< 阿摩司书 9 >

1 我看见主站在祭坛旁边; 他说:你要击打柱顶,使门槛震动, 打碎柱顶,落在众人头上; 所剩下的人,我必用刀杀戮, 无一人能逃避,无一人能逃脱。
Mehunuu Awurade sɛ ɔgyina afɔrebukyia no ho, na ɔkaa sɛ, “Bɔ Asɔredan no afadum no atifi na mma ne fapem no nwoso. Mommubu ngu nnipa no nyinaa so; wɔn a aka no mede akofena bɛkunkum wɔn. Ɔbaako mpo rentumi nnwane obiara remfiri mu mfi.
2 他们虽然挖透阴间, 我的手必取出他们来; 虽然爬上天去, 我必拿下他们来; (Sheol h7585)
Mpo sɛ wɔtu fam kɔ awumena mu a ɛhɔ na me nsa bɛtwe wɔn afiri aba. Mpo sɛ wɔforo kɔ ɔsoro a ɛhɔ na mɛyi wɔn afiri aba fam. (Sheol h7585)
3 虽然藏在迦密山顶, 我必搜寻,捉出他们来; 虽然从我眼前藏在海底, 我必命蛇咬他们;
Mpo sɛ wɔkɔtetɛ bepɔ Karmel atifi a, ɛhɔ na mɛti wɔn akɔkye wɔn aba. Mpo sɛ wɔde wɔn ho sie me wɔ ɛpo ase a ɛhɔ na mɛhyɛ ɔwɔ no ama wakɔkeka wɔn.
4 虽被仇敌掳去, 我必命刀剑杀戮他们; 我必向他们定住眼目, 降祸不降福。
Mpo, sɛ wɔn atamfoɔ de wɔn kɔ nnommumfa mu a, ɛhɔ na mɛhyɛ akofena akunkum wɔn. “Mɛgyene mʼani ahwɛ wɔn. Mede ɔsɛeɛ bɛba wɔn so na meremmoa wɔn.”
5 主—万军之耶和华摸地,地就消化, 凡住在地上的都必悲哀。 地必全然像尼罗河涨起, 如同埃及河落下。
Awurade, Asafo Awurade, Ɔno na ɔde ne nsa ka asase ma ɛnane, ma wɔn a wɔte so nyinaa twa adwo. Asase no nyinaa pagya te sɛ Nil na ɛtwe te sɛ Misraim asubɔnten.
6 那在天上建造楼阁、 在地上安定穹苍、 命海水浇在地上的— 耶和华是他的名。
Ɔno na ɔsi nʼahemfie a ɛkrɔn wɔ ɔsoro na ɔto ne fapem wɔ asase so. Ɔno na ɔboaboa ɛpo mu nsuo ano na ɔhwie gu asase so. Awurade ne ne din!
7 耶和华说:以色列人哪, 我岂不看你们如古实人吗? 我岂不是领以色列人出埃及地, 领非利士人出迦斐托, 领亚兰人出吉珥吗?
“Mo Israelfoɔ, mo ho hia me sene Etiopiafoɔ?” Sɛdeɛ Awurade seɛ nie. Manyi Israelfoɔ amfiri Misraim, ne Filistifoɔ amfiri Kreta, ɛne Aramfoɔ nso amfiri Kir anaa?
8 主耶和华的眼目察看这有罪的国, 必将这国从地上灭绝, 却不将雅各家灭绝净尽。 这是耶和华说的。
“Ampa ara Otumfoɔ Awurade ani wɔ nnebɔne ahennie no so. Mɛpepa no afiri asase ani, nanso, merensɛe Yakob efie korakora,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
9 我必出令, 将以色列家分散在列国中, 好像用筛子筛谷, 连一粒也不落在地上。
“Na mɛhyɛ, na mɛwoso Israel efie, wɔ amanaman nyinaa mu, sɛdeɛ wɔhuhu atokoɔ so wɔ huhuamoa mu na aba fua mpo ntɔ fam no.
10 我民中的一切罪人说: 灾祸必追不上我们, 也迎不着我们。 他们必死在刀下。
Nnebɔneyɛfoɔ a wɔwɔ me nkurɔfoɔ mu nyinaa bɛtotɔ wɔ akofena ano, wɔn a wɔka sɛ, ‘Amanehunu rento yɛn anaa ɛremma yɛn so da.’
11 到那日,我必建立大卫倒塌的帐幕, 堵住其中的破口, 把那破坏的建立起来, 重新修造,像古时一样,
“Saa ɛda no, mɛsane aba abɛsi “Dawid efie a abubu no bio. Mɛsiesie ne baabi a asɛeɛ no, na masi no sɛdeɛ na ɛteɛ no,
12 使以色列人得以东所余剩的 和所有称为我名下的国。 此乃行这事的耶和华说的。
na wɔafa Edom nkaeɛfoɔ no, ne amanaman a me din da wɔn so.” Awurade a waka no, ɔno na ɔbɛyɛ yeinom nyinaa.
13 耶和华说: 日子将到, 耕种的必接续收割的; 踹葡萄的必接续撒种的; 大山要滴下甜酒; 小山都必流奶。
“Nna no reba,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie, “A nnɔbaeɛ no bɛba ntɛm ama ɔtwafoɔ no, na bobe no abu so ama deɛ ɔtiatia nsakyiamena no so no. Nsa foforɔ bɛsɔne afiri mmepɔ no so na atene wɔ nkokoɔ no nyinaa so.
14 我必使我民以色列被掳的归回; 他们必重修荒废的城邑居住, 栽种葡萄园,喝其中所出的酒, 修造果木园,吃其中的果子。
Mede me nkurɔfoɔ Israel nnommumfoɔ bɛsane aba. “Wɔbɛsane asiesie nkuropɔn a asɛeɛ no na wɔatena mu. Wɔbɛyɛ bobe nturo na wɔanom mu nsã; wɔbɛyɛ mfikyifuo na wɔadi so nnuaba.
15 我要将他们栽于本地, 他们不再从我所赐给他们的地上拔出来。 这是耶和华—你的 神说的。
Mede Israelfoɔ bɛdua wɔn ankasa asase so a wɔrentu bio da mfiri asase a mede ama wɔn no so,” sɛdeɛ Awurade, mo Onyankopɔn seɛ nie.

< 阿摩司书 9 >