< ՀՌՈՎՄԱՅԵՑԻՍ 4 >

1 Ուրեմն ի՞նչ պիտի ըսենք թէ գտաւ Աբրահամ՝ մարմինի համեմատ մեր նախահայրը.
Asɛm bɛn na yɛbɛka afa yɛn honam fam tete agya Abraham ho? Osuahu bɛn na onyae?
2 որովհետեւ եթէ Աբրահամ արդարացած ըլլար գործերով՝ պիտի պարծենար անոնցմով, բայց ո՛չ Աստուծոյ առջեւ:
Sɛ wɔnam nneɛma a ɔyɛe so buu no bem a, anka ɔwɔ biribi a ɔde bɛhoahoa ne ho. Nanso ɔrentumi nhoahoa ne ho wɔ Onyankopɔn anim.
3 Արդարեւ ի՞նչ կ՚ըսէ Գիրքը. «Աբրահամ հաւատաց Աստուծոյ, եւ ատիկա արդարութիւն սեպուեցաւ իրեն»:
Kyerɛwsɛm no kyerɛ yɛn se, “Abraham gyee Onyankopɔn dii; na ɛno so na ɛnam maa Onyankopɔn gyee no sɛ ɔtreneeni no.”
4 Բայց ա՛ն որ կը գործէ, անոր վարձատրութիւնը շնորհքէ եղած չի սեպուիր, հապա՝ պարտքէ:
Onipa a ɔyɛ adwuma no fata nʼakatua; ɛnsɛ sɛ wobu nʼakatua no sɛ akyɛde, na mmom, ɛyɛ biribi a wayɛ ho adwuma anya.
5 Իսկ ա՛ն որ չի գործեր, բայց կը հաւատայ անոր՝ որ կ՚արդարացնէ ամբարիշտը, իր հաւատքը արդարութիւն կը սեպուի իրեն:
Ɛnyɛ nnwuma bi a onipa yɛ na ɛbɛma Onyankopɔn abu no bem. Onyankopɔn gye nnebɔneyɛfo to mu, efisɛ wɔwɔ gyidi wɔ ne mu.
6 Ինչպէս Դաւիթ ալ կը խօսի երանութեան մասին այն մարդուն, որուն Աստուած արդարութիւն կը սեպէ՝ առանց գործերու:
Dawid ka asɛm koro no ara se nhyira a efi Onyankopɔn nkyɛn ba onipa a Onyankopɔn agye no ato mu so. Saa nhyira yi mfi nnipa nnwuma mu. Ɛno nti Dawid kae se:
7 «Երանի՜ անոնց, - կ՚ըսէ, - որոնց անօրէնութիւնները ներուեցան, եւ որոնց մեղքերը ծածկուեցան:
“Nhyira ne wɔn a wɔde wɔn amumɔyɛ akyɛ wɔn, na wɔakata wɔn bɔne so.
8 Երանի՜ այն մարդուն, որուն մեղք չի սեպեր Տէրը»:
Nhyira nka onipa a Awurade mmu ne bɔne ngu ne so da.”
9 Ուրեմն այս երանութիւնը միայն թլփատուածներո՞ւն համար է, թէ անթլփատներուն համար ալ. քանի որ կ՚ըսենք թէ “հաւատքը արդարութիւն սեպուեցաւ Աբրահամի”:
Saa anigye a Dawid ka ho asɛm no wɔ hɔ ma twetiatwafo nko ana? Dabi. Ɛwɔ hɔ ma wɔn nso a wontwaa twetia no; efisɛ yɛakenkan afi Kyerɛwsɛm no mu se, “Abraham gyee Onyankopɔn dii, na esiane ne gyidi nti, Onyankopɔn gyee no sɛ ɔtreneeni.”
10 Ուրեմն ի՞նչպէս սեպուեցաւ. թլփատութեա՞ն մէջ եղած ատենը, թէ անթլփատութեան մէջ: Ո՛չ թէ թլփատութեան մէջ, հապա՝ անթլփատութեան:
Bere bɛn na saa asɛm yi sii? Esii ansa na wɔretwa Abraham twetia anaa Abraham twetiatwa no akyi na esii? Esii ansa, na ɛnyɛ twetiatwa no akyi na esii.
11 Յետոյ թլփատութեան նշանը ստացաւ՝ իբր կնիք անթլփատութեան ատենը ունեցած հաւատքին արդարութեան, որպէսզի ինք ըլլայ հայրը այն բոլոր հաւատացողներուն՝ որոնք անթլփատ են (անոնց ալ արդարութիւն սեպուելու համար),
Akyiri yi na wotwaa no twetia na ne twetiatwa no yɛ nsɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ, na Onyankopɔn agye no sɛ ɔtreneeni ansa na wɔretwa no twetia. Enti Abraham yɛ Honhom mu agya ma wɔn a wogye Onyankopɔn di nyinaa na wagye wɔn sɛ atreneefo a wontwaa wɔn twetia nso.
12 նաեւ հայրը թլփատութեան՝ անոնց համար, որոնք ո՛չ միայն թլփատուած են, այլ նաեւ կ՚ընթանան մեր հօր Աբրահամի անթլփատութեան ատեն ունեցած հաւատքին հետքերով:
Saa ara nso na Abraham yɛ agya ma obiara a wɔatwa no twetia na ɔwɔ gyidi sɛnea na Abraham wɔ gyidi ansa na wɔretwa no twetia no.
13 Արդարեւ Աբրահամի եւ անոր զարմին՝ աշխարհը ժառանգելու համար տրուած խոստումը ո՛չ թէ Օրէնքով եղաւ, հապա հաւատքին արդարութեամբ:
Ɛnyɛ mmara no so na wɔnam hyɛɛ Abraham ne nʼasefo bɔ sɛ wɔbɛyɛ wiase adedifo, mmom ɛnam trenee a efi gyidi mu so.
14 Քանի որ եթէ Օրէնքէն եղողները ժառանգորդ ըլլային, հաւատքը պիտի փճանար, եւ խոստումը ոչնչանար:
Sɛ wɔn a wodi Mmara so yɛ adedifo a, ɛno de na gyidi nka hwee, na bɔhyɛ no nso so nni mfaso,
15 Որովհետեւ Օրէնքը բարկութիւն կը գործադրէ. քանի որ ուր Օրէնք չկայ, օրինազանցութիւն ալ չկայ:
efisɛ mmara de abufuwhyew ba. Na sɛ mmara nni hɔ a, mmarato nni hɔ.
16 Ուստի ժառանգորդ ըլլալը հաւատքէն է, որ շնորհքով եղած ըլլայ, որպէսզի խոստումը մնայուն ըլլայ ամբողջ զարմին. ո՛չ միայն անոր՝ որ Օրէնքէն է, այլ նաեւ անո՛ր՝ որ Աբրահամի հաւատքէն է: Ան մեր բոլորին հայրն է
Enti bɔhyɛ no fi gyidi mu sɛnea ɛbɛyɛ a ebefi adom mu na ɛbɛtena hɔ ama Abraham asefo nyinaa; ɛnyɛ wɔn a wɔwɔ mmara no ase nko ara, na mmom wɔn a wɔwɔ gyidi sɛ Abraham nso. Ɔyɛ yɛn nyinaa agya.
17 (ինչպէս գրուած է. “Քեզ շատ ազգերու հայր ըրի”) Աստուծոյ առջեւ՝ որուն ինք հաւատաց, որ կեանք կու տայ մեռելներուն ու չեղած բաները կը կոչէ եղածներու պէս:
Sɛnea wɔakyerɛw no, “Mayɛ wo aman bebree agya.” Onyankopɔn kaa saa, efi sɛ, Abraham gyee Onyankopɔn a ɔma awufo nya nkwa, na ɔyɛ nneɛma foforo fi nea enni hɔ mu dii.
18 Չյուսացուած բանին՝ յոյսով հաւատաց, թէ ինք շատ ազգերու հայր պիտի ըլլայ (ինչպէս ըսուեցաւ ալ թէ “քու զարմդ այսպէս պիտի ըլլայ”).
Bere a anidaso asa no, Abraham nyaa anidaso gye dii, enti ɔbɛyɛɛ aman bebree so agya, sɛnea na wɔaka akyerɛ no se, “Saa na wʼasefo bɛyɛ” no.
19 եւ հաւատքի մէջ չտկարանալով՝ ուշադիր չեղաւ իր մարմինին, որ արդէն մեռածի պէս էր, (որովհետեւ ինք հարիւր տարեկանի չափ էր, ) ո՛չ ալ Սառայի արգանդին մեռած ըլլալուն:
Abraham gyidi anhinhim bere a na ɔreyɛ adi mfe ɔha no mpo. Na onim nso sɛ ɔregye nna awu, na ne yere Sara nso rentumi nwo mma.
20 Անհաւատութեամբ չտատամսեցաւ Աստուծոյ խոստումին հանդէպ, հապա հաւատքով զօրացած՝ փառք տուաւ Աստուծոյ,
Nanso ne gyidi anhinhim, na wannye Onyankopɔn bɔhyɛ no ho akyinnye. Ɔhyɛɛ ne gyidi mu den de anuonyam maa Onyankopɔn.
21 եւ լման համոզուեցաւ թէ ի՛նչ որ ան խոստացաւ՝ կարող է նաեւ իրագործել:
Na ogye dii yiye sɛ Onyankopɔn betumi ayɛ nea wahyɛ ho bɔ no.
22 Ուստի արդարութիւն սեպուեցաւ իրեն:
Eyi nti wobuu no sɛ trenee maa no.
23 Բայց գրուեցաւ ո՛չ միայն անոր համար՝ թէ “սեպուեցաւ իրեն”,
Wɔkyerɛw se, “Wobuu no sɛ trenee maa no” no, wɔankyerɛw amma ɔno nko ara.
24 այլ նաեւ մեզի համար, որոնց պիտի սեպուի՝ քանի որ կը հաւատանք անո՛ր՝ որ մեռելներէն յարուցանեց Յիսուսը՝ մեր Տէրը,
Na mmom wɔkyerɛw maa yɛn nso a Onyankopɔn bebu yɛn sɛ atreneefo, yɛn a yegye nea onyan Yesu, yɛn Awurade fii awufo mu di no.
25 որ մատնուեցաւ մեր յանցանքներուն համար ու յարութիւն առաւ մեզ արդարացնելու համար:
Yɛn bɔne nti, woyii no maa owu, na wonyan no maa yɛn bembu.

< ՀՌՈՎՄԱՅԵՑԻՍ 4 >