< 历代志上 28 >

1 大卫招聚以色列各支派的首领和轮班服事王的军长,与千夫长、百夫长,掌管王和王子产业牲畜的,并太监,以及大能的勇士,都到耶路撒冷来。
Dawid frɛɛ ne mpanyimfo nyinaa kɔɔ Yerusalem. Saa mpanyimfo no ne mmusuakuw no ntuanofo, asahene a wɔdeda asraafodɔm akuw dumien no ano, asraafo mpanyimfo a wɔaka no, wɔn a wɔhwɛ ɔhene agyapade ne ne mmoa so, ahemfi nhenkwaa, akofo akɛse ne akofo a wɔaka wɔ ahenni no mu no.
2 大卫王就站起来,说:“我的弟兄,我的百姓啊,你们当听我言,我心里本想建造殿宇,安放耶和华的约柜,作为我 神的脚凳;我已经预备建造的材料。
Dawid sɔre gyinaa wɔn anim, kasa kyerɛɛ wɔn se, “Me nuanom ne me nkurɔfo, anka mepɛɛ sɛ misi asɔredan a wɔde Awurade Apam Adaka, Onyankopɔn anan ntiaso no besi afebɔɔ. Meyɛɛ ho ahoboa nyinaa sɛ mede rebesi,
3 只是 神对我说:‘你不可为我的名建造殿宇;因你是战士,流了人的血。’
nanso Onyankopɔn ka kyerɛɛ me se, ‘Ɛnsɛ sɛ wusi asɔredan de hyɛ me din anuonyam, efisɛ woyɛ ɔkofo a woahwie mogya bebree agu.’
4 然而,耶和华—以色列的 神在我父的全家拣选我作以色列的王,直到永远。因他拣选犹大为首领;在犹大支派中拣选我父家,在我父的众子里喜悦我,立我作以色列众人的王。
“Nanso Awurade, Israel Nyankopɔn, ayi me wɔ mʼagya abusua mu sɛ, minni ɔhene wɔ Israel so daa. Na wayi Yuda abusuakuw sɛ wonni hene na Yuda mmusua mu nso, oyii mʼagya abusua. Na mʼagya mma mu no nso, ɛyɛɛ Awurade fɛ sɛ osii me Israel nyinaa so hene.
5 耶和华赐我许多儿子,在我儿子中拣选所罗门坐耶和华的国位,治理以色列人。
Na me mmabarima pii a Awurade de wɔn maa me no mu nso, oyii Salomo sɛ ɔntena Awurade ahenni agua no so nni Israel so.
6 耶和华对我说:‘你儿子所罗门必建造我的殿和院宇;因为我拣选他作我的子,我也必作他的父。
Ɔka kyerɛɛ me se, ‘Wo babarima Salomo na obesi mʼasɔredan ne nʼadiwo nyinaa, efisɛ mayi no sɛ me babarima na mɛyɛ nʼagya.
7 他若恒久遵行我的诫命典章如今日一样,我就必坚定他的国位,直到永远。’
Na sɛ ɔkɔ so di mʼahyɛde ne me mmara so, sɛnea ɔyɛ mprempren yi a, mɛma nʼahenni atim afebɔɔ.’
8 现今在耶和华的会中,以色列众人眼前所说的,我们的 神也听见了。你们应当寻求耶和华—你们 神的一切诫命,谨守遵行,如此你们可以承受这美地,遗留给你们的子孙,永远为业。
“Enti mprempren a Onyankopɔn yɛ yɛn dansifo yi, menam wo so de saa asodi yi ma Israel nyinaa a wɔyɛ Awurade manfo no: Monhwɛ yiye na munni Awurade, mo Nyankopɔn, ahyɛde nyinaa so sɛnea mobɛfa saa asase pa yi, na moagyaw ama mo asefo sɛ wɔn agyapade daa.
9 “我儿所罗门哪,你当认识耶和华—你父的 神,诚心乐意地事奉他;因为他鉴察众人的心,知道一切心思意念。你若寻求他,他必使你寻见;你若离弃他,他必永远丢弃你。
“Afei, me ba Salomo, hu wʼagyanom Nyankopɔn. Fa wo koma ne wʼadwene nyinaa sɔre no, na som no. Efisɛ Awurade hu koma biara mu, enti ohu na onim emu nhyehyɛe ne nsusuwii biara. Sɛ wohwehwɛ no a, wubehu no. Na sɛ wopo no a, ɔbɛpo wo afebɔɔ.
10 你当谨慎,因耶和华拣选你建造殿宇作为圣所。你当刚强去行。”
Enti fa no asɛnhia. Awurade ayi wo sɛ si asɔredan ma no, sɛ ne kronkronbea. Yɛ den, na di dwuma no.”
11 大卫将殿的游廊、旁屋、府库、楼房、内殿,和施恩所的样式指示他儿子所罗门,
Afei Dawid de asɔredan no ho mfoni a sikakorabea, soro adan, emu adan ne emu kronkronbea a Apam Adaka no afefare mu a ɛhɔ yɛ mpatabea, faako a wɔde Adaka no besi maa Salomo.
12 又将被灵感动所得的样式,就是耶和华 神殿的院子、周围的房屋、殿的府库,和圣物府库的一切样式都指示他;
Nhyehyɛe biara a Honhom no de maa Dawid a ɛfa Awurade Asɔredan adiwo ho, akyi adan, Onyankopɔn Asɔredan no mu sikakorabea ne akyɛde a wɔde ama Onyankopɔn no, ɔkyerɛɛ Salomo.
13 又指示他祭司和利未人的班次与耶和华殿里各样的工作,并耶和华殿里一切器皿的样式,
Saa ara na ɔhene no kyerɛɛ Salomo dwuma a asɔfo ne Lewifo nkyekyɛmu ahorow no nyɛ wɔ Awurade Asɔredan no mu. Na ɔkyerɛkyerɛɛ nneɛma pɔtee a ɛwɔ Awurade Asɔredan no mu a wɔde sɔre Awurade ne nea wɔde bɔ afɔre.
14 以及各样应用金器的分两和各样应用银器的分两,
Dawid kyerɛɛ sikakɔkɔɔ ne dwetɛ dodow a wɔmfa nyɛ nneɛma a ɛho behia.
15 金灯台和金灯的分两,银灯台和银灯的分两,轻重各都合宜;
Ɔkyerɛɛ Salomo sikakɔkɔɔ dodow a ɛho behia ama sikakɔkɔɔ akaneadua no ne akanea no, na ɔkyerɛɛ dwetɛ dodow a ɛho behia ama dwetɛ akaneadua no ne akanea no yɛ, ne ɔkwan ko a wɔbɛfa so de emu biara adi dwuma no.
16 陈设饼金桌子的分两,银桌子的分两,
Ɔkyerɛɛ sikakɔkɔɔ dodow a wɔmfa nyɛ ɔpon a wɔde Daa Daa Brodo no bɛto so; na ɔkyerɛɛ dwetɛ dodow a wɔmfa nyɛ apon a ɛka ho no.
17 精金的肉叉子、盘子,和爵的分两,各金碗与各银碗的分两,
Dawid san kyerɛɛ sikakɔkɔɔ dodow a wɔmfa nyɛ nam darewa a wɔde besuso afɔrebɔ nam mu, hweaseammɔ, sukuruwa ne nyowa ne dwetɛ dodow a wɔmfa nyɛ asanka biara.
18 精金香坛的分两,并用金子做基路伯;基路伯张开翅膀,遮掩耶和华的约柜。
Nea ɔde wiee ne sɛ, ɔkyerɛɛ sikakɔkɔɔ a wɔabere ho dodow a wɔde bɛyɛ nnuhuam afɔremuka no ne sikakɔkɔɔ kerubim a ne ntaban atrɛw wɔ Awurade Adaka no so.
19 大卫说:“这一切工作的样式都是耶和华用手划出来使我明白的。”
Dawid ka kyerɛɛ Salomo se, “Saa mfoni yi nyinaa, Awurade nsa na ɔde kyerɛw maa me.”
20 大卫又对他儿子所罗门说:“你当刚强壮胆去行!不要惧怕,也不要惊惶。因为耶和华 神就是我的 神,与你同在;他必不撇下你,也不丢弃你,直到耶和华殿的工作都完毕了。
Afei, Dawid toaa so se, “Yɛ den na ma wo bo nyɛ duru na yɛ adwuma no. Nsuro na mma dwumadi no kɛseyɛ ntu wo bo, efisɛ Awurade Nyankopɔn, me Nyankopɔn, ka wo ho. Ɔrenni wo huammɔ na ɔrennya wo. Ɔbɛhwɛ sɛ dwumadi biara a ɛfa Awurade Asɔredan no si ho no, wobewie no pɛpɛɛpɛ.
21 有祭司和利未人的各班,为要办理 神殿各样的事,又有灵巧的人在各样的工作上乐意帮助你;并有众首领和众民一心听从你的命令。”
Asɔfo ne Lewifo akuw no bɛsom wɔ Onyankopɔn Asɔredan no mu. Wɔn a aka a wɔwɔ nimdeɛ ahorow no nyinaa beyi wɔn yam aboa, na ntuanofo ne ɔman no nyinaa nso bɛyɛ biribiara a wobɛka.”

< 历代志上 28 >