< 撒母耳记上 10 >

1 撒母耳拿瓶膏油倒在扫罗的头上,与他亲嘴,说:“这不是耶和华膏你作他产业的君吗?
Afei, Samuel faa ngotoa a ngo wɔ mu hwie guu Saulo tirim, few nʼafono ho, kae se, “Mereyɛ eyi de akyerɛ sɛ Awurade apaw wo sɛ ɔkannifo ama ne man Israel.
2 你今日与我离别之后,在便雅悯境内的泄撒,靠近拉结的坟墓,要遇见两个人。他们必对你说:‘你去找的那几头驴已经找着了。现在你父亲不为驴挂心,反为你担忧,说:我为儿子怎么才好呢?’
Sɛ wugyaw me ha nnɛ na worekɔ a, wubehyia mmarima baanu wɔ baabi a ɛbɛn Rahel da a ɛwɔ Selsa a ɛbɛn Benyamin hye no. Wɔbɛka akyerɛ wo se, ‘Mfurum a mutuu ho anammɔn kɔhwehwɛɛ wɔn no, wɔahu wɔn. Enti mprempren, wʼagya agyae wɔn ho dwene, na mmom, mo ho na ɔredwen. Ɔtaa bisa se, “Obi ahu me babarima no ana?”’
3 你从那里往前行,到了他泊的橡树那里,必遇见三个往伯特利去拜 神的人:一个带着三只山羊羔,一个带着三个饼,一个带着一皮袋酒。
“Mudu dua kɛse bi a esi Tabor ho a, mubehyia mmarima baasa bi a wofi Bet-El rekɔ akɔsom Onyankopɔn. Ɔbaako so mmirekyi mma abiɛsa, ɔbaako nso so brodo mua abiɛsa, na nea ɔka ho no nso so nsa aboa nhoma kotoku baako.
4 他们必问你安,给你两个饼,你就从他们手中接过来。
Wobekyia mo, na wɔama mo brodo mua abien, na ɛsɛ sɛ mugye fi wɔn nkyɛn.
5 此后你到 神的山,在那里有非利士人的防兵。你到了城的时候,必遇见一班先知从邱坛下来,前面有鼓瑟的、击鼓的、吹笛的、弹琴的,他们都受感说话。
“Na sɛ mudu Onyankopɔn koko a ɛwɔ Gibea a Filistifo nsraadɔm abɔ pem wɔ hɔ no a, mubehu adiyifo asafodɔm sɛ wofi afɔremuka a ɛwɔ bepɔw no so hɔ resian ba. Ɛhɔ na mubehyia adiyifo asafo a wɔresian afi bepɔw no so hɔ reba na bɛnta ne mpintin ne mmɛn ne asanku di wɔn anim a wɔrehyɛ nkɔm.
6 耶和华的灵必大大感动你,你就与他们一同受感说话;你要变为新人。
Saa bere no, Onyankopɔn Honhom bɛba wo so wɔ tumi mu, na wo ne wɔn bɛhyɛ nkɔm. Wobɛsakra ayɛ onipa foforo.
7 这兆头临到你,你就可以趁时而做,因为 神与你同在。
Saa nsɛnkyerɛnne yi akyi no, yɛ nea wugye di sɛ eye biara, na Onyankopɔn bɛka wo ho.
8 你当在我以先下到吉甲,我也必下到那里献燔祭和平安祭。你要等候七日,等我到了那里,指示你当行的事。”
Afei, sian di mʼanim kɔ Gilgal na kɔtwɛn me wɔ hɔ nnanson. Mɛba abɛka wo ho wɔ hɔ, na yɛabɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre. Na sɛ midu hɔ a, mɛkyerɛ wo nea ɛsɛ sɛ woyɛ bio.”
9 扫罗转身离别撒母耳, 神就赐他一个新心。当日这一切兆头都应验了。
Saulo dan ne ho pɛɛ sɛ ɔkɔ ara pɛ, Onyankopɔn sesaa ne koma, na Samuel nsɛnkyerɛnne nyinaa baa mu da no.
10 扫罗到了那山,有一班先知遇见他, 神的灵大大感动他,他就在先知中受感说话。
Bere a Saulo ne ne somfo no duu Gibea no, wohuu sɛ adiyifo no reba. Afei Onyankopɔn honhom baa Saulo so, na ɔno nso fii ase hyɛɛ nkɔm.
11 素来认识扫罗的,看见他和先知一同受感说话,就彼此说:“基士的儿子遇见什么了?扫罗也列在先知中吗?”
Bere a ne nnamfonom tee saa asɛm yi no, wɔteɛɛ mu se, “Asɛm bɛn na moreka yi? Saulo nso abɛyɛ odiyifo? Ɛyɛɛ dɛn na Kis babarima tumi bɛyɛɛ odiyifo?”
12 那地方有一个人说:“这些人的父亲是谁呢?”此后有句俗语说:“扫罗也列在先知中吗?”
Nanso ɛhɔni bi kae se, “Sɛnea nʼagya te de, ɛmfa ho; obiara tumi bɛyɛ odiyifo.” Enti ɛbɛyɛɛ sɛnnahɔ se, “Enti Saulo nso abɛyɛ odiyifo?”
13 扫罗受感说话已毕,就上邱坛去了。
Saulo gyaee adiyi no, ɔforoo bepɔw no kɔɔ afɔremuka no so.
14 扫罗的叔叔问扫罗和他仆人说:“你们往哪里去了?”回答说:“找驴去了。我们见没有驴,就到了撒母耳那里。”
Oduu hɔ no, Saulo wɔfa bisaa no se, “Ɛhefa na wokɔe a dedaada yenhuu wo yi?” Saulo buae se, “Yɛkɔhwehwɛɛ mfurum a wɔayera no, nanso yɛanhu wɔn. Ɛno nti, yɛkɔɔ odiyifo Samuel nkyɛn kobisaa no faako a wɔwɔ.”
15 扫罗的叔叔说:“请将撒母耳向你们所说的话告诉我。”
Ne wɔfa no bisae se, “Saa? Na asɛm bɛn na ɔkae?”
16 扫罗对他叔叔说:“他明明地告诉我们驴已经找着了。”至于撒母耳所说的国事,扫罗却没有告诉叔叔。
Saulo buae se, “Ɔkae se, wɔahu mfurum no.” Nanso Saulo anka ankyerɛ ne wɔfa no sɛ Samuel asra no ngo sɛ wobesi no ɔhene.
17 撒母耳将百姓招聚到米斯巴耶和华那里,
Samuel frɛɛ Israelfo nyinaa baa Awurade anim wɔ Mispa,
18 对他们说:“耶和华—以色列的 神如此说:‘我领你们以色列人出埃及,救你们脱离埃及人的手,又救你们脱离欺压你们各国之人的手。’
na ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Sɛnea Awurade, Israel Nyankopɔn, se ni, ‘Mede Israelfo fii Misraim bae, na migyee mo fii Misraim tumi ne wɔn a wodi mo nya no nyinaa ase.’
19 你们今日却厌弃了救你们脱离一切灾难的 神,说:‘求你立一个王治理我们。’现在你们应当按着支派、宗族都站在耶和华面前。”
Nanso ɛwɔ mu sɛ mayɛ bebree ama mo de, nso moapo me aka se, ‘Yɛpɛ ɔhene.’ Enti afei, momfa mo mmusuakuw ne mo mmusua mmra Awurade anim.”
20 于是,撒母耳使以色列众支派近前来掣签,就掣出便雅悯支派来;
Samuel maa Israel mmusuakuw nyinaa bae no, Benyamin abusuakuw na woyii wɔn.
21 又使便雅悯支派按着宗族近前来,就掣出玛特利族,从其中又掣出基士的儿子扫罗。众人寻找他却寻不着,
Afei ɔmaa Benyamin abusuakuw no mu afi nyinaa baa Awurade anim na woyii Matri abusua, na awiei no woyii Kis babarima Saulo. Na wɔhwehwɛɛ no no, na wonhu baabi a wafa.
22 就问耶和华说:“那人到这里来了没有?”耶和华说:“他藏在器具中了。”
Enti wobisaa Awurade se, “Na ɔwɔ he?” Na Awurade buae se, “Yiw, ɔde ne ho ahintaw nneɛma mu.”
23 众人就跑去从那里领出他来。他站在百姓中间,身体比众民高过一头。
Enti wotuu mmirika kɔfaa no bae. Na obegyinaa nnipa no mu no na ne tenten bunkam fa obiara so.
24 撒母耳对众民说:“你们看耶和华所拣选的人,众民中有可比他的吗?”众民就大声欢呼说:“愿王万岁!”
Samuel ka kyerɛɛ nnipa no nyinaa se, “Ɔbarima a Awurade apaw no sɛ mo hene ni. Obiara nni Israel ha a ɔne no sɛ.” Afei, nnipa no nyinaa bɔ gyee so se, “Ɔhene nkwa so!”
25 撒母耳将国法对百姓说明,又记在书上,放在耶和华面前,然后遣散众民,各回各家去了。
Samuel kyerɛkyerɛɛ mmara a ɛbata saa ahenni no ho kyerɛɛ nnipa no. Ɔkyerɛw guu nhoma mmobɔwee so, de kɔtoo Awurade anim. Afei, Samuel gyaa ɔmanfo no kwan ma wɔkɔɔ wɔn afi mu.
26 扫罗往基比亚回家去,有 神感动的一群人跟随他。
Saulo nso kɔɔ ne fi wɔ Gibea na nnipakuw bi a Onyankopɔn aka wɔn koma de wɔn ho bɛbɔɔ no.
27 但有些匪徒说:“这人怎能救我们呢?”就藐视他,没有送他礼物;扫罗却不理会。
Nanso amumɔyɛfo bi kae se, “Ɛbɛyɛ dɛn na saa onipa yi atumi agye yɛn?” Wobuu no animtiaa a wɔammrɛ no akyɛde biara. Nanso Saulo ammua wɔn.

< 撒母耳记上 10 >