< 申命记 22 >

1 “你若看见弟兄的牛或羊失迷了路,不可佯为不见,总要把它牵回来交给你的弟兄。
Sɛ wuhu sɛ wo yɔnko Israelni bi nantwi anaa ne guan nam basabasa a, mmu wʼani ngu so; mmom kyere no kɔma ne wura.
2 你弟兄若离你远,或是你不认识他,就要牵到你家去,留在你那里,等你弟兄来寻找就还给他。
Sɛ ne wura nte mmɛn wo, anaasɛ wunnim no a, fa no kɔ wo fi kosi sɛ ne wura no bɛba abɛhwehwɛ no na wode nʼaboa ma no.
3 你的弟兄无论失落什么,或是驴,或是衣服,你若遇见,都要这样行,不可佯为不见。
Sɛ wuhu wo nua bi afurum anaa ne ntama anaa ne biribi a ayera a, yɛ no saa ara. Mmu wʼani ngu so.
4 你若看见弟兄的牛或驴跌倒在路上,不可佯为不见,总要帮助他拉起来。
Sɛ wuhu sɛ wo yɔnko Israelni bi afurum anaa ne nantwi bi atew ahwe wɔ ɔkwan mu a, mmu wʼani ngu so. Kɔboa ne wura no na ɔmma aboa no so nnyina hɔ.
5 “妇女不可穿戴男子所穿戴的,男子也不可穿妇女的衣服,因为这样行都是耶和华—你 神所憎恶的。
Ɛnsɛ sɛ ɔbea hyɛ mmarima atade, saa ara nso na ɛnsɛ sɛ ɔbarima hyɛ mmea atade, efisɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, kyi obiara a ɔyɛ eyi.
6 “你若路上遇见鸟窝,或在树上或在地上,里头有雏或有蛋,母鸟伏在雏上或在蛋上,你不可连母带雏一并取去。
Sɛ wokɔto anomaa berebuw wɔ ɔkwankyɛn, sɛ ɛhyɛ dua mu anaa ɛda fam, na sɛ anomaa no na butuw ne ba no so anaa obutuw nkesua so a, mfa anomaa no na ne ne ba no nkɔ.
7 总要放母,只可取雏;这样你就可以享福,日子得以长久。
Wutumi fa ne ba no nanso hwɛ sɛ wobɛma ne na no akɔ, sɛnea ebesi wo yiye na wo nkwanna aware.
8 “你若建造房屋,要在房上的四围安栏杆,免得有人从房上掉下来,流血的罪就归于你家。
Sɛ wusi ɔdan foforo a, yɛ ban fa wo dan no nkuruso no ho na obi amfi hɔ antew anhwe amma woamfa mogyahwiegu ho afɔdi amma wo ne wo dan no so.
9 “不可把两样种子种在你的葡萄园里,免得你撒种所结的和葡萄园的果子都要充公。
Nnua nnɔbae foforo biara wɔ bobe ntam wɔ wo bobeturo mu. Sɛ woyɛ saa a, na wo nnɔbae no ne bobeturo no so aba nyinaa ho agu fi.
10 不可并用牛、驴耕地。
Nsa nantwi ne afurum mmɔ mu mfuntum afuw.
11 不可穿羊毛、细麻两样搀杂料做的衣服。
Mfura ntama a wɔde kuntu ne sirikyi afra anwen.
12 “你要在所披的外衣上四围做 子。”
Yɛ ntama a wufura no ano anan no nyinaa mpɛsɛ.
13 “人若娶妻,与她同房之后恨恶她,
Sɛ ɔbarima ware ɔbea na ɔne no da na akyiri no ɔmpɛ no bio,
14 信口说她,将丑名加在她身上,说:‘我娶了这女子,与她同房,见她没有贞洁的凭据’;
na enti ɔka ne ho asɛmmɔne, bɔ no din bɔne se, “Mewaree no no, manhu biribiara a ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ ɔbabun,”
15 女子的父母就要把女子贞洁的凭据拿出来,带到本城门长老那里。
a, ɔbea no agya ne ne na wɔ ho kwan sɛ wɔde adansede a ɛkyerɛ sɛ wɔn babea no yɛ ɔbabun bɛkyerɛ kurow no mpanyimfo wɔ kurow no pon.
16 女子的父亲要对长老说:‘我将我的女儿给这人为妻,他恨恶她,
Ɛsɛ sɛ ɔbea no agya ka kyerɛ wɔn se, “Mede me babea maa ɔbarima yi aware nanso ose ɔmpɛ no bio.
17 信口说她,说:我见你的女儿没有贞洁的凭据;其实这就是我女儿贞洁的凭据。’父母就把那布铺在本城的长老面前。
Wagu nʼanim ase aka se, ‘Manhu sɛ wo babea no yɛ ɔbabun.’ Nanso adansede a ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ ɔbabun no ni.” Afei, wɔbɛtrɛw ntama no mu wɔ kurow no mpanyimfo anim,
18 本城的长老要拿住那人,惩治他,
na mpanyimfo no bɛfrɛ ɔbarima no atwe nʼaso.
19 并要罚他一百舍客勒银子,给女子的父亲,因为他将丑名加在以色列的一个处女身上。女子仍作他的妻,终身不可休她。
Wɔbɛbɔ no ka kilogram baako sɛ wagu Israel ɔbabun no anim ase. Wobetua sika no ama ɔbea no agya. Afei, ɔbabea no bɛyɛ ɔbarima no yere a ɔrennyaa no bio.
20 但这事若是真的,女子没有贞洁的凭据,
Sɛ ɛkɔba sɛ kwaadu a wɔde bɔɔ no no yɛ nokware na wɔannya adansede a ɛfa ne babunyɛ no ho ankyerɛ a,
21 就要将女子带到她父家的门口,本城的人要用石头将她打死;因为她在父家行了淫乱,在以色列中做了丑事。这样,就把那恶从你们中间除掉。
wɔde ɔbea no bɛba nʼagya fi abɔntenpon ano na kurom hɔ mmarima asiw no abo akum no. Ɔnam aguamammɔ so ayɛ animguase ade wɔ Israel, bere a ɔne nʼawofo te. Ɛsɛ sɛ mutu saa bɔne no ase fi mo mu.
22 “若遇见人与有丈夫的妇人行淫,就要将奸夫淫妇一并治死。这样,就把那恶从以色列中除掉。
Sɛ wohu sɛ ɔbarima bi ne ɔbarima foforo bi yere da a, ɛsɛ sɛ wokum ɔbarima a ɔne ɔbea no dae no ne ɔbea no nyinaa. Ɛsɛ sɛ mutu saa bɔne no ase wɔ Israel.
23 “若有处女已经许配丈夫,有人在城里遇见她,与她行淫,
Sɛ ɔbarima bi hyia ababaa a ɔyɛ ɔbabun a ɔne obi ahyehyɛ aware na ɔbarima no ne ababaa no da na sɛ saa asɛm no sii wɔ kurow no mu a,
24 你们就要把这二人带到本城门,用石头打死—女子是因为虽在城里却没有喊叫;男子是因为玷污别人的妻。这样,就把那恶从你们中间除掉。
ɛsɛ sɛ mode wɔn baanu no kɔ kurow no apon ano kosiw wɔn abo kum wɔn. Ababaa no di fɔ, efisɛ na ɔwɔ kurom nanso wanteɛteɛ mu ampɛ mmoa. Ɛsɛ sɛ ɔbarima no nso wu, efisɛ wafa obi yere. Ɛsɛ sɛ mutu saa bɔne no ase fi mo mu.
25 “若有男子在田野遇见已经许配人的女子,强与她行淫,只要将那男子治死。
Sɛ ɔbarima bi hyia ɔbea a obi ne no ahyehyɛ aware wɔ wuram, na ɔbarima no hyɛ no ne no da a, ɛsɛ sɛ wokum ɔbarima a ɔyɛɛ saa no nkutoo.
26 但不可办女子;她本没有该死的罪,这事就类乎人起来攻击邻舍,将他杀了一样。
Monnyɛ ababaa no hwee, efisɛ ɔnyɛɛ bɔne biara a ɛma ɔfata owu. Saa asɛm yi te sɛ obi a watow ahyɛ ne yɔnko so akum no,
27 因为男子是在田野遇见那已经许配人的女子,女子喊叫,并无人救她。
efisɛ ɔbarima no hyiaa ɔbea no wɔ wuram, na asiwa no teɛteɛɛ mu de, nanso wannya ogyefo biara.
28 “若有男子遇见没有许配人的处女,抓住她,与她行淫,被人看见,
Sɛ wɔkyere ɔbarima bi sɛ wahyɛ ababaa bi a obi ne no nhyehyɛe aware, ne no ada a,
29 这男子就要拿五十舍客勒银子给女子的父亲;因他玷污了这女子,就要娶她为妻,终身不可休她。
ɛsɛ sɛ otua dwetɛ kilogram abien ne fa ma ababaa no agya. Na ɛno akyi no, ɛsɛ sɛ ɔbarima no ware ababaa no, efisɛ wagu nʼanim ase na ɔrentumi nnyae no aware da.
30 “人不可娶继母为妻;不可掀开他父亲的衣襟。”
Ɔbarima biara nni ho kwan sɛ ɔne nʼagya yere da; ɛnsɛ sɛ ogu nʼagya mpa ho fi.

< 申命记 22 >