< 列王纪上 9 >

1 所罗门建造耶和华殿和王宫,并一切所愿意建造的都完毕了,
Bere a Salomo wiee Awurade asɔredan no ne ahemfi no si no, ohuu sɛ wayɛ nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ no nyinaa awie.
2 耶和华就二次向所罗门显现,如先前在基遍向他显现一样,
Awurade daa ne ho adi kyerɛɛ no ne mprenu so, sɛnea na wada ne ho adi akyerɛ no wɔ Gibeon dedaw no.
3 对他说:“你向我所祷告祈求的,我都应允了。我已将你所建的这殿分别为圣,使我的名永远在其中;我的眼、我的心也必常在那里。
Awurade ka kyerɛɛ no se: “Mate wo mpaebɔ ne wʼadesrɛ. Matew saa asɔredan yi a woasi no ho, sɛnea wɔbɛhyɛ me din anuonyam wɔ hɔ afebɔɔ. Mɛhwɛ so na mama mʼani aku ho.
4 你若效法你父大卫,存诚实正直的心行在我面前,遵行我一切所吩咐你的,谨守我的律例典章,
“Na wo, sɛ wode nokware ne nyamesuro di mʼakyi, sɛnea wʼagya Dawid yɛe, na odii me mmara ne mʼahyɛde nyinaa so no a,
5 我就必坚固你的国位在以色列中,直到永远,正如我应许你父大卫说:‘你的子孙必不断人坐以色列的国位。’
metim wʼahenni nnidiso ase wɔ Israel afebɔɔ, sɛnea meka kyerɛɛ wʼagya Dawid se, ‘Ɛremma sɛ worennya ɔbarima bi ntena Israel ahengua no so da no.’
6 倘若你们和你们的子孙转去不跟从我,不守我指示你们的诫命律例,去事奉敬拜别神,
“Na sɛ wo anaa wo mmabarima dan fi me ho, na wubu mmara ne mʼahyɛde a mede ama mo no so, na sɛ wofi akyi kɔsom anyame afoforo, sɔre wɔn a,
7 我就必将以色列人从我赐给他们的地上剪除,并且我为己名所分别为圣的殿也必舍弃不顾,使以色列人在万民中作笑谈,被讥诮。
ɛno de, metwa Israel afi asase a mede ama wɔn no so, na mapo saa asɔredan a matew ho wɔ me din mu no. Ɛbɛma Israel atɔ sin, na ayɛ aserewde wɔ nnipa nyinaa mu.
8 这殿虽然甚高,将来经过的人必惊讶、嗤笑,说:‘耶和华为何向这地和这殿如此行呢?’
Na ɛwɔ mu sɛ saa Asɔredan yi yɛ fɛ de, nanso wɔn a wobetwa mu wɔ ho no betwiri no, adi ho abooboo, abisa se, ‘Adɛn nti na Awurade ayɛ asase yi ne Asɔredan yi saa?’
9 人必回答说:‘是因此地的人离弃领他们列祖出埃及地之耶和华—他们的 神,去亲近别神,事奉敬拜他,所以耶和华使这一切灾祸临到他们。’”
Nnipa bebua se, ‘Efisɛ wɔapa Awurade, wɔn Nyankopɔn a oyii wɔn agyanom fii Misraim no akyi, na wɔde wɔn ho akɔdan anyame afoforo a wɔresom wɔn, sɔre wɔn. Ɛno nti na Awurade ama saa ɔhaw ne abɛbrɛsɛ yi aba wɔn so no.’”
10 所罗门建造耶和华殿和王宫,这两所二十年才完毕了。
Mfe aduonu a Salomo de sii Awurade asɔredan no ne ahemfi no akyi,
11 泰尔王希兰曾照所罗门所要的,资助他香柏木、松木,和金子;所罗门王就把加利利地的二十座城给了希兰。
ɔhene Salomo de nkurow aduonu a ɛwɔ Galilea maa Tirohene Huram, efisɛ Huram maa no sida nnua ne ɔpepaw nnua ne sikakɔkɔɔ a na ohia.
12 希兰从泰尔出来,察看所罗门给他的城邑,就不喜悦,
Huram fii Tiro kɔhwɛɛ nkurow a Salomo de ama no no, nanso nʼani ansɔ koraa.
13 说:“我兄啊,你给我的是什么城邑呢?”他就给这城邑之地起名叫迦步勒,直到今日。
Obisae se, “Me nua, na nkurow bɛn na wode ama me yi? Saa nkurow yi nni mu!” Enti ɔfrɛɛ hɔ Kabul, “Nea enni mu” de besi nnɛ.
14 希兰给所罗门一百二十他连得金子。
Na Huram asoma ma wɔde sikakɔkɔɔ tɔn anan akɔma Salomo.
15 所罗门王挑取服苦的人,是为建造耶和华的殿、自己的宫、米罗、耶路撒冷的城墙、夏琐、米吉多,并基 色。
Ɔkwan a ɔhene Salomo faa so tintim, hyɛɛ nnipa, ma wosii Awurade asɔredan no ne nʼahemfi, Milo, Yerusalem fasu ne Hasor, Megido ne Geser nkurow no ni:
16 先前埃及王法老上来攻取基色,用火焚烧,杀了城内居住的迦南人,将城赐给他女儿所罗门的妻作妆奁。
Misraimhene kotuaa Geser, gyee hɔ fae. Okum Kanaanfo a wɔte kurow no mu nyinaa, hyew hɔ pasaa. Ɔde kuropɔn no maa ne babea no sɛ akyɛde bere a ɔwaree Salomo no.
17 所罗门建造基色、下伯·和 、
Enti Salomo san kyekyeree Geser kuropɔn no. Afei, ɔsan kyekyeree nkurow a ɛwɔ Bet-Horon anafo,
18 巴拉,并国中旷野里的达莫,
Baalat ne Tamar wɔ sare so, nʼasase so.
19 又建造所有的积货城,并屯车和马兵的城,与耶路撒冷、黎巴嫩,以及自己治理的全国中所愿建造的。
Ɔkyekyeree nkurow a na wɔkora nnuan wɔ hɔ, kyekyeree nkuropɔn nso a na wɔkora ne nteaseɛnam ne nʼapɔnkɔ wɔ hɔ. Ɔkyekyeree Yerusalem ne Lebanon ne nʼaheman nyinaa, sɛnea ne koma pɛ.
20 至于国中所剩下不属以色列人的亚摩利人、赫人、比利洗人、希未人、耶布斯人,
Na nnipa bi da so te asase no so a wɔnyɛ Israelfo. Wɔne Amorifo, Hetifo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo.
21 就是以色列人不能灭尽的,所罗门挑取他们的后裔作服苦的奴仆,直到今日。
Eyinom ne aman a na Israel nwiee wɔn asetɔre korakora no asefo. Enti Salomo hyɛɛ wɔn ma wɔyɛɛ nʼadwumayɛfo, na wɔda so yɛ de besi nnɛ.
22 惟有以色列人,所罗门不使他们作奴仆,乃是作他的战士、臣仆、统领、军长、车兵长、马兵长。
Nanso Salomo anhyɛ Israelfo amma wɔanyɛ ɔhyɛ nnwuma. Mmom, ɔma wɔyɛɛ asraafo, aban adwumayɛfo. Ɔmaa ebinom yɛɛ nʼakofo, ne nteaseɛnam ne ne nteaseɛnamkafo so asahene.
23 所罗门有五百五十督工的,监管工人。
Afei, oyii wɔn mu ahannum ne aduonum ma wɔhwɛɛ ne nkɔsodwuma ahorow so.
24 法老的女儿从大卫城搬到 所罗门为她建造的宫里。那时,所罗门才建造米罗。
Bere a Salomo yii ne yere a ɛyɛ Farao babea no fii Dawid kurow no mu, de no kɔɔ ahemfi foforo a wasi ama no no mu no, ɔkyekyee Milo.
25 所罗门每年三次在他为耶和华所筑的坛上献燔祭和平安祭,又在耶和华面前的坛上烧香。这样,他建造殿的工程完毕了。
Na Salomo bɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre ma Awurade afe biara wɔ afɔremuka a osii no so mprɛnsa. Na ɔne wɔn hyew aduhuam nso ma Awurade sɛ asodi a ɛda hɔ ma no wɔ asɔredan no.
26 所罗门王在以东地红海边,靠近以禄的以旬·迦别制造船只。
Ɔhene Salomo yɛɛ po so ahyɛn nso wɔ Esion-Geber, hyɛngyinabea a ɛbɛn Elot a ɛwɔ Edom asase so hɔ a ɛwɔ Po Kɔkɔɔ no mpoano.
27 希兰差遣他的仆人,就是熟悉泛海的船家,与所罗门的仆人一同坐船航海。
Na Huram maa nʼahyɛn mu adwumayɛfo a wonim hyɛn mu adwuma yiye no, ne Salomo nkurɔfo de ahyɛn no yɛɛ adwuma.
28 他们到了俄斐,从那里得了四百二十他连得金子,运到所罗门王那里。
Wɔyɛɛ adwuma kɔɔ Ofir, na wɔsan de sikakɔkɔɔ nsania ani nkaribo tɔn 16 brɛɛ Salomo.

< 列王纪上 9 >