< 历代志下 17 >

1 亚撒的儿子约沙法接续他作王,奋勇自强,防备以色列人,
Na Asa babarima Yehosafat bedii nʼade sɛ ɔhene. Ɔhyɛɛ Yuda den, sɛnea obetumi agyina Israel ɔfow biara ano.
2 安置军兵在犹大一切坚固城里,又安置防兵在犹大地和他父亚撒所得以法莲的城邑中。
Oduaduaa asraafodɔm wɔ Yuda nkuropɔn a wɔabɔ ho ban no nyinaa mu. Ɔde asraafodɔm kumaa bi kɔɔ Yuda asase so ne Efraim nkurow a nʼagya Asa ako agye no so.
3 耶和华与约沙法同在;因为他行他祖大卫初行的道,不寻求巴力,
Na Awurade ka Yehosafat ho, efisɛ ɔyɛɛ sɛnea nʼagya Asa yɛe wɔ ne mfe a edi kan no mu, na wansom Baal ahoni no.
4 只寻求他父亲的 神,遵行他的诫命,不效法以色列人的行为。
Ɔhwehwɛɛ nʼagya Nyankopɔn, na odii nʼahyɛde so a wanni Israel ahenni mu nneyɛe no akyi.
5 所以耶和华坚定他的国,犹大众人给他进贡;约沙法大有尊荣资财。
Enti Awurade maa Yehosafat Yudaman so ahenni no timii. Nnipa a wɔwɔ Yuda nyinaa brɛɛ Yehosafat akyɛde, ma ɔyɛɛ ɔdefo, na wɔde nidi maa no.
6 他高兴遵行耶和华的道,并且从犹大除掉一切邱坛和木偶。
Ofi ne koma nyinaa mu nantew Awurade akwan so. Obubuu abosonsomfo nsɔree so, na ɔsɛee Asera nnua no.
7 他作王第三年,就差遣臣子便·亥伊勒、俄巴底、撒迦利雅、拿坦业、米该亚往犹大各城去教训百姓。
Yehosafat ahenni mfe abiɛsa so no, ɔsomaa ne mpanyimfo ma wɔkɔkyerɛkyerɛɛ wɔ Yuda nkurow nyinaa so. Ne mpanyimfo no ne Ben-Hail, Obadia, Sakaria, Netanel ne Mikaia.
8 同着他们有利未人示玛雅、尼探雅、西巴第雅、亚撒黑、示米拉末、约拿单、亚多尼雅、多比雅、驼·巴多尼雅,又有祭司以利沙玛、约兰同着他们。
Ɔsomaa Lewifo a wɔn din didi so yi kaa wɔn ho: Semaia, Netania, Sebadia, Asahel, Semiramot, Yehonatan, Adoniya, Tobia ne Tob-Adoniya. Ɔsomaa asɔfo Elisama ne Yehoram nso.
9 他们带着耶和华的律法书,走遍犹大各城教训百姓。
Wɔfaa Awurade mmara a wɔatintim nhoma no de kyinii Yuda nkurow nyinaa so, kyerɛkyerɛɛ nnipa no.
10 耶和华使犹大四围的列国都甚恐惧,不敢与约沙法争战。
Na afei, ɛmaa Awurade ho suro tɔɔ ahenni a atwa ahyia no nyinaa so, nti obiara amfa ɔko ankɔ Yehosafat so.
11 有些非利士人与约沙法送礼物,纳贡银。阿 拉伯人也送他公绵羊七千七百只,公山羊七千七百只。
Filistifo no bi brɛɛ no akyɛde ne dwetɛ sɛ sonkahiri, na Arabfo brɛɛ no adwennini mpem ason ne ahanson ne mpapo mpem ason ne ahanson.
12 约沙法日渐强大,在犹大建造营寨和积货城。
Ɛmaa Yehosafat tumi mu yɛɛ den, na ɛkɔɔ so yɛɛ den ara ma osisii aban ne nnuan adekoradan wɔ Yuda nkuropɔn nyinaa so.
13 他在犹大城邑中有许多工程,又在耶路撒冷有战士,就是大能的勇士。
Ɔkoraa nneɛma bebree wɔ Yuda nkurow mu, na ɔmaa asraafo a wɔyɛ den tenaa Yerusalem.
14 他们的数目,按着宗族,记在下面:犹大族的,千夫长押拿为首率领大能的勇士—三十万;
Wogyinaa agyanom mmusuakuw so gyee asraafo. Yuda abusua mu, na asraafodɔm no dodow yɛ mpem ahaasa a wɔakyekyɛ wɔn mu akuwakuw apem. Adna na na ɔyɛ wɔn so sahene.
15 其次是,千夫长约哈难率领大能的勇士—二十八万;
Onipa a na odi ne so ne Yehohanan a na odi asraafodɔm mpem ahannu aduɔwɔtwe so.
16 其次是,细基利的儿子亚玛斯雅(他为耶和华牺牲自己)率领大能的勇士—二十万。
Nea odi hɔ ne Sikri babarima Amasia, a ɔde ne ho bɔɔ afɔre maa Awurade adwuma a na odi asraafodɔm mpem ahannu so sahene.
17 便雅悯族,是大能的勇士以利雅大率领拿弓箭和盾牌的—二十万;
Benyamin abusua asraafodɔm no, na wɔn dodow yɛ mpem ahannu a wɔwɔ agyan ne nkatabo. Na wɔn sahene ne Eliada, ɔsraani a wadi ako akyɛ.
18 其次是,约萨拔率领预备打仗的—十八万。
Nea odi hɔ ne Yehosabad a otua asraafo mpem ɔha aduɔwɔtwe a wɔada wɔn ho so ama akodi no ano.
19 这都是伺候王的,还有王在犹大全地坚固城所安置的不在其内。
Eyinom ne asraafodɔm a wɔtenaa Yerusalem som ɔhene, ne wɔn a Yehosafat de wɔn duaduaa nkurow a wɔabɔ ho ban wɔ Yudaman mu no.

< 历代志下 17 >