< 历代志下 27 >

1 约坦登基的时候年二十五岁,在耶路撒冷作王十六年,他母亲名叫耶路沙,是撒督的女儿。
Yotam dii hene no, na wadi mfirihyia aduonu anum. Odii hene wɔ Yerusalem mfirihyia dunsia. Na ne na a ɔyɛ Sadok babea no din de Yerusa.
2 约坦行耶和华眼中看为正的事,效法他父乌西雅一切所行的,只是不入耶和华的殿。百姓还行邪僻的事。
Ɔyɛɛ nea ɛsɔ Awurade ani sɛnea nʼagya Usia yɛe no. Yotam de, wankɔ Awurade Asɔredan mu sɛnea nʼagya yɛe no. Nanso ɔmanfo no toaa wɔn nnebɔneyɛ so.
3 约坦建立耶和华殿的上门,在俄斐勒城上多有建造,
Yotam san yɛɛ Atifi Pon a ɛwɔ Awurade Asɔredan no ho, na ɔsan yɛɛ nnwuma bebree de siesiee ɔfasu a ɛwɔ Ofel bepɔw so no.
4 又在犹大山地建造城邑,在树林中建筑营寨和高楼。
Ɔkyekyeree nkurow wɔ Yuda mmepɔw asase so, sisii aban ne abantenten wɔ mmeaemmeae a wɔadua nnua.
5 约坦与亚扪人的王打仗胜了他们,当年他们进贡银一百他连得,小麦一万歌珥,大麦一万歌珥;第二年、第三年也是这样。
Yotam tuu Amonfo so sa, dii wɔn so nkonim. Mfe abiɛsa a edi kan no de, ogyee wɔn sonkahiri a ɛyɛ dwetɛ tɔn 3.4, awi susukoraa mpem aduonum ne atoko susukoraa mpem aduonum.
6 约坦在耶和华—他 神面前行正道,以致日渐强盛。
Ɔhene Yotam nyaa tumi kɛse, efisɛ ɔde ahwɛyie yɛɛ osetie maa Awurade, ne Nyankopɔn.
7 约坦其余的事和一切争战,并他的行为,都写在以色列和犹大列王记上。
Yotam ahenni ho nsɛm nkae a nʼakodi ne ne nneyɛe ahorow ka ho no, wɔakyerɛw agu Israel ne Yuda ahemfo nhoma mu.
8 他登基的时候年二十五岁,在耶路撒冷作王十六年。
Odii ade no, na wadi mfirihyia aduonu anum, na odii hene wɔ Yerusalem mfirihyia dunsia.
9 约坦与他列祖同睡,葬在大卫城里。他儿子亚哈斯接续他作王。
Yotam wui no, wosiee no Dawid kurom. Ne babarima Ahas, na odii nʼade sɛ ɔhene.

< 历代志下 27 >