< 以賽亞書 38 >

1 在那些日期內,希則克雅害病要死,阿摩茲的兒子依撒意亞先知前來看他,並對他說:「上主這樣說:快料理你的家務,因為你快死,不能久活了!」
Saa ɛberɛ no mu, ɔhene Hesekia yaree yarewuo, ɛnna Amos babarima odiyifoɔ Yesaia kɔsraa no. Ɔkaa saa asɛm yi kyerɛɛ ɔhene no, “Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Hyɛ wo nsamanseɛ, ɛfiri sɛ, wobɛwu. Wo yadeɛ no rennyae.”
2 希則克雅就轉面朝牆懇求上主說:「
Ɛberɛ a Hesekia tee asɛm yi, ɔtwaa nʼani hwɛɛ fasuo, bɔɔ Awurade mpaeɛ sɛ,
3 上主!求你記憶我如何懷著忠誠齊全的心,在你面前行走;如何作了你視為正義的事。」然後希則克雅放聲大哭。
“Kae, Ao, Awurade, sɛdeɛ manante wʼanim nokorɛm na mede mʼakoma ayɛ deɛ ɛfata wɔ wʼanim.” Na Hesekia suu bebree.
4 上主的話傳給依撒意亞說:「
Na saa asɛm yi firi Awurade nkyɛn kɔɔ Yesaia hɔ sɛ,
5 你去對希則克雅說:上主,你祖先達味的天主這樣說:我聽見了你的祈禱,看見了你的眼淚;看,我要在你的壽數上加多十五年,
“Sane kɔ Hesekia nkyɛn, na kɔka kyerɛ no sɛ, ‘Sei na Awurade, wʼagya Dawid Onyankopɔn ka: Mate wo mpaeɛbɔ no, na mahunu wo nisuo. Mede mfeɛ dunum bɛka wo nkwa nna ho.
6 且由亞述王手中拯救你和這座城,我必要保護這座城。
Na mɛgye wo ne kuropɔn yi afiri Asiriahene nsam. Mɛbɔ kuropɔn yi ho ban.
7 上主必實踐他所說的話,這將是給你的記號:
“‘Na yei ne nsɛnkyerɛnneɛ a Awurade bɛyɛ de adi ho adanseɛ sɛ, ɔbɛdi ne bɔhyɛ so:
8 看,我要使那射在阿哈次的日晷上的日影倒退十度。」果然,射在日晷上的日影倒退了十度。
Mɛma owia ano sunsum atwe akɔ nʼakyi anammɔn edu wɔ Ahas atwedeɛ so.’” Ɛno enti, owia hyerɛn no kɔɔ nʼakyi anammɔn edu.
9 猶大王希則克雅在病中與病愈後所詠的「金詩:」
Deɛ Yudahene Hesekia twerɛeɛ ne yadeɛ ne nʼayaresa akyi nie:
10 我曾想過:「正當我的中年,我就要離去;我的餘年將被交於陰府之門。」 (Sheol h7585)
Mekaa sɛ, “Mʼasetena mu nnapa yi mu ɛsɛ sɛ mefa owuo apono mu na wɔgye me mfeɛ a aka yi anaa?” (Sheol h7585)
11 我曾想過:「我再不能在活人的地上看見上主,我再不能在世上的居民中看見世人。
Mekaa sɛ, “Merenhunu Awurade Onyankopɔn bio Awurade a ɔwɔ ateasefoɔ asase so. Merenhunu adasamma bio, anaa merenka wɔn a wɔte ewiase yi ho bio.
12 我的居所被拆除,由我身上撤去,彷彿牧童的帳幕;你好像織工,捲起了我的生命,由織機上將我割斷。白日黑夜你總想將我結束!」
Wɔadwiri me fie agu agye afiri me nsam, te sɛ odwanhwɛfoɔ ntomadan. Matwa me nkwa so sɛdeɛ ɔnwomfoɔ, twa me firi asadua so; awia ne anadwo wotwaa me nkwa so.
13 我哀號直到清晨,上主卻如獅子咬碎了我所有的骨骸。
Mede ntoboaseɛ twɛneeɛ kɔsii ahemadakye, nanso wɔbobɔɔ me nnompe mu te sɛ gyata; awia ne anadwo wotwaa me nkwa so.
14 我呢喃好似燕子,我哀鳴有如斑鳩;我痛哭的眼睛向上仰視:「上主!我實在痛苦,求你扶持我!」
Mesuiɛ sɛ asomfena anaa asukɔnkɔn; metwaa adwo sɛ aborɔnoma a ɔredi awerɛhoɔ. Mʼani yɛɛ siamoo ɛberɛ a mehwɛɛ soro. Mewɔ ɔhaw mu, Awurade, bra bɛboa me!”
15 我還有什麼話可說﹖因為是上主給我說的,因為是他行的;帶著我內心的痛苦,我要善度我的餘年。
Na ɛdeɛn na mɛtumi aka? Wakasa akyerɛ me, na ɔno ankasa na wayɛ yei. Mede ahobrɛaseɛ bɛnante mʼasetena nyinaa mu me kra ahoyera yi enti.
16 吾主!我的心唯有仰望你!求你使我的精神甦醒,使我復原,使我生存。
Awurade, ɛnam saa nneɛma yi so na nnipa nya nkwa na me honhom nso anya nkwa wɔ mu. Wode mʼapɔmuden asane ama me. Wonam so ama manya nkwa.
17 看,我的苦楚已變為安寧,是你保存了我的生命脫免滅亡的深淵,因為你將我所有的罪惡盡拋於你背後。
Aane, ɛyɛ me yieyɛ enti na mekɔɔ saa ahoyera yi mu. Wo dɔ enti, wode me sieeɛ na mankɔ ɔsɛe amena mu; na wode me bɔne nyinaa akyɛ me.
18 誠然,陰府不會讚頌你,死亡也不會稱揚你;下到深淵的,也不會再仰望你的忠誠。 (Sheol h7585)
Damena rentumi nkamfo wo; owuo rentumi nto wo ayɛyi nnwom; wɔn a wɔsiane kɔ amena mu no rentumi nya anidasoɔ wɔ wo nokorɛ mu bio. (Sheol h7585)
19 生者,唯有生者能讚頌你,如我今日一樣;為父的當使自己的兒女認識你的忠信。
Ateasefoɔ nko na wɔbɛtumi akamfo wo, sɛdeɛ mereyɛ ɛnnɛ yi; agyanom ka wo nokorɛdie ho asɛm kyerɛ wɔn mma.
20 上主救了我,為此我們願以終生的歲月,在上主的殿內彈奏絃琴!
Awurade bɛgye me nkwa, na yɛde ahoma nnwontodeɛ bɛto nnwom yɛn nkwa nna nyinaa wɔ Awurade efie.
21 依撒意亞曾吩咐說:「拿一塊無花果餅來,貼在他的瘡口上,他就會好了。」
Na Yesaia kaa sɛ, “Momfa borɔdɔma nyɛ nku mfa nsra pɔmpɔ no so, na ne ho bɛyɛ no den.”
22 希則克雅曾問說:「有什麼憑據,我將登上上主的殿﹖」
Na Hesekia bisaa sɛ, “Ɛdeɛn nsɛnkyerɛnneɛ na ɛbɛda no adi sɛ mɛkɔ Awurade asɔredan mu?”

< 以賽亞書 38 >