa; ne dubaa dɔɔso ne mman nyin yɛɛ atenten, na nsu dodow a enyaa no nti ɛdennanee.
6 空中的飞鸟都在枝子上搭窝; 田野的走兽都在枝条下生子; 所有大国的人民都在它荫下居住。
Wim nnomaa nyinaa yɛɛ wɔn berebuw wɔ ne dubaa no mu, wuram mmoa nyinaa wowoo mma wɔ ne mman no ase aman akɛse nyinaa tenaa ne nwini ase.
7 树大条长,成为荣美, 因为根在众水之旁。
Na ne kɛseyɛ no yɛ fɛ, ne dubaa a adennan no nti, na ne ntin nyin kɔɔ fam koduu nsu bebree mu.
8 神园中的香柏树不能遮蔽它; 松树不及它的枝子; 枫树不及它的枝条; 神园中的树都没有它荣美。
Sida a ɛwɔ Onyankopɔn turo mu nto no, na ɔpepaw nnua nso dubaa ne no nyɛ pɛ, na wontumi mfa ɔfo nnua nso ntoto ne mman ho, dua biara nni Onyankopɔn turo no mu a nʼahoɔfɛ te sɛ no.
9 我使它的枝条蕃多,成为荣美, 以致 神伊甸园中的树都嫉妒它。”
Mebɔɔ no ahoɔfɛ maa no mman bebree, na nnua a ɛwɔ Eden nyinaa Onyankopɔn turo no mu no ani beree no.
10 所以主耶和华如此说:“因它高大,树尖插入云中,心骄气傲,
“‘Ɛno nti, sɛɛ na Otumfo Awurade se: Esiane sɛ enyin kɔɔ soro, maa ne nkɔn mu hyɛɛ nhaban a abunkam so, na afei ɔyɛɛ ahantan wɔ ne tentenyɛ ho nti,
11 我就必将它交给列国中大有威势的人;他必定办它。我因它的罪恶,已经驱逐它。
mede no hyɛɛ amanaman sodifo nsa, sɛ ɔne no nni no sɛnea nʼamumɔyɛ te. Mepoo no,
12 外邦人,就是列邦中强暴的,将它砍断弃掉。它的枝条落在山间和一切谷中,它的枝子折断,落在地的一切河旁。地上的众民已经走去,离开它的荫下。
na ananafo aman no mu anuɔdenfo twaa no hwee fam, na ogyaw no hɔ. Ne dubaa no hwehwee mmepɔw ne aku mu; ne mman mu bubuu wɔ subon mu. Asase so aman nyinaa fii ne nwini ase, na wogyaw no hɔ.
13 空中的飞鸟都要宿在这败落的树上,田野的走兽都要卧在它的枝条下,
Wim nnomaa nyinaa sisii dua a abu no so, na wuram mmoa kɔhyehyɛɛ ne mman mu.
14 好使水旁的诸树不因高大而自尊,也不将树尖插入云中,并且那些得水滋润、有势力的,也不得高大自立。因为它们在世人中,和下坑的人都被交与死亡,到阴府去了。”
Ɛno nti, nnua a ɛwɔ nsu ho no mu biara renyɛ ahantan, nnyin nkɔ sorosoro, mmoro nhaban a abunkam so no so. Nnua afoforo biara a enya nsu bebree no rennyin nkɔ soro saa bio. Wɔahyɛ sɛ wɔn nyinaa bewu akɔ asase ase, wɔ nnipamma a wosian kɔ amoa mu no nkyɛn.
15 主耶和华如此说:“它下阴间的那日,我便使人悲哀。我为它遮盖深渊,使江河凝结,大水停流;我也使黎巴嫩为它凄惨,田野的诸树都因它发昏。 (Sheol h7585)
“‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Da a wɔde no too ɔda mu no, mede awerɛhow kataa nsuwansuwa a mu dɔ no so maa no, na amma ne nsuten no ansen, na misiw ne nsu dodow no kwan. Ne nti mede kusuuyɛ furaa Lebanon, na nnua a ɛwɔ sare no so nyinaa botowee. (Sheol h7585)
16 我将它扔到阴间,与下坑的人一同下去。那时,列国听见它坠落的响声就都震动,并且伊甸的一切树—就是黎巴嫩得水滋润、最佳最美的树—都在阴府受了安慰。 (Sheol h7585)
Memaa aman no ho popoo wɔ nʼasehwe nnyigyei no ho, bere a mede no baa ɔda mu ne wɔn a wɔasian kɔ amoa mu no. Afei Eden nnua nyinaa, nea ɛte apɔw na ɛyɛ papa wɔ Lebanon, nnua a enya nsu yiye nyinaa nyaa awerɛkyekye wɔ asase ase. (Sheol h7585)
17 它们也与它同下阴间,到被杀的人那里。它们曾作它的膀臂,在列国中它的荫下居住。 (Sheol h7585)
Wɔn a wɔtenaa ne nwini ase, ne ne dɔm a wɔwɔ amanaman no mu nso ne no kɔ ɔda mu, akɔka wɔn a wɔtotɔɔ wɔ afoa ano no ho. (Sheol h7585)
18 在这样荣耀威势上,在伊甸园诸树中,谁能与你相比呢?然而你要与伊甸的诸树一同下到阴府,在未受割礼的人中,与被杀的人一同躺卧。 “法老和他的群众乃是如此。这是主耶和华说的。”
“‘Nnua a ɛwɔ Eden no mu de, ɛwɔ he na ebetumi de ne ho atoto wo ho wɔ anuonyam ne kɛseyɛ mu? Nanso wo nso wobesian wo akɔ fam, wo ne Eden nnua no. Wobɛfra momonotofo mu, wɔn a wɔatotɔ wɔ afoa ano no. “‘Eyi yɛ Farao ne ne dɔm no, Otumfo Awurade asɛm ni.’”

< 以西结书 31 >