< 以西结书 23 >

1 耶和华的话又临到我说:
Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:
2 “人子啊,有两个女子,是一母所生,
“Onipa ba, mmaa baanu a wɔyɛ ɔbaa baako mma tenaa ase.
3 她们在埃及行邪淫,在幼年时行邪淫。她们在那里作处女的时候,有人拥抱她们的怀,抚摸她们的乳。
Wɔbɛyɛɛ adwamammɔfoɔ wɔ Misraim, na wɔbɔɔ adwaman firii wɔn mmabaawaberɛ mu. Wɔmiamiaa wɔn nufu, feefee wɔn wɔ asase no so.
4 她们的名字,姊姊名叫阿荷拉,妹妹名叫阿荷利巴。她们都归于我,生了儿女。论到她们的名字,阿荷拉就是撒马利亚,阿荷利巴就是耶路撒冷。
Ɔpanin no din de Ohola ɛnna ne nuabaa no nso din de Oholiba. Na wɔyɛ me yerenom na wɔwowoo mmammarima ne mmammaa. Ohola ne Samaria ɛnna Oholiba nso ne Yerusalem.
5 “阿荷拉归我之后行邪淫,贪恋所爱的人,就是她的邻邦亚述人。
“Ohola da so ware me no, ɔbɔɔ adwaman; nʼani tu dii nʼapɛfoɔ akyi, Asiriafoɔ, akofoɔ no
6 这些人都穿蓝衣,作省长、副省长,都骑着马,是可爱的少年人。
a wɔhyehyɛ ntadeɛ bibire, amradofoɔ ne asahene a wɔn nyinaa yɛ mmeranteɛ a wɔn ho yɛ fɛ na wɔtena apɔnkɔ soɔ.
7 阿荷拉就与亚述人中最美的男子放纵淫行,她因所恋爱之人的一切偶像,玷污自己。
Ɔne Asiriafoɔ atitire bɔɔ adwaman, na ɔsomm wɔn a ɔdɔɔ wɔn nyinaa ahoni de guu ne ho fi.
8 自从在埃及的时候,她就没有离开淫乱,因为她年幼作处女的时候,埃及人与她行淫,抚摸她的乳,纵欲与她行淫。
Wannyae nʼadwamammɔ a ɔhyɛɛ aseɛ wɔ Misraim no, ɛberɛ a ɔyɛ ababaawa na mmarima ne no daeɛ, sosɔɔ ne mpokuwa mu na wɔhwiee wɔn akɔnnɔ guu ne soɔ.
9 因此,我将她交在她所爱的人手中,就是她所恋爱的亚述人手中。
“Ɛno enti mede no maa nʼadɔfoɔ Asiriafoɔ no a nʼani bere wɔn no.
10 他们就露了她的下体,掳掠她的儿女,用刀杀了她,使她在妇女中留下臭名,因他们向她施行审判。
Wɔbɔɔ no adagya, faa ne mmammarima ne ne mmammaa kɔeɛ, na wɔde akofena kumm no. Ɔgyee ne din wɔ mmaa mu na asotwe baa no so.
11 “她妹妹阿荷利巴虽然看见了,却还贪恋,比她姊姊更丑;行淫乱比她姊姊更多。
“Ne nuabaa Oholiba hunuu yei nanso nʼakɔnnɔ bɔne ne nʼadwaman senee ne nuabaa no deɛ.
12 她贪恋邻邦的亚述人,就是穿极华美的衣服,骑着马的省长、副省长,都是可爱的少年人。
Ɔno nso dii Asiriafoɔ no akyi; amradofoɔ ne asahene, akofoɔ a wɔhyehyɛ wɔn ntadeɛ, apɔnkɔsotefoɔ a wɔn nyinaa yɛ mmeranteɛ ahoɔfɛfoɔ.
13 我看见她被玷污了,她姊妹二人同行一路。
Mehunuu sɛ ɔno nso guu ne ho fi, wɔn baanu faa ɛkwan korɔ so.
14 阿荷利巴又加增淫行,因她看见人像画在墙上,就是用丹色所画迦勒底人的像,
“Na ɔtoaa nʼadwamammɔ no so kɔɔ akyiri. Ɔhunuu mmarima mfoni a wɔakurukyire agu ɔfasuo bi ho, Kaldeafoɔ mfoni a wɔde adukɔkɔɔ akrukyire
15 腰间系着带子,头上有下垂的裹头巾,都是军长的形状,仿照巴比伦人的形象;他们的故土就是迦勒底。
a abɔsoɔ bobɔ wɔn asene mu na abɔtiten bobɔ wɔn tiri a wɔn nyinaa te sɛ Babilonia nteaseɛnam mu mpanimfoɔ a wɔfiri Kaldea.
16 阿荷利巴一看见就贪恋他们,打发使者往迦勒底去见他们。
Ɔhunuu saa mfoni yi, ne kɔn dɔɔ wɔn na ɔsomaa abɔfoɔ kɔɔ wɔn nkyɛn wɔ Kaldea.
17 巴比伦人就来登她爱情的床,与她行淫玷污她。她被玷污,随后心里与他们生疏。
Na Babiloniafoɔ no baa ne nkyɛn ne no bɛdaa ɔdɔ mpa so, na wɔn akɔnnɔ mu no, wɔguu ne ho fi. Wɔguu ne ho fi wieeɛ no wɔn ho fonoo no enti ɔgyaa wɔn.
18 这样,她显露淫行,又显露下体;我心就与她生疏,像先前与她姊姊生疏一样。
Ɔkɔɔ so wɔ nʼadwamammɔ mu, bɔɔ ne ho adagya no, megyaa no hɔ sɛdeɛ megyaa ne nuabaa no hɔ pɛpɛɛpɛ.
19 她还加增她的淫行,追念她幼年在埃及地行邪淫的日子,
Na ɔmaa nʼadwamammɔ no kɔɔ so ara de kaee ne mmabaawaberɛ a na ɔbɔ adwaman wɔ Misraim no.
20 贪恋情人身壮精足,如驴如马。
Ɛhɔ na ɔne nʼadɔfoɔ a wɔn barima te sɛ mfunumu deɛ na wɔn ahobaa te sɛ apɔnkɔ deɛ no bɔɔ adwaman.
21 这样,你就想起你幼年的淫行。那时,埃及人拥抱你的怀,抚摸你的乳。”
Na wo kɔn dɔɔ wo mmabunu mu akɔnnɔ bɔne no, deɛ woyɛɛ wɔ Misraim a wɔsrasraa wo koko mu na wɔmiamiaa wo mpɔkowa no.
22 阿荷利巴啊,主耶和华如此说:“我必激动你先爱而后生疏的人来攻击你。我必使他们来,在你四围攻击你。
“Ɛno enti, Oholiba, yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Mɛhwanyan wʼadɔfoɔ atia wo, wɔn a wɔn ho fonoo woɔ ma wogyaa wɔn hɔ no; mede wɔn bɛfiri afanan nyinaa abɛtia wo.
23 所来的就是巴比伦人、迦勒底的众人、比割人、书亚人、哥亚人,同着他们的还有亚述众人,乃是作省长、副省长、作军长有名声的,都骑着马,是可爱的少年人。
Babiloniafoɔ ne Kaldeafoɔ nyinaa, Pekod, Soa ne Koa mmarima, Asiriafoɔ no ne wɔn bɛba, mmeranteɛ ahoɔfɛfoɔ a wɔn nyinaa yɛ amradofoɔ, asahene, nteaseɛnam ho adwumayɛfoɔ ne mmarima a wɔkura diberɛ akɛseɛ a wɔn nyinaa tete apɔnkɔ soɔ.
24 他们必带兵器、战车、辎重车,率领大众来攻击你。他们要拿大小盾牌,顶盔摆阵,在你四围攻击你。我要将审判的事交给他们,他们必按着自己的条例审判你。
Wɔde akodeɛ, nteaseɛnam ahodoɔ ne nipadɔm bɛba abɛtia wo; wɔde akokyɛm akɛseɛ ne nketewa ne dadeɛ kyɛ bɛka wo ahyɛ. Mede wo bɛhyɛ wɔn nsa, na wɔagyina wɔn nhyehyɛeɛ so atwe wo aso.
25 我必以忌恨攻击你;他们必以忿怒办你。他们必割去你的鼻子和耳朵;你遗留的人必倒在刀下。他们必掳去你的儿女;你所遗留的必被火焚烧。
Mɛdane me ninkunu abufuo no akyerɛ wo so, na wɔne wo bɛdi no anibereɛ so. Wɔbɛtwitwa mo hwene ne mo aso, na wɔn a wɔbɛka no, wɔbɛtotɔ wɔ akofena ano. Wɔbɛfa mo mmammarima ne mo mmammaa akɔ, na mo a moaka no wɔde ogya ahye mo.
26 他们必剥去你的衣服,夺取你华美的宝器。
Wɔbɛpa wo ho ntoma nso na wɔafa wʼadwinneɛ.
27 这样,我必使你的淫行和你从埃及地染来的淫乱止息了,使你不再仰望亚述,也不再追念埃及。
Ɛno enti mɛma wʼakɔnnɔbɔne ne adwamammɔ a wohyɛɛ aseɛ wɔ Misraim no aba nʼawieeɛ. Wo kɔn rennɔ saa nneɛma yi na worenkae Misraim bio.
28 主耶和华如此说:我必将你交在你所恨恶的人手中,就是你心与他生疏的人手中。
“Na sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Mede wo rebɛhyɛ wʼatamfoɔ nsa, wɔn a wɔn ho fonoo woɔ ma wogyaee wɔn no.
29 他们必以恨恶办你,夺取你一切劳碌得来的,留下你赤身露体。你淫乱的下体,连你的淫行,带你的淫乱,都被显露。
Wɔde ɔtan ne wo bɛdi, na wɔafa deɛ woayɛ adwuma apɛ nyinaa. Wɔbɛgya wo adagya ne kwaterekwa, na wʼadwamammɔ ho aniwuo no bɛda adi. Wʼaniwudeɛ ne wʼadwamansɛm no
30 人必向你行这些事;因为你随从外邦人行邪淫,被他们的偶像玷污了。
na ɛde yeinom aba wo so, ɛfiri sɛ wo kɔn dɔɔ amanaman no na wode wɔn ahoni guu wo ho fi.
31 你走了你姊姊所走的路,所以我必将她的杯交在你手中。”
Woayɛ deɛ wo nuabaa yɛeɛ no bi; na ɛno enti mede ne kuruwa bɛhyɛ wo nsa.
32 主耶和华如此说: 你必喝你姊姊所喝的杯; 那杯又深又广,盛得甚多, 使你被人嗤笑讥刺。
“Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: “Wobɛnom wo nuabaa kuruwa ano, kuruwa a ɛso na emu dɔ; ɛde fɛdie ne ahohora bɛba, ɛfiri sɛ deɛ ɛwɔ mu dɔɔso.
33 你必酩酊大醉,满有愁苦, 喝干你姊姊撒马利亚的杯, 就是令人惊骇凄凉的杯。
Nsãborɔ ne awerɛhoɔ bɛhyɛ wo ma, ɔsɛeɛ ne afoyɛ kuruwa no, wo nuabaa Samaria kuruwa no bɛhyɛ wo ma.
34 你必喝这杯,以致喝尽。 杯破又啃杯片, 撕裂自己的乳; 因为这事我曾说过。 这是主耶和华说的。
Wobɛnom a hwee renka mu: wode bɛhwe fam ma abobɔ nketenkete na woatete wo mpokuwa mu. Me na maka, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.
35 主耶和华如此说:“因你忘记我,将我丢在背后,所以你要担当你淫行和淫乱的报应。”
“Ɛno enti yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Esiane sɛ wo werɛ afiri me na woato me atwene wʼakyi enti, ɛsɛ sɛ wonya wʼaniwudeɛ ne wʼadwamammɔ so akatua.”
36 耶和华又对我说:“人子啊,你要审问阿荷拉与阿荷利巴吗?当指出她们所行可憎的事。
Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, wobɛbu Ohola ne Oholiba atɛn anaa? Ɛnneɛ fa wɔn akyiwadeɛ no si wɔn anim,
37 她们行淫,手中有杀人的血,又与偶像行淫,并使她们为我所生的儿女经火烧给偶像。
ɛfiri sɛ wɔasɛe awadeɛ, na mogya wɔ wɔn nsa ho. Wɔde wɔn ahoni na ɛsɛee awadeɛ no; na mpo wɔde wɔn mma a wɔwoo wɔn maa me no bɔɔ afɔdeɛ maa wɔn sɛ wɔn aduane.
38 此外,她们还有向我所行的,就是同日玷污我的圣所,干犯我的安息日。
Wɔde yei nso ayɛ me: Saa ɛberɛ korɔ no ara mu, wɔguu me kronkronbea ne me home nna ho fi.
39 她们杀了儿女献与偶像,当天又入我的圣所,将圣所亵渎了。她们在我殿中所行的乃是如此。
Ɛda a wɔde wɔn mma bɔɔ afɔdeɛ maa wɔn ahoni no ara, wɔhyɛnee me kronkronbea hɔ kɔguu ho fi. Yei na wɔyɛɛ wɔ me fie.
40 “况且你们二妇打发使者去请远方人。使者到他们那里,他们就来了。你们为他们沐浴己身,粉饰眼目,佩戴妆饰,
“Wɔsomaa abɔfoɔ kɔfrɛɛ mmarima a wɔfiri akyirikyiri baeɛ, na wɔbɛduruiɛ no, modwareeɛ, kekaa mo ani akyi, de mo adwinneɛ hyehyɛɛ mo ho maa wɔn.
41 坐在华美的床上,前面摆设桌案,将我的香料膏油摆在其上。
Motenaa akonnwa papa bi a wɔde ɛpono a wɔasɛ so asi anim. Ɛso na mode nnuhwam ne ngo a anka ɛyɛ me dea sisiiɛ.
42 在那里有群众安逸欢乐的声音,并有粗俗的人和酒徒从旷野同来,把镯子戴在二妇的手上,把华冠戴在她们的头上。
“Na hooyɛ a ɛfiri nipakuo bi a hwee mfa wɔn ho atwa ne ho ahyia. Wɔde Sabeafoɔ firi ɛserɛ no so ne mmarima a wɔfiri ɛdɔm no mu baeɛ na wɔde nkapo hyehyɛɛ ɔbaa no ne ne nua no nsa, na wɔhyɛɛ wɔn ahenkyɛ a ɛyɛ fɛ.
43 “我论这行淫衰老的妇人说:现在人还要与她行淫,她也要与人行淫。
Na meka faa deɛ awaresɛeɛ ama watete no ho sɛ, ‘Momma wɔnyɛ no sɛ odwamanfoɔ, ɛfiri sɛ saa ara pɛ na ɔteɛ.’
44 人与阿荷拉,并阿荷利巴二淫妇苟合,好像与妓女苟合。
Na wɔne no daeɛ. Sɛdeɛ mmarima ne odwamanfoɔ da no, saa ara na wɔne saa mmaa a wɔn ho yɛ aniwuo no, Ohola ne Oholiba, daeɛ.
45 必有义人,照审判淫妇和流人血的妇人之例,审判她们;因为她们是淫妇,手中有杀人的血。”
Nanso mmarima teneneefoɔ de asotwe a wɔde ma mmaa a wɔsɛe awadeɛ na wɔka mogya guo bɛbu wɔn atɛn, ɛfiri sɛ wɔyɛ awaresɛefoɔ, na wɔn nsa ho wɔ mogya.
46 主耶和华如此说:“我必使多人来攻击她们,使她们抛来抛去,被人抢夺。
“Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Fa nipakuo bra bɛtia wɔn na ma ahunahuna ne ɔfom mmra wɔn so.
47 这些人必用石头打死她们,用刀剑杀害她们,又杀戮她们的儿女,用火焚烧她们的房屋。
Nipakuo no bɛsi wɔn aboɔ na wɔde wɔn akofena bɛto ahyɛ wɔn so. Wɔbɛkunkum wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa na wɔahye wɔn afie.
48 这样,我必使淫行从境内止息,好叫一切妇人都受警戒,不效法你们的淫行。
“Ɛno enti mɛma aniwudeyɛ aba awieeɛ wɔ asase no so na abɔ afanan nyinaa kɔkɔ na wɔansua mo.
49 人必照着你们的淫行报应你们;你们要担当拜偶像的罪,就知道我是主耶和华。”
Wobɛnya wʼaniwudeɛ so asotwe na woanya abosonsom ho bɔne so akatua. Afei wobɛhunu sɛ mene Otumfoɔ Awurade no.”

< 以西结书 23 >