< 但以理书 6 >

1 大流士随心所愿,立一百二十个总督,治理通国。
Ɛsɔɔ Ɔhene Dario ani sɛ ɔbɛpa ahenemma ɔha ne aduonu de wɔn atuatua amantam a ɛwɔ ahemman no mu no ano.
2 又在他们以上立总长三人(但以理在其中),使总督在他们三人面前回复事务,免得王受亏损。
Ɔhene no san yii Daniel ne afoforo baanu bi sɛ mpanyimfo a wɔhwɛ ahenemma no so, sɛnea wɔbɛtoto nneɛma yiye, na ɔhene no ammɔ ka.
3 因这但以理有美好的灵性,所以显然超乎其余的总长和总督,王又想立他治理通国。
Na Daniel daa ne ho adi sɛ onim de wɔ mpanyimfo ne ahenemma no mu, ɛno nti, Ɔhene yɛɛ nhyehyɛe sɛ, ɔde no besi ɔman no nyinaa so panyin.
4 那时,总长和总督寻找但以理误国的把柄,为要参他;只是找不着他的错误过失,因他忠心办事,毫无错误过失。
Ɛyɛɛ saa maa mpanyimfo no ne ahenemma no hwehwɛɛ sɛ wobenya Daniel ho asɛm wɔ nʼamammui no fam, nanso wɔannya nʼadwumayɛ no ho mfomso biara, efisɛ ɔyɛ ɔnokwafo.
5 那些人便说:“我们要找参这但以理的把柄,除非在他 神的律法中就寻不着。”
Na mmarima no kae se, “Yɛrennya Daniel yi ho asɛmmɔne biara gye sɛ yehu biribi a ɛfa ne nyamesom ho de sum no afiri.”
6 于是,总长和总督纷纷聚集来见王,说:“愿大流士王万岁!
Enti mpanyimfo no ne ahenemma no kɔɔ Ɔhene Dario no nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Nana wo nkwa so!
7 国中的总长、钦差、总督、谋士,和巡抚彼此商议,要立一条坚定的禁令,三十日内,不拘何人,若在王以外,或向神或向人求什么,就必扔在狮子坑中。
Yɛn mpanyimfo, ahenemma, afotufo ne mpanyimfo a aka no nyinaa apene so sɛ, ɛsɛ sɛ Nana hyɛ mmara sɛ, adaduasa a edi anim yi, obiara nni ho kwan sɛ ɔbɛbɔ mpae akyerɛ onyame bi anaa onipa bi a ɛnyɛ wo Nana no, wɔde no bɛto gyata amoa mu.
8 王啊,现在求你立这禁令,加盖玉玺,使禁令决不更改;照米底亚和波斯人的例是不可更改的。”
Ɛno nti, Nana, kyerɛw na fa wo nsa hyɛ saa mmara yi ase, sɛnea Mediafo ne Persiafo mmara a wontumi nsesa no no te.”
9 于是大流士王立这禁令,加盖玉玺。
Ɛno nti, ɔhene Dario kyerɛw mmara no.
10 但以理知道这禁令盖了玉玺,就到自己家里(他楼上的窗户开向耶路撒冷),一日三次,双膝跪在他 神面前,祷告感谢,与素常一样。
Na Daniel tee sɛ wɔde nsa ahyɛ mmara no ase no, ɔkɔɔ fie kɔhyɛn nʼabansoro dan a ne mfɛnsere anim kyerɛ Yerusalem no. Da biara obuu nkotodwe bɔɔ mpae mprɛnsa daa ne Nyankopɔn ase sɛnea ɔyɛ daa no.
11 那些人就纷纷聚集,见但以理在他 神面前祈祷恳求。
Mpanyimfo no nyinaa bɔɔ mu kɔɔ Daniel fi kohuu no sɛ ɔrebɔ mpae resrɛ Onyankopɔn mmoa.
12 他们便进到王前,提王的禁令,说:“王啊,三十日内不拘何人,若在王以外,或向神或向人求什么,必被扔在狮子坑中。王不是在这禁令上盖了玉玺吗?”王回答说:“实有这事,照米底亚和波斯人的例是不可更改的。”
Enti wɔsan kɔɔ Ɔhene Dario no nkyɛn kɔkaee no ne mmara no se, “Nana, woamfa wo nsa anhyɛ mmara a ɛka se adaduasa a edi anim yi, obiara a ɔbɛbɔ obi mpae, onyame anaa onipa na ɛnyɛ Nana no, wɔde no bɛto gyata amoa mu no ana?” Ɔhene no buae se, “Yiw, saa mmara no wɔ hɔ; ɛyɛ Mediafo ne Persiafo mmara a, wɔrentumi nsesa no.”
13 他们对王说:“王啊,那被掳之犹大人中的但以理不理你,也不遵你盖了玉玺的禁令,他竟一日三次祈祷。”
Afei wɔka kyerɛɛ ɔhene no se, “Nana, Daniel no a ɔyɛ Yuda nnommum no mu baako no mmu wo, na onni wo mmara no nso so. Ɔda so bɔ ne Nyankopɔn mpae mprɛnsa da koro.”
14 王听见这话,就甚愁烦,一心要救但以理,筹划解救他,直到日落的时候。
Ɔhene no tee saa no, ɛhaw no yiye, na osusuw ho ara kosii anwummere pɛɛ, ɔkwan bi a ɔbɛfa so agye Daniel nkwa.
15 那些人就纷纷聚集来见王,说:“王啊,当知道米底亚人和波斯人有例,凡王所立的禁令和律例都不可更改。”
Mmarima yi bɔɔ mu kɔɔ ɔhene no anim kɔka kyerɛɛ no se, “Nana, nidi mu, wunim sɛ, Mediafo ne Persiafo mmara mu no, wontumi nsesa mmara biara a ɔhene ahyɛ.”
16 王下令,人就把但以理带来,扔在狮子坑中。王对但以理说:“你所常事奉的 神,他必救你。”
Ɔhene Dario hyɛe se, wɔnkɔfa Daniel, na wɔntow no nkyene gyata amoa no mu. Ɔhene no ka kyerɛɛ no se, “Daniel, ma wo Nyankopɔn a wosom no daa no, nnye wo.”
17 有人搬石头放在坑口,王用自己的玺和大臣的印,封闭那坑,使惩办但以理的事毫无更改。
Wɔde bo bɛtoo amoa no ano. Na Ɔhene no de nʼankasa nsɔwano ne atitiriw nsɔwano susoo ɔbo no sɛnea obiara rentumi nyɛ Daniel ho hwee.
18 王回宫,终夜禁食,无人拿乐器到他面前,并且睡不着觉。
Afei ɔhene no san kɔɔ nʼahemfi a anadwo no nyinaa, wannidi. Ɔpoo anigyede biara, na wantumi anna anadwo mu no nyinaa.
19 次日黎明,王就起来,急忙往狮子坑那里去。
Ade kyee anɔpatutuutu no, ɔhene no yɛɛ ntɛm kɔɔ gyata amoa no ano.
20 临近坑边,哀声呼叫但以理,对但以理说:“永生 神的仆人但以理啊,你所常事奉的 神能救你脱离狮子吗?”
Oduu hɔ no, ɔde awerɛhow frɛe se, “Daniel, Onyankopɔn teasefo somfo. Wo Nyankopɔn a wosom no daa no tumi gyee wo fii gyata no mu ana?”
21 但以理对王说:“愿王万岁!
Daniel teɛɛ mu se, “Nana wo nkwa so!
22 我的 神差遣使者,封住狮子的口,叫狮子不伤我;因我在 神面前无辜,我在王面前也没有行过亏损的事。”
Me Nyankopɔn somaa ne bɔfo bɛkataa gyata no ano, sɛnea wɔrentumi nyɛ me bɔne, efisɛ wahu sɛ, midi bem wɔ nʼanim. Na wo, Nana nso, menyɛɛ wo bɔne biara ɛ.”
23 王就甚喜乐,吩咐人将但以理从坑里系上来。于是但以理从坑里被系上来,身上毫无伤损,因为信靠他的 神。
Ɔhene no ani gyee mmoroso, na ɔhyɛɛ sɛ wonyi Daniel mfi amoa no mu, enti wuyii no. Wɔanhu kam biara wɔ ne ho, efisɛ ɔde ne ho too ne Nyankopɔn so.
24 王下令,人就把那些控告但以理的人,连他们的妻子儿女都带来,扔在狮子坑中。他们还没有到坑底,狮子就抓住他们,咬碎他们的骨头。
Afei ɔhene no hyɛɛ sɛ wɔnkɔkyere mmarima a wɔnam ntwatoso so ma wɔde Daniel kɔtoo gyata amoa mu no. Ɔma wɔtow wɔn ne wɔn yerenom ne wɔn mma guu gyata amoa no mu. Gyata no huruhuruw sisii wɔn so, tetew wɔn, bobɔɔ wɔn nnompe mu ansa koraa na wɔredu amoa no ase.
25 那时,大流士王传旨,晓谕住在全地各方、各国、各族的人说:“愿你们大享平安!
Afei Ɔhene Dario de nkra yi kɔmaa nnipa ahorow nyinaa, aman nyinaa ne kasa biara wɔ wiase mmaa nyinaa se: “Ensi mo yiye mmoroso!
26 现在我降旨晓谕我所统辖的全国人民,要在但以理的 神面前,战兢恐惧。 因为他是永远长存的活 神, 他的国永不败坏; 他的权柄永存无极!
“Mehyɛ mmara sɛ, ɛsɛ sɛ obiara a ɔwɔ mʼaheman mu suro, fɛre na ɔde nidi ma Daniel Nyankopɔn.
27 他护庇人,搭救人, 在天上地下施行神迹奇事, 救了但以理脱离狮子的口。”
“Ɔyɛ amanehunu mu gyefo na ogye nkwa nso;
28 如此,这但以理,当大流士王在位的时候和波斯王塞鲁士在位的时候,大享亨通。
Enti Daniel kɔɔ so dii yiye wɔ Ɔhene Dario ne Persiahene Kores mmere so.

< 但以理书 6 >