< ՄԱՏԹԷՈՍ 25 >

1 «Այն ատեն երկինքի թագաւորութիւնը պիտի նմանի տասը կոյսերու, որոնք՝ առնելով իրենց լապտերները՝ գացին դիմաւորելու փեսան:
“Ɔsoro Ahenni te sɛ mmabaa du bi a wɔfaa wɔn akanea se wɔrekohyia ayeforokunu.
2 Ասոնցմէ հինգը իմաստուն էին, իսկ հինգը՝ յիմար:
Na mmabaa no mu baanum yɛ anyansafo na baanum nso yɛ nkwaseafo.
3 Յիմարները առին իրենց լապտերները, բայց ձէթ չառին իրենց հետ.
Wɔn mu nkwaseafo no rekɔ no, wɔfaa wɔn akanea nanso wɔamfa ngo anka ho.
4 սակայն իմաստունները՝ ամաններով ձէթ ալ առին իրենց լապտերներուն հետ:
Nanso wɔn mu anyansafo no de, wɔrekɔ no wɔfaa ngo kaa wɔn akanea ho kɔe.
5 Երբ փեսան ուշացաւ, բոլորն ալ թմրեցան ու քնացան:
Ayeforokunu no amma ntɛm, enti wofii ase totɔɔ nko dedae.
6 Կէս գիշերին գոչիւն մը եղաւ. “Ահա՛ փեսան կու գայ. գացէ՛ք դիմաւորելու զինք”:
“Ɔdasu mu na wɔtee nteɛteɛmu se, ‘Ayeforokunu no reba! Mumfi adi nkohyia no!’
7 Այն ատեն բոլոր կոյսերը ոտքի ելան եւ յարդարեցին իրենց լապտերները:
“Mmabaa yi nyinaa sɔre buebuee wɔn akanea no.
8 Յիմարները ըսին իմաստուններուն. “Տուէ՛ք մեզի ձեր ձէթէն, որովհետեւ մեր լապտերները կը մարին”:
Nkwaseafo no srɛɛ anyansafo no se, ‘Momma yɛn mo ngo no bi ngu yɛn akanea no mu na ɛredunnum.’
9 Իմաստունները պատասխանեցին. “Ո՛չ. գուցէ չբաւէ մեզի ու ձեզի. այլ մանաւանդ գացէ՛ք ծախողներուն եւ գնեցէ՛ք ձեզի համար”:
“Anyansafo no ka kyerɛɛ wɔn se, ‘Ngo a yɛwɔ no sua. Monkɔ kurom nkɔtɔ bi.’
10 Երբ անոնք գացին գնելու՝ փեսան եկաւ. պատրաստ եղողները հարսանիքի մտան անոր հետ, ու դուռը գոցուեցաւ:
“Wɔrekɔ akɔtɔ ngo no pɛ, na ayeforokunu no bae. Enti wɔn a wɔasiesie wɔn ho no ne ayeforokunu no kɔɔ nʼaponto no ase, na wɔtoo ɔpon no mu.
11 Յետոյ միւս կոյսերը եկան եւ ըսին. “Տէ՛ր, Տէ՛ր, բա՛ց մեզի”:
“Akyiri no a baanum no san bae no, wogyinaa ɔpon no akyi frɛe se, ‘Owura, hiɛ yɛn!’
12 Բայց ան պատասխանեց. “Ճշմա՛րտապէս կը յայտարարեմ ձեզի. "Ես չեմ ճանչնար ձեզ"”:
“Nanso ɔka kyerɛɛ wɔn se, ‘Mumfi hɔ nkɔ. Minnim mo!’
13 Ուրեմն արթո՛ւն կեցէք, որովհետեւ գիտէք ո՛չ օրը, ո՛չ ժամը»:
“Enti monwɛn na munnim da anaa dɔn ko no.
14 «Արդարեւ երկինքի թագաւորութիւնը կը նմանի ճամբորդող մարդու մը, որ կանչեց իր ծառաները, եւ յանձնեց անոնց իր ինչքը.
“Bio, Ɔsoro Ahenni te sɛ ɔbarima bi a ɔretu kwan akɔ ɔman foforo bi so. Ɔrekɔ no, ɔfrɛɛ ne nkoa na ɔde nʼahode maa wɔn.
15 մէկուն տուաւ հինգ տաղանդ, մէկուն՝ երկու, ու մէկուն՝ մէկ. իւրաքանչիւրին՝ իր կարողութեան չափով, եւ իսկոյն մեկնեցաւ:
Ɔmaa ɔbaako sika nkotoku anum. Ɔmaa ɔfoforo nkotoku abien na ɔfoforo, kotoku baako, sɛnea obiara ahoɔden te.
16 Հինգ տաղանդ ստացողը գնաց, օգտագործեց զանոնք, ու շահեցաւ ուրիշ հինգ տաղանդ:
Nea ɔmaa no nkotoku anum no de sika no kɔyɛɛ adwuma, nyaa mfaso nkotoku anum kaa ho.
17 Նմանապէս երկու ստացողը շահեցաւ ուրիշ երկու ալ:
Saa ara na nea onyaa sika nkotoku abien no nso nyaa abien kaa ho,
18 Իսկ մէկ ստացողը գնաց, փորեց գետինը եւ ծածկեց իր տիրոջ դրամը:
Nanso nea onyaa kotoku baako no de, okotuu fam de ne wura sika no siee hɔ.
19 Շատ ժամանակ ետք՝ այդ ծառաներուն տէրը եկաւ ու հաշիւ ուզեց անոնցմէ:
“Mmere bi akyi na wɔn wura no fi akwantu mu bae ne wɔn bebuu akontaa.
20 Հինգ տաղանդ ստացողը մօտեցաւ եւ բերաւ ուրիշ հինգ տաղանդ՝ ըսելով. “Տէ՛ր, հինգ տաղանդ յանձնեցիր ինծի. ահա՛ ուրիշ հինգ տաղանդ ալ շահեցայ անոնցմէ զատ”:
Nea onyaa sika nkotoku anum no de anum kaa ho bae. Ɔkae se, ‘Me wura, womaa me sika nkotoku anum. Hwɛ, manya anum aka ho.’
21 Տէրը ըսաւ անոր. “Ապրի՛ս, բարի ու հաւատարիմ ծառայ. դո՛ւն՝ որ հաւատարիմ եղար քի՛չ բանի մէջ, պիտի նշանակեմ քեզ շա՛տ բաներու վրայ. մտի՛ր տիրոջդ ուրախութեան մէջ”:
“Ne wura no ka kyerɛɛ no se, ‘Mo, akoa pa ne ɔnokwafo, woadi kakra yi ho nokware, mede wo besi nneɛma pii so panyin. Bra, na me ne wo nni dɛw!’
22 Երկու տաղանդ ստացողն ալ մօտեցաւ եւ ըսաւ. “Տէ՛ր, երկու տաղանդ յանձնեցիր ինծի. ահա՛ ուրիշ երկու տաղանդ ալ շահեցայ անոնցմէ զատ”:
“Akoa a ɔmaa no sika nkotoku abien no nso bae. Ɔka kyerɛɛ ne wura no se, ‘Worekɔ no, womaa me sika nkotoku abien, hwɛ, manya abien aka ho.’
23 Տէրը ըսաւ անոր. “Ապրի՛ս, բարի ու հաւատարիմ ծառայ. դո՛ւն՝ որ հաւատարիմ եղար քի՛չ բանի մէջ, պիտի նշանակեմ քեզ շա՛տ բաներու վրայ. մտի՛ր տիրոջդ ուրախութեան մէջ”:
“Ne wura no ka kyerɛɛ no se, ‘Mo, akoa pa ne ɔnokwafo, woadi kakra yi ho nokware, mede wo besi nneɛma pii so panyin. Bra, wo wura anigye mu!’
24 Մէկ տաղանդ ստացողն ալ մօտեցաւ եւ ըսաւ. “Տէ՛ր, գիտէի թէ դուն խիստ մարդ մըն ես. կը հնձես չսերմանած տեղէդ, ու կը ժողվես չցանած տեղէդ.
“Akoa a onyaa sika kotoku baako no nso bae. Ɔka kyerɛɛ ne wura no se, ‘Owura, minim sɛ woyɛ onipa a wo ho yɛ nwonwa. Wutumi twa wɔ nea wunnuae ɛ, na wutumi boaboa ano wɔ nea wompetee ɛ;
25 ուստի վախնալով՝ գացի, պահեցի քու տաղանդդ գետինին տակ. ուստի ահա՛ քուկդ՝ քեզի”:
enti misuroi, na mede wo sika no kɔhyɛɛ fam, enti wʼade ni!’
26 Իր տէրը պատասխանեց իրեն. “Չա՛ր եւ ծո՛յլ ծառայ. գիտէիր թէ կը հնձեմ չսերմանած տեղէս, ու կը ժողվեմ չցանած տեղէս.
“Ne wura no ka kyerɛɛ no se, ‘Akoa bɔne ne onihawfo! So wunim sɛ mitumi twa wɔ nea minnuae, na mitumi boaboa ano wɔ nea mempetee?
27 ուրեմն պէտք էր որ դնէիր իմ դրամս սեղանաւորներուն քով, որպէսզի տոկոսո՛վ ստանայի եկած ատենս”:
Saa de a anka ɛsɛ sɛ wode sika no kɔto sikakorabea nya nsiho to hɔ ma me.
28 “Ուստի առէ՛ք ատկէ տաղանդը, ու տուէ՛ք տասը տաղանդ ունեցողին.
“‘Munnye sika kotoku no mfi ne nsam, na momfa nkɔma nea onyaa nkotoku du no.
29 որովհետեւ ամէն ունեցողի պիտի տրուի, եւ պիտի ըլլայ առատութեան մէջ, բայց չունեցողէն պիտի առնուի ունեցա՛ծն ալ:
Obiara a ɔwɔ no, wɔde bi bɛka ho ama no anya aboro so. Na obiara a onni no, nea ɔwɔ no mpo, wobegye afi ne nsam.
30 Իսկ նետեցէ՛ք այդ անպէտ ծառան դուրսի խաւարը. հոն պիտի ըլլայ լաց ու ակռաներու կրճտում”»:
Na wɔatow saa akoa a ne so nni mfaso no akyene sum kabii mu; ɛhɔ na osu ne setwɛre wɔ.’”
31 «Երբ մարդու Որդին գայ իր փառքով՝ եւ բոլոր սուրբ հրեշտակները իրեն հետ, այն ատեն պիտի բազմի իր փառքի գահին վրայ:
“Na sɛ Onipa Ba no ba nʼanuonyam mu a abɔfo nyinaa ka ne ho a, saa bere no na ɔbɛtena nʼanuonyam ahengua no so.
32 Բոլոր ազգերը պիտի հաւաքուին անոր առջեւ, ու պիտի զատէ զանոնք իրարմէ՝ ինչպէս հովիւ մը կը զատէ ոչխարները այծերէն:
Na wɔbɛboaboa aman nyinaa ano wɔ nʼanim. Na ɔbɛpaw nnipa no mu sɛnea oguanhwɛfo paw nguan fi mmirekyi mu;
33 Ոչխարները պիտի կեցնէ իր աջ կողմը, իսկ այծերը՝ ձախ կողմը:
na ɔde nguan no begyina ne nifa so, na ɔde mmirekyi no agyina ne benkum so.
34 Այն ատեն թագաւորը պիտի ըսէ իր աջ կողմը եղողներուն. “Եկէ՛ք իմ Հօրս օրհնածները, ժառանգեցէ՛ք այն թագաւորութիւնը, որ պատրաստուած է ձեզի համար՝ աշխարհի հիմնադրութենէն ի վեր:
“Ɛno na Ɔhene no bɛka akyerɛ wɔn a wogyina ne nifa so no se, ‘Mo a mʼagya ahyira mo, mommra mmɛfa ahenni a wɔasiesie ama mo fi abɔde mfiase no nni!
35 Որովհետեւ անօթեցայ՝ եւ ուտելիք տուիք ինծի, ծարաւցայ՝ ու խմցուցիք ինծի, օտարական էի՝ ներս ընդունեցիք զիս,
Ɔkɔm dee me, na momaa me aduan dii. Osukɔm dee me, na momaa me nsu nomee. Meyɛɛ ɔhɔho, na mode me kɔɔ mo fi.
36 մերկ էի՝ հագուեցուցիք զիս, հիւանդ էի՝ այցելեցիք ինծի, բանտի մէջ էի՝ եկաք ինծի”:
Medaa adagyaw na mufuraa me ntama. Meyaree, na mobɛsraa me. Medaa afiase, na mobɛhwɛɛ me.’
37 Այն ատեն արդարները պիտի պատասխանեն անոր. “Տէ՛ր, ե՞րբ տեսանք քեզ անօթեցած՝ եւ կերակրեցինք, կամ ծարաւցած՝ ու խմցուցինք.
“Saa bere no mu na atreneefo bebisa se, ‘Owura, da bɛn na yehuu wo sɛ ɔkɔm de wo a, yɛmaa wo aduan, na osukɔm de wo a yɛmaa wo nsu nomee?
38 ե՞րբ տեսանք քեզ օտարական՝ եւ ներս ընդունեցինք, կամ մերկ՝ ու հագուեցուցինք.
Afei da bɛn na yehuu sɛ woyɛɛ ɔhɔho, a yɛde wo kɔɔ yɛn fi, anaasɛ wodaa adagyaw a, yefuraa wo ntama?
39 ե՞րբ տեսանք քեզ հիւանդ կամ բանտի մէջ՝ ու եկանք քեզի”:
Afei da bɛn na yehuu sɛ woyaree a, yɛbɛsraa wo, anaasɛ wodaa afiase a, yɛbɛhwɛɛ wo?’
40 Թագաւորը պիտի պատասխանէ անոնց. “Ճշմա՛րտապէս կը յայտարարեմ ձեզի. "Քանի իմ այս եղբայրներուս փոքրագոյններէն մէկուն ըրիք՝ ինծի՛ ըրիք"”:
“Na Ɔhene no, bebua wɔn se, ‘Sɛ moayɛ ama me nuanom nkumaa yi mu baako yi, moayɛ ama me!’
41 Այն ատեն պիտի ըսէ նաեւ իր ձախ կողմը եղողներուն. “Հեռացէ՛ք ինձմէ, անիծեալնե՛ր, յաւիտենական կրակին մէջ՝ որ պատրաստուած է Չարախօսին եւ իր հրեշտակներուն համար: (aiōnios g166)
“Afei mɛka akyerɛ wɔn a wogyina me benkum so no se, ‘Mo a wɔadome mo, mumfi me so nkɔ ogyatannaa a ennum da a wɔasɔ ama ɔbonsam ne nʼabɔfo no mu. (aiōnios g166)
42 Որովհետեւ անօթեցայ՝ ուտելիք չտուիք ինծի, ծարաւցայ՝ չխմցուցիք ինծի,
Na ɔkɔm dee me, moamma me aduan anni, osukɔm dee me, moamma me nsu annom.
43 օտարական էի՝ ներս չընդունեցիք զիս, մերկ էի՝ չհագուեցուցիք զիս, հիւանդ ու բանտի մէջ էի՝ չայցելեցիք ինծի”:
Meyɛɛ ɔhɔho, moamfa me ankɔ mo fi. Medaa adagyaw, moamfura me ntama. Meyaree, moammɛsra me. Medaa afiase, moammɛhwɛ me.’
44 Այն ատեն անոնք ալ պիտի պատասխանեն. “Տէ՛ր, ե՞րբ տեսանք քեզ անօթեցած, կամ ծարաւցած, կամ օտարական, կամ մերկ, կամ հիւանդ, կամ բանտի մէջ, եւ չսպասարկեցինք քեզի”:
“Wɔn nso bebua no se, ‘Awurade, da bɛn na yehuu wo sɛ ɔkɔm dee wo, anaasɛ osukɔm dee wo, anaasɛ woyɛɛ ɔhɔho, anaasɛ wodaa adagyaw, anaasɛ woyaree, anaasɛ wodaa afiase, na yɛammoa wo?’
45 Այն ատեն պիտի պատասխանէ անոնց. “Ճշմա՛րտապէս կ՚ըսեմ ձեզի. "Քանի ասոնց փոքրագոյններէն մէկուն չըրիք՝ ինծի՛ ալ չըրիք"”:
“Na obebua wɔn se, ‘Sɛ moanyɛ amma nkumaa yi mu baako nti, moanyɛ amma me.’
46 Ասոնք պիտի երթան յաւիտենական պատուհասին, իսկ արդարները՝ յաւիտենական կեանքին»: (aiōnios g166)
“Na wɔbɛkɔ asotwe a ɛto ntwa da mu, na atreneefo akɔ nkwa a enni awiei mu.” (aiōnios g166)

< ՄԱՏԹԷՈՍ 25 >