< 出埃及记 26 >

1 “你要用十幅幔子做帐幕。这些幔子要用捻的细麻和蓝色、紫色、朱红色线制造,并用巧匠的手工绣上基路伯。
“Fa asaawa a ɛyɛ fɛ a wɔafira yɛ nsɛnanotam edu a emu bi yɛ tuntum, bibire ne koogyan a wɔanwono Kerubim agu mu, na fa si Ahyiaeɛ Ntomadan no.
2 每幅幔子要长二十八肘,宽四肘,幔子都要一样的尺寸。
Ɛsɛ sɛ nsɛnanotam edu no nyinaa kɛseɛ yɛ pɛ. Emu biara tenten yɛ anammɔn aduanan mmienu na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn nsia.
3 这五幅幔子要幅幅相连;那五幅幔子也要幅幅相连。
Mompam saa ntoma no enum mmɔ mu ma ɛnyɛ baako. Enum a aka no nso, monyɛ no saa ara.
4 在这相连的幔子末幅边上要做蓝色的钮扣;在那相连的幔子末幅边上也要照样做。
Momfa ntoma bibire bamma aduonum nwurawura ntoma no afa mmienu a ɛsensɛn hɔ no mu.
5 要在这相连的幔子上做五十个钮扣;在那相连的幔子上也做五十个钮扣,都要两两相对。
Ɛsɛ sɛ ɛfa biara, mobɔ nkantankorowa aduonum ma ɛdi nhwɛanimu.
6 又要做五十个金钩,用钩使幔子相连,这才成了一个帐幕。
Bɔ sikakɔkɔɔ nkɔtɔkorɔ aduonum na fa sosɔ nkantankorowa no mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nsɛnanotam ahodoɔ mmienu no bɛyɛ nsɛnanotam baako.
7 “你要用山羊毛织十一幅幔子,作为帐幕以上的罩棚。
“Nsɛnanotam no akyi no, momfa ntoma nkatasoɔ dubaako a wɔde mmirekyie nwi ayɛ mfa mmɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no so.
8 每幅幔子要长三十肘,宽四肘;十一幅幔子都要一样的尺寸。
Ntoma nkatasoɔ dubaako no nyinaa tenten ne ne tɛtrɛtɛ nyɛ pɛpɛɛpɛ. Ne tenten nyɛ anammɔn aduanan enum na ne tɛtrɛtɛ nyɛ anammɔn nsia.
9 要把五幅幔子连成一幅,又把六幅幔子连成一幅,这第六幅幔子要在罩棚的前面折上去。
Ka saa nkatasoɔ enum yi sisi anim ma ɛnyɛ adeɛ tɛtrɛtɛ baako; na fa nsia a aka no bɔ mu na ɛno nso nyɛ adeɛ tɛtrɛtɛ baako. Wɔbɛbu nkatasoɔ ɛtɔ so nsia no ato so ama asensɛn fam sɛ ɛdan kronkron no nkatano.
10 在这相连的幔子末幅边上要做五十个钮扣;在那相连的幔子末幅边上也做五十个钮扣。
Fa yaawa nkantankorowa aduonum a wɔabɔ no hyehyɛ ntoma asinasini mmienu no ano.
11 又要做五十个铜钩,钩在钮扣中,使罩棚连成一个。
Na yɛ nsosɔmu aduonum na fa saa nsosɔmu no hyehyɛ nkantankorowa no mu na ɛnka asɔredan no mmɔ mu na ɛnyɛ mua.
12 罩棚的幔子所余那垂下来的半幅幔子,要垂在帐幕的后头。
Ɛdan no mmɔsotam anammɔn baako ne fa bɛsensɛn Ahyiaeɛ Ntomadan no akyi,
13 罩棚的幔子所余长的,这边一肘,那边一肘,要垂在帐幕的两旁,遮盖帐幕。
na anammɔn baako ne fa nso asensɛn animu.
14 又要用染红的公羊皮做罩棚的盖;再用海狗皮做一层罩棚上的顶盖。
Momfa nneɛma ahodoɔ mmienu mmɔ ɛdan no so. Deɛ ɛdi ɛkan no nyɛ odwennini wedeɛ a wɔahyɛ no kɔkɔɔ, deɛ ɛtɔ so mmienu nyɛ abirekyie wedeɛ a ɛsɔ.
15 “你要用皂荚木做帐幕的竖板。
“Fa okuo yɛ ntaaboo na fatwa Ahyiaeɛ Ntomadan no ho.
16 每块要长十肘,宽一肘半;
Taaboo biara ɔsorokɔ nyɛ anammɔn dunum na ne tɛtrɛtɛ nyɛ anammɔn mmienu ne kakra.
17 每块必有两榫相对。帐幕一切的板都要这样做。
Ɛsɛ sɛ nkɔtɔkorɔ mmienu wɔ taaboo biara ase, na taaboo biara yɛ pɛ.
18 帐幕的南面要做板二十块。
Mobɛyɛ Ahyiaeɛ Ntomadan no ntaaboo ama emu aduonu akyerɛ nʼanafoɔ.
19 在这二十块板底下要做四十个带卯的银座,两卯接这块板上的两榫,两卯接那块板上的两榫。
Wɔde bɛsisi dwetɛ nsisisoɔ aduanan so; nsisisoɔ no mmienu mmienu nhyehyɛ taaboo biara ase.
20 帐幕第二面,就是北面,也要做板二十块
Ahyiaeɛ Ntomadan no atifi fam nso, wɔbɛyɛ ntaaboo aduonu atwa ho.
21 和带卯的银座四十个;这板底下有两卯,那板底下也有两卯。
Ɛno nso wɔde bɛsisi dwetɛ nsisisoɔ aduanan so a taaboo baako bɛsi nsisisoɔ mmienu so.
22 帐幕的后面,就是西面,要做板六块。
Ahyiaeɛ Ntomadan no fa a ɛkyerɛ atɔeɛ fam no bɛyɛ nʼakyi. Ɛno nso, wɔde ntaaboo nsia na wɔde bɛtwa ho
23 帐幕后面的拐角要做板两块。
a ntaaboo mmienu sisi ntwea biara.
24 板的下半截要双的,上半截要整的,直顶到第一个环子;两块都要这样做两个拐角。
Wɔde nkɔtɔkorɔ bɛsosɔ ntaaboo mmienu no soro ne ne fam.
25 必有八块板和十六个带卯的银座;这板底下有两卯,那板底下也有两卯。
Wɔka ne nyinaa bom a, ntaaboo wɔtwe na wɔde bɛyɛ ɛdan no fa hɔ a wɔde bɛsisi dwetɛ nsisisoɔ dunsia so. Taaboo biara bɛfa nsisisoɔ mmienu.
26 “你要用皂荚木作闩:为帐幕这面的板作五闩,
“Fa okuo sene mmeamu nnua bi na fa beabea ntaaboo no mu. Mmeamu nnua no enum nkɔ ɛdan no fa baako,
27 为帐幕那面的板做五闩,又为帐幕后面的板做五闩。
na enum a aka no nso nkɔ ɛfa baako. Fa mmeamu nnua no enum bɔ ntaaboo a ɛwɔ ntomadan no akyi, a ani kyerɛ atɔeɛ fam no.
28 板腰间的中闩要从这一头通到那一头。
Bɔ mmeamu dua baako fa bea ntaaboo no mfimfini na ɛmfiri tire nkɔka tire.
29 板要用金子包裹,又要做板上的金环套闩;闩也要用金子包裹。
Fa sikakɔkɔɔ dura ntaaboo no ho na fa sikakɔkɔɔ nkawa sosɔ mmeamu dua no mu na ɛnnyina. Fa sikakɔkɔɔ dura mmeamu dua no nso ho.
30 要照着在山上指示你的样式立起帐幕。
“Fa hyehyɛbea a mekyerɛɛ wo wɔ bepɔ no so hɔ no so pɛpɛɛpɛ si Ahyiaeɛ Ntomadan no.
31 “你要用蓝色、紫色、朱红色线,和捻的细麻织幔子,以巧匠的手工绣上基路伯。
“Fa ntoma tuntum, koogyan bibire, koogyan ne asaawatam a ɛyɛ fɛ yɛ ntwamutam a wɔanwono Kerubim sɛso agu mu no.
32 要把幔子挂在四根包金的皂荚木柱子上,柱子上当有金钩,柱子安在四个带卯的银座上。
Fa sɛn okuo nnua fadum nan a wɔde sikakɔkɔɔ adura ho a sikakɔkɔɔ nsosɔmu nan sosɔ ano no so. Ma fadum ɛnan no mu biara nsi dwetɛ ntaaboo ɛnan no baako so.
33 要使幔子垂在钩子下,把法柜抬进幔子内;这幔子要将圣所和至圣所隔开。
Fa ntwamutam no sensɛn nsosɔmu no so na fa tware ɛdan no mu. Fa adaka a ɛboɔ a wɔatwerɛ Onyankopɔn mmara agu so no da mu no si ntoma ntwamu no akyiri. Ntoma ntwamu no bɛtwa kronkronbea hɔ ne kronkron mu kronkron no ntam.
34 又要把施恩座安在至圣所内的法柜上,
Afei, fa adaka no mmuasoɔ a wɔde sikakɔkɔɔ ayɛ no bua so na fa si kronkron mu kronkron hɔ.
35 把桌子安在幔子外帐幕的北面;把灯台安在帐幕的南面,彼此相对。
Fa ɛpono no ne kaneadua no tware dan no mu wɔ ntwamutam no akyi. Kaneadua no bɛsi kronkronbea no anafoɔ, ɛnna ɛpono no asi nʼatifi.
36 “你要拿蓝色、紫色、朱红色线,和捻的细麻,用绣花的手工织帐幕的门帘。
“Fa ntoma foforɔ a ɛyɛ koogyan bibire ne koogyan asaawatam yɛ Ahyiaeɛ Ntomadan no ano nkatano.
37 要用皂荚木为帘子做五根柱子,用金子包裹。柱子上当有金钩;又要为柱子用铜铸造五个带卯的座。”
Fa saa ntwamutam no sɛn okuo mpunan enum a wɔde sikakɔkɔɔ adura ho no nsosɔmu no so. Wɔde saa mpunan no bɛsisi yaawa ntaeaseɛ enum no mu.

< 出埃及记 26 >