< 列王纪下 13 >

1 犹大王亚哈谢的儿子约阿施二十三年,耶户的儿子约哈斯在撒马利亚登基作以色列王十七年。
Bere a Yehu babarima Yehoahas fii ase dii hene wɔ Israel no, na ɔhene Yoas nso adi ade mfe aduonu abiɛsa wɔ Yuda. Odii ade mfe dunson wɔ Samaria.
2 约哈斯行耶和华眼中看为恶的事,效法尼八的儿子耶罗波安使以色列人陷在罪里的那罪,总不离开。
Nanso ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so. Odii Nebat babarima Yeroboam nhwɛso akyi, toaa ahonisom a odii Israelfo no anim yɛe no so.
3 于是,耶和华的怒气向以色列人发作,将他们屡次交在亚兰王哈薛和他儿子便哈达的手里。
Enti Awurade bo fuw Israelfo, na ɔmaa ɔhene Hasael a ofi Aram ne ne babarima Ben-Hadad kwan ma wodii wɔn so mfe bebree.
4 约哈斯恳求耶和华,耶和华就应允他,因为见以色列人所受亚兰王的欺压。
Na Yehoahas bɔɔ Awurade mpae, srɛɛ ne mmoa. Awurade tiee ne mpaebɔ. Na Awurade huu nhyɛsotraso a Aramhene de maa Israelfo no.
5 耶和华赐给以色列人一位拯救者,使他们脱离亚兰人的手;于是以色列人仍旧安居在家里。
Awurade yii ogyefo bi ma obegyee Israelfo no fii Aramfo nhyɛsotraso no ase. Na Israelfo no tenaa ase ahotɔ mu bio, sɛnea na wɔte kan no.
6 然而,他们不离开耶罗波安家使以色列人陷在罪里的那罪,仍然去行,并且在撒马利亚留下亚舍拉。
Nanso wɔkɔɔ so yɛɛ bɔne, wodii Yeroboam nhwɛsobɔne no akyi. Na mpo, wosii Asera dua wɔ Samaria.
7 亚兰王灭绝约哈斯的民,践踏他们如禾场上的尘沙,只给约哈斯留下五十马兵,十辆战车,一万步兵。
Na Yehoahas asraafo no so atew abɛyɛ apɔnkɔsotefo aduonum, nteaseɛnam du ne anammɔnmufo asraafo mpem du. Na Aramhene akunkum nkae no ayɛ wɔn sɛ awiporowbere mfutuma wɔ ne nan ase.
8 约哈斯其余的事,凡他所行的和他的勇力都写在以色列诸王记上。
Yehoahas ahenni mu nneɛma a esisii, dwuma a odii ne nea ne tumidi kɔpem nyinaa, wɔankyerɛw wɔ Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana?
9 约哈斯与他列祖同睡,葬在撒马利亚。他儿子约阿施接续他作王。
Bere a Yehoahas wui no, wosiee no wɔ Samaria wɔ ne mpanyimfo nkyɛn. Na ne babarima Yehoas dii nʼade sɛ ɔhene.
10 犹大王约阿施三十七年,约哈斯的儿子约阿施在撒马利亚登基作以色列王十六年。
Yehoahas babarima Yehoas fii ase dii Israel so wɔ bere a na ɔhene Yoas adi ade wɔ Yuda ne mfe aduasa ason so. Odii ade wɔ Samaria mfe dunsia.
11 他行耶和华眼中看为恶的事,不离开尼八的儿子耶罗波安使以色列人陷在罪里的一切罪,仍然去行。
Na ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so. Wantwe ne ho amfi abosonsom a Nebat babarima Yeroboam dii Israel anim ma wɔyɛɛ no ho.
12 约阿施其余的事,凡他所行的和他与犹大王亚玛谢争战的勇力,都写在以色列诸王记上。
Yehoas dwuma a odii no nkae wɔ nʼahenni mu ne ne mmaninyɛ nyinaa ne ne tumi a na ɔwɔ no ne ɔko a ɔne Yudahene Amasia koe no, wɔankyerɛw wɔ Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana?
13 约阿施与他列祖同睡,耶罗波安坐了他的位。约阿施与以色列诸王一同葬在撒马利亚。
Bere a Yehoas wui no, wosiee no wɔ Samaria wɔ ne mpanyimfo nkyɛn. Na ne babarima Yeroboam a ɔto so abien dii nʼade sɛ ɔhene.
14 以利沙得了必死的病,以色列王约阿施下来看他,伏在他脸上哭泣,说:“我父啊!我父啊!以色列的战车马兵啊!”
Bere a owuyare bɔɔ Elisa no, Israelhene Yehoas kɔsraa no, na osuu no se, “Mʼagya! Mʼagya! Israel nteaseɛnam ne nteaseɛnamkafo!”
15 以利沙对他说:“你取弓箭来。”王就取了弓箭来;
Elisa ka kyerɛɛ no se, “Hwehwɛ tadua ne bɛmma.” Na ɔhene no yɛɛ nea ɔkae no.
16 又对以色列王说:“你用手拿弓。”王就用手拿弓。以利沙按手在王的手上,
Na Elisa ka kyerɛɛ Israelhene no se ɔmfa ne nsa nto tadua no so. Na Elisa de ɔno ankasa ne nsa too ɔhene no nsa so.
17 说:“你开朝东的窗户。”他就开了。以利沙说:“射箭吧!”他就射箭。以利沙说:“这是耶和华的得胜箭,就是战胜亚兰人的箭;因为你必在亚弗攻打亚兰人,直到灭尽他们。”
Afei, ɔhyɛe se, “Bue mfɛnsere a ɛkyerɛ apuei fam no.” Na obuei. Na ɔkae se, “Tow!” Na ɔtowee. Na Elisa kae se, “Eyi ne Awurade agyan a ɛyɛ Aram so nkonimdi, efisɛ wubedi Aramfo so pasaa wɔ Afek.
18 以利沙又说:“取几枝箭来。”他就取了来。以利沙说:“打地吧!”他打了三次,便止住了。
Afei, tase bɛmma a aka no na totow wowɔ fam.” Enti ɔhene no tasee, na ɔtotow wowɔɔ fam mprɛnsa.
19 神人向他发怒,说:“应当击打五六次,就能攻打亚兰人直到灭尽;现在只能打败亚兰人三次。”
Nanso Onyankopɔn nipa no bo fuw no, kae se, “Anka ɛsɛ sɛ wototow sisi fam mpɛn anum anaa asia. Ɛno ansa a na anka wubedi Aram so, kosi sɛ wobɛtɔre wɔn ase. Enti wubedi nkonim mprɛnsa.”
20 以利沙死了,人将他葬埋。到了新年,有一群摩押人犯境,
Elisa wui, na wosiee no. Na Moabfo afowfo kɔfom asase no so nneɛma afe biara.
21 有人正葬死人,忽然看见一群人,就把死人抛在以利沙的坟墓里,一碰着以利沙的骸骨,死人就复活,站起来了。
Bere bi a Israelfo resie obi no, wohuu afowfo bi. Ɛno nti, wɔyɛɛ no ntɛm tow amu no kyenee Elisa ɔboda mu. Amu no kɔkaa Elisa nnompe ara pɛ na owufo no nyanee, huruw gyinaa ne nʼanan so!
22 约哈斯年间,亚兰王哈薛屡次欺压以色列人。
Na Aramhene Hasael hyɛɛ Israelfo so bere a Ɔhene Yehoahas dii ade no nyinaa.
23 耶和华却因与亚伯拉罕、以撒、雅各所立的约,仍施恩给以色列人,怜恤他们,眷顾他们,不肯灭尽他们,尚未赶逐他们离开自己面前。
Nanso Awurade huu Israelfo mmɔbɔ nti, wɔn ase antɔre. Esiane apam a na ɔne Abraham, Isak ne Yakob ayɛ no nti, ohuu wɔn mmɔbɔ. Na ebesi nnɛ, ɔmpɛɛ sɛ ɔbɛtɔre wɔn ase, anaa ɔbɛpam wɔn afi nʼanim.
24 亚兰王哈薛死了,他儿子便·哈达接续他作王。
Afei, Aramhene Hasael wui, na ne babarima Ben-Hadad bedii nʼade sɛ ɔhene.
25 从前哈薛和约阿施的父亲约哈斯争战,攻取了些城邑,现在约哈斯的儿子约阿施三次打败哈薛的儿子便哈达,就收回了以色列的城邑。
Na Yehoahas babarima Yehoas san kogyee nkurow a Hasael gyigye fii nʼagya Yehoahas nsam no. Yehoas dii Ben-Hadad so nkonim mprɛnsa, nam so gyigyee Israel nkurow no.

< 列王纪下 13 >