< 撒母耳记上 10 >

1 撒母耳拿瓶膏油倒在扫罗的头上,与他亲嘴,说:“这不是耶和华膏你作他产业的君吗?
Afei, Samuel faa ngotoa a ngo wɔ mu hwie guu Saulo tirim, fee nʼafono ho, kaa sɛ, “Mereyɛ yei de akyerɛ sɛ Awurade apa wo sɛ ɔkannifoɔ ama ne ɔman Israel.
2 你今日与我离别之后,在便雅悯境内的泄撒,靠近拉结的坟墓,要遇见两个人。他们必对你说:‘你去找的那几头驴已经找着了。现在你父亲不为驴挂心,反为你担忧,说:我为儿子怎么才好呢?’
Sɛ wogya me ha ɛnnɛ na worekɔ a, wobɛhyia mmarima baanu wɔ baabi a ɛbɛn Rahel ɛda a ɛwɔ Selsa a ɛbɛn Benyamin hyeɛ no. Wɔbɛka akyerɛ wo sɛ, ‘Mfunumu a motuu ho anammɔn kɔhwehwɛɛ wɔn no, wɔahu wɔn. Enti, seesei, wʼagya agyae wɔn ho dwene, na mmom, mo ho na ɔredwene. Ɔtaa bisa sɛ, “Obi ahunu me babarima no anaa?”’
3 你从那里往前行,到了他泊的橡树那里,必遇见三个往伯特利去拜 神的人:一个带着三只山羊羔,一个带着三个饼,一个带着一皮袋酒。
“Moduru dua kɛseɛ bi a ɛsi Tabor ho a mobɛhyia mmarima baasa bi a wɔfiri Bet-El rekɔ akɔsom Onyankopɔn. Ɔbaako so mmirekyie mma mmiɛnsa, ɔbaako nso so burodo mua mmiɛnsa ɛnna deɛ ɔka ho no nso so nsã aboa nwoma kotokuo baako.
4 他们必问你安,给你两个饼,你就从他们手中接过来。
Wɔbɛkyea mo, na wɔama mo burodo mua mmienu, na ɛsɛ sɛ mogye firi wɔn nkyɛn.
5 此后你到 神的山,在那里有非利士人的防兵。你到了城的时候,必遇见一班先知从邱坛下来,前面有鼓瑟的、击鼓的、吹笛的、弹琴的,他们都受感说话。
“Na sɛ moduru Onyankopɔn kokoɔ a ɛwɔ Gibea a Filistifoɔ akodɔm abɔ kyɛmpem wɔ hɔ no a, mobɛhunu adiyifoɔ asafodɔm sɛ wɔfiri afɔrebukyia a ɛwɔ bepɔ no so hɔ resiane ba. Ɛhɔ na mobɛhyia adiyifoɔ asafo a wɔresiane firi bepɔ no so hɔ reba na bɛnta ne mpintin ne mmɛn ne nsankuo di wɔn anim a wɔrehyɛ nkɔm.
6 耶和华的灵必大大感动你,你就与他们一同受感说话;你要变为新人。
Saa ɛberɛ no, Awurade Honhom bɛba wo so wɔ tumi mu, na wo ne wɔn bɛhyɛ nkɔm. Wobɛsakyera ayɛ onipa foforɔ.
7 这兆头临到你,你就可以趁时而做,因为 神与你同在。
Saa nsɛnkyerɛnneɛ yi akyi no, yɛ deɛ wogye di sɛ ɛyɛ biara, na Onyankopɔn bɛka wo ho.
8 你当在我以先下到吉甲,我也必下到那里献燔祭和平安祭。你要等候七日,等我到了那里,指示你当行的事。”
Afei, siane di mʼanim kɔ Gilgal na kɔtwɛn me wɔ hɔ nnanson. Mɛba abɛka wo ho wɔ hɔ, na yɛabɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ. Na sɛ meduru hɔ a, mɛkyerɛ wo deɛ ɛsɛ sɛ woyɛ bio.”
9 扫罗转身离别撒母耳, 神就赐他一个新心。当日这一切兆头都应验了。
Saulo danee ne ho pɛɛ sɛ ɔkɔ ara pɛ, Onyankopɔn sesaa nʼakoma, na Samuel nsɛnkyerɛnneɛ nyinaa baa mu da no.
10 扫罗到了那山,有一班先知遇见他, 神的灵大大感动他,他就在先知中受感说话。
Ɛberɛ a Saulo ne ne ɔsomfoɔ no duruu Gibea no, wɔhunuu sɛ adiyifoɔ no reba. Afei Onyankopɔn honhom baa Saulo so, na ɔno nso hyɛɛ aseɛ hyɛɛ nkɔm.
11 素来认识扫罗的,看见他和先知一同受感说话,就彼此说:“基士的儿子遇见什么了?扫罗也列在先知中吗?”
Ɛberɛ a ne nnamfonom tee saa asɛm yi no, wɔteaam sɛ, “Asɛm bɛn na moreka yi? Saulo nso abɛyɛ nkɔmhyɛni? Ɛyɛɛ dɛn na Kis babarima tumi bɛyɛɛ nkɔmhyɛni?”
12 那地方有一个人说:“这些人的父亲是谁呢?”此后有句俗语说:“扫罗也列在先知中吗?”
Nanso, ɛhɔni bi kaa sɛ, “Sɛdeɛ nʼagya te deɛ, ɛmfa ho; obiara tumi bɛyɛ nkɔmhyɛni.” Enti, ɛbɛyɛɛ sɛnnahɔ sɛ, “Enti, Saulo nso abɛyɛ nkɔmhyɛni?”
13 扫罗受感说话已毕,就上邱坛去了。
Saulo gyaee nkɔmhyɛ no, ɔforo bepɔ no kɔɔ afɔrebukyia no so.
14 扫罗的叔叔问扫罗和他仆人说:“你们往哪里去了?”回答说:“找驴去了。我们见没有驴,就到了撒母耳那里。”
Ɔduruu hɔ no, Saulo wɔfa bisaa no sɛ, “Ɛhefa na wokɔeɛ a dadaada yɛnhunuu wo yi?” Saulo buaa sɛ, “Yɛkɔhwehwɛɛ mfunumu a wɔayera no, nanso yɛanhunu wɔn. Ɛno enti, yɛkɔɔ odiyifoɔ Samuel nkyɛn kɔbisaa no baabi a wɔwɔ.”
15 扫罗的叔叔说:“请将撒母耳向你们所说的话告诉我。”
Ne wɔfa no bisaa sɛ, “Saa? Na asɛm bɛn na ɔkaeɛ?”
16 扫罗对他叔叔说:“他明明地告诉我们驴已经找着了。”至于撒母耳所说的国事,扫罗却没有告诉叔叔。
Saulo buaa sɛ, “Ɔkaa sɛ, wɔahunu mfunumu no.” Nanso, Saulo anka ankyerɛ ne wɔfa no sɛ Samuel asra no ngo sɛ wɔbɛsi no ɔhene.
17 撒母耳将百姓招聚到米斯巴耶和华那里,
Samuel frɛɛ Israelfoɔ nyinaa baa Awurade anim wɔ Mispa,
18 对他们说:“耶和华—以色列的 神如此说:‘我领你们以色列人出埃及,救你们脱离埃及人的手,又救你们脱离欺压你们各国之人的手。’
na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛdeɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, seɛ nie, ‘Mede Israelfoɔ firi Misraim baeɛ, na megyee mo firii Misraim tumi ne wɔn a wɔdi mo nya no nyinaa ase.’
19 你们今日却厌弃了救你们脱离一切灾难的 神,说:‘求你立一个王治理我们。’现在你们应当按着支派、宗族都站在耶和华面前。”
Nanso, ɛwom sɛ mayɛ bebree ama mo deɛ, nso moapo me aka sɛ, ‘Yɛpɛ ɔhene.’ Enti, afei, momfa mo mmusuakuo ne mo mmusua mmra Awurade anim.”
20 于是,撒母耳使以色列众支派近前来掣签,就掣出便雅悯支派来;
Samuel maa Israel mmusuakuo nyinaa baeɛ no, Benyamin abusuakuo na wɔyii wɔn.
21 又使便雅悯支派按着宗族近前来,就掣出玛特利族,从其中又掣出基士的儿子扫罗。众人寻找他却寻不着,
Afei ɔmaa Benyamin abusuakuo no mu mmusua nyinaa baa Awurade anim na wɔyii Matri abusua, ɛnna awieeɛ no wɔyii Kis babarima Saulo. Na wɔhwehwɛɛ no no, na wɔnhunu baabi a wafa.
22 就问耶和华说:“那人到这里来了没有?”耶和华说:“他藏在器具中了。”
Enti, wɔbisaa Awurade sɛ, “Na ɔwɔ he?” Na Awurade buaa sɛ, “Aane, ɔde ne ho ahinta nneɛma mu.”
23 众人就跑去从那里领出他来。他站在百姓中间,身体比众民高过一头。
Enti, wɔtuu mmirika kɔfaa no baeɛ. Na ɔbɛgyinaa nnipa no mu no na ne tenten bunkam fa obiara so.
24 撒母耳对众民说:“你们看耶和华所拣选的人,众民中有可比他的吗?”众民就大声欢呼说:“愿王万岁!”
Samuel ka kyerɛɛ nnipa no nyinaa sɛ, “Ɔbarima a Awurade apa no sɛ mo ɔhene nie. Obiara nni Israel ha a ɔne no sɛ.” Afei, nnipa no nyinaa bɔ gyee so sɛ, “Ɔhene nkwa so!”
25 撒母耳将国法对百姓说明,又记在书上,放在耶和华面前,然后遣散众民,各回各家去了。
Samuel kyerɛkyerɛɛ mmara a ɛbata saa ahennie no ho kyerɛɛ nnipa no. Ɔtwerɛ guu nwoma mmobɔeɛ so, de kɔtoo Awurade anim. Afei, Samuel gyaa ɔmanfoɔ no kwan ma wɔkɔɔ wɔn afie.
26 扫罗往基比亚回家去,有 神感动的一群人跟随他。
Saulo nso kɔɔ ne fie wɔ Gibea na nnipakuo bi a Onyankopɔn aka wɔn akoma de wɔn ho bɛbɔɔ no.
27 但有些匪徒说:“这人怎能救我们呢?”就藐视他,没有送他礼物;扫罗却不理会。
Nanso, amumuyɛfoɔ bi kaa sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na saa onipa yi atumi agye yɛn?” Wɔsopaa no a wɔammrɛ no akyɛdeɛ biara. Nanso Saulo ammua wɔn.

< 撒母耳记上 10 >