< ԵԲՐԱՅԵՑԻՍ 9 >

1 Արդարեւ առաջին ուխտն ալ ունէր պաշտամունքի կանոններ, նաեւ աշխարհային սրբարան մը.
Na apam a edi kan no wɔ mmara a wɔnam so som. Saa ara nso na na wɔwɔ baabi a nnipa asiesie a wɔsom.
2 որովհետեւ խորան մը կառուցանուած էր: Առաջինը, որուն մէջ կային աշտանակը, սեղանը եւ առաջադրութեան հացը, Սրբութիւն կը կոչուէր:
Wosii ntamadan a wɔatwa mu abien. Ɔdan a edi kan no a wɔfrɛ no Kronkronbea no na kaneadua, ɔpon ne brodo a wɔatew ho a wɔde ma Onyankopɔn no wɔ.
3 Իսկ երկրորդ վարագոյրին ետեւ կար խորան մը՝ որ Սրբութիւններու սրբութիւն կը կոչուէր.
Ntwamu no akyi a wɔfrɛ hɔ Kronkron mu Kronkron no,
4 անոր մէջ էին ոսկիէ բուրվառը եւ ամէն կողմէ ոսկեպատ ուխտին տապանակը, որուն մէջ կային ոսկիէ սափորը՝ մանանայով լեցուն, Ահարոնի գաւազանը՝ որ ծաղկեցաւ, եւ ուխտին տախտակները:
na sika aduhuamyɛfo afɔremuka ne Apam Adaka a wɔde sika adura ho nyinaa wɔ. Saa adaka no mu na na sika pɔre a mana ne Aaron pema a ɛfefɛwee ne apam bopon no wɔ.
5 Անոր վրայ ալ՝ փառքի քերովբէները, որ հովանի կ՚ընէին Քաւութեան վրայ: Այս մասին հիմա մանրամասն խօսելու կարիք չկայ:
Adaka no so hɔ nso na anuonyam Kerubim a wɔatrɛw wɔn ntaban mu akata adaka no nkataso no so si. Nanso yɛrentumi nka nneɛma yi ho asɛm nkɔ akyiri mprempren.
6 Ասոնք այսպէս կառուցանուած ըլլալով, քահանաները ամէն ատեն կը մտնէին առաջին խորանը՝ պաշտամունք կատարելու:
Saa na wɔahyehyɛ nneɛma no. Da biara na asɔfo no kɔ ɔdan a edi kan no mu kɔyɛ wɔn adwuma;
7 Իսկ միայն քահանայապետը կը մտնէր երկրորդին մէջ, տարին մէ՛կ անգամ. բայց ո՛չ առանց արիւնի, որ կը մատուցանէր իրեն համար, նաեւ ժողովուրդին անգիտութեան մեղքերուն համար:
nanso na Ɔsɔfopanyin no nko ara na ɔwɔ ho kwan sɛ ɔkɔ Kronkron mu Kronkron hɔ pɛnkoro pɛ afe biara. Ɔde mogya a ɔde bɔ ɔno ankasa ne ne nkurɔfo mfomso ho afɔre ka ne ho kɔ.
8 Սուրբ Հոգին սա՛ կը բացայայտէր, թէ սրբարանին ճամբան յայտնաբերուած չէր, քանի դեռ կը կենար առաջին խորանը,
Honhom Kronkron no nam saa ɔkwan yi so kyerɛ yɛn sɛ, wonnya mmuee ɔkwan a wɔde kɔ Kronkron mu Kronkron hɔ wɔ bere a Ntamadan no ne mu nneɛma da so wɔ hɔ.
9 որ նախատիպար մըն էր ներկայ ատենին համար: Անոր մէջ կը մատուցանուէին ընծաներ ու զոհեր, որոնք չէին կրնար կատարեալ ընել պաշտամունք կատարողը՝ խղճմտանքին հանդէպ. հապա՝ կերակուրներով, խմելիքներով
Ɛyɛ mfonitwa ma nnɛ bere yi. Ɛkyerɛ sɛ akyɛde ne mmoa a na wɔde bɔ afɔre ma Onyankopɔn no rentumi mma wɔn a wɔsom no koma mu nyɛ kronkron.
10 եւ տարբեր լուացումներով՝ միայն մարմնաւոր կանոններ էին, որոնք կը պարտադրուէին մինչեւ ուղղումի ատենը:
Wɔde nnuan, anonne ne nneɛma ahorow a wɔde dwira wɔn ho na edi dwuma no. Eyi yɛ ɔhonam fam nhyehyɛe a ɛyɛ adwuma kosi bere a nhyehyɛe foforo bɛba.
11 Բայց երբ Քրիստոս եկաւ իբր գալիք բարիքներու Քահանայապետ, անցաւ աւելի մեծ ու կատարեալ խորանին մէջէն՝ որ անձեռակերտ է, (այսինքն՝ այս արարչութենէն չէ, )
Nanso Kristo aba dedaw sɛ Ɔsɔfopanyin ama nneɛma pa a yɛwɔ dedaw yi. Ntamadan a ɔsom wɔ mu no so, na edi mu kyɛn dedaw no. Ɛnyɛ nnipa na wɔyɛe. Afei nso emfi adebɔ yi mu.
12 եւ ի՛ր իսկ արիւնով - ո՛չ թէ նոխազներու եւ զուարակներու արիւնով - մէ՛կ անգամ ընդմիշտ մտաւ սրբարանը, յաւիտենական ազատագրութիւն ստանալով: (aiōnios g166)
Bere a Kristo kɔɔ ntamadan no mu a ɔkɔɔ Kronkronbea hɔ pɛnkoro no, wamfa mmirekyi ne anantwi mogya na ɛkɔbɔɔ afɔre. Mmom, ɔno ara de ne mogya na ɛbɔɔ afɔre de gyee nkwa a enni awiei maa yɛn. (aiōnios g166)
13 Որովհետեւ եթէ ցուլերուն ու նոխազներուն արիւնը, եւ պիղծերուն վրայ սրսկուող երինջին մոխիրը, կը սրբացնէին՝ մարմինի մաքրութեան համար,
Na sɛ mmirekyi ne anantwinini mogya ne anantwibere nsõ a wɔde dwira wɔn a wɔn ho agu fi tew wɔn ho kɔ ɔhonam ahofi mu a,
14 ա՛լ ո՜րչափ աւելի Քրիստոսի արիւնը, որ յաւիտենական Հոգիին միջոցով մատուցանեց ինքզինք Աստուծոյ՝ իբր անարատ զոհ, պիտի մաքրէ ձեր խղճմտանքը մեռած գործերէն՝ պաշտելու համար ապրող Աստուածը: (aiōnios g166)
mpɛn ahe na Kristo a ɔnam Honhom so, de ne ho bɔɔ afɔre a ɛho nni dɛm maa Onyankopɔn no mogya rentew mo ho mfi nnwuma bɔne mu, na monkɔsom Onyankopɔn a ɔte ase no ana? (aiōnios g166)
15 Հետեւաբար ինք նոր ուխտին միջնորդն է, քանի որ իր մահը եղաւ առաջին ուխտին ժամանակ գործուած օրինազանցութիւններուն ազատագրութեան համար, որպէսզի կանչուածները ստանան յաւիտենական ժառանգութեան խոստումը: (aiōnios g166)
Eyi nti na Kristo yɛ apam foforo no ntamgyinafo sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a Onyankopɔn afrɛ wɔn no benya nhyira a enni awiei sɛnea Onyankopɔn ahyɛ bɔ no. Eyi aba saa, efisɛ owu bi asi a egye nnipa fi wɔn bɔne a wɔyɛɛ bere a na wɔwɔ apam a edi kan no mu no mu. (aiōnios g166)
16 Որովհետեւ հո՛ն՝ ուր կտակ մը կայ, հարկ է որ կտակարարը մեռնի:
Sɛ nsamansew bi wɔ hɔ a, ɛsɛ sɛ wotumi kyerɛ sɛ onipa a ɔhyɛɛ saa nsamansew no awu.
17 Արդարեւ կտակը կը հաստատուի մահէն ետք. այլապէս ոյժ չունի՝ այնքան ատեն որ կտակարարը ողջ է:
Sɛ onipa a ɔhyɛɛ nsamansew no te ase a, saa nsamansew no nka hwee. Bere a wawu no na ɛka biribi.
18 Հետեւաբար առաջին ուխտն ալ չէր կրնար հաստատուիլ՝՝ առանց արիւնի.
Ɛno nti na apam a edi kan no wɔnam mogya so na wɔhyɛɛ no den no.
19 քանի որ երբ Մովսէս ամբողջ ժողովուրդին հաղորդեց Օրէնքին բոլոր պատուէրները, ցուլերուն եւ նոխազներուն արիւնը առաւ ու նոյնինքն Գիրքին եւ ամբողջ ժողովուրդին վրայ սրսկեց՝ ջուրով, որդան կարմիր բուրդով ու զոպայով,
Nea edi kan no, Mose kaa mmaransɛm no nyinaa, sɛnea ɛwɔ mmara no mu no kyerɛɛ nnipa no. Nantwi mma mogya ne nsu ne kuntu kɔkɔɔ ne sommɛ na ɔde petee nwoma mmobɔwee no ne nnipa no nyinaa so
20 եւ ըսաւ. «Ա՛յս է արիւնը այն ուխտին՝ որ Աստուած հրահանգեց ձեզի»:
kae se, “Eyi ne mogya a ɛsɔw apam a Onyankopɔn ahyɛ mo sɛ munni so no ano.”
21 Ու խորանին վրայ, եւ պաշտօնին բոլոր առարկաներուն վրայ նոյնպէս սրսկեց արիւնը:
Saa ara na Mose petee mogya guu ntamadan no ne nneɛma a wɔde som no nyinaa so ne no.
22 Օրէնքին համաձայն՝ գրեթէ ամէն բան կը մաքրուի արիւնով. եւ առանց արիւն թափելու՝ ներում չ՚ըլլար:
Nokware, sɛnea mmara no kyerɛ no, ɛkame ayɛ sɛ mogya na etumi tew ade nyinaa ho, na saa ara nso na gye sɛ mogya ahwie agu ansa na bɔnefakyɛ aba.
23 Ուրեմն հարկ էր որ երկնային բաներուն օրինակները մաքրուէին ասոնցմով, իսկ նոյնինքն երկնաւորները՝ ասոնցմէ լաւագոյն զոհերով:
Saa ɔkwan yi ara so na wɔnam ma biribiara a ɛyɛ ɔsoro nhwɛsode no ho tew. Nanso, ɔsoro nneɛma no ankasa de, afɔre a eye kyɛn eyinom na wɔde tew ho.
24 Քանի որ Քրիստոս մտաւ ո՛չ թէ ձեռակերտ սրբարանը, որ ճշմարիտին կրկնատիպն էր, հապա նոյնինքն երկինքը, որպէսզի հիմա Աստուծոյ առջեւ երեւնայ մեզի համար.
Efisɛ Kristo ankɔ kronkronbea a nnipa de wɔn nsa na ayɛ a ɛyɛ ade kann ho nhwɛso no hɔ. Ɔkɔɔ ɔsoro ankasa na osi yɛn anan mu wɔ Onyankopɔn anim hɔ.
25 ո՛չ ալ մտաւ՝ ինքզինք յաճախ իբր զոհ մատուցանելու համար, ինչպէս քահանայապետը՝ որ ամէն տարի սրբարանը կը մտնէ ուրիշին արիւնով.
Afe biara Yudafo Sɔfopanyin de aboa mogya kɔ Kronkronbea hɔ. Nanso Kristo amfa ne ho amma mpɛn bebree saa.
26 այլապէս, պէտք էր որ յաճախ չարչարուէր՝ աշխարհի հիմնադրութենէն ի վեր: Բայց հիմա, դարերու վախճանին, մէ՛կ անգամ երեւցաւ՝ ջնջելու համար մեղքը ինքզինք զոհելով: (aiōn g165)
Sɛ ɔyɛɛ saa a, anka efi adebɔ mfiase no, obehu amane mpɛn bebree. Mmom, waba prɛko a nneɛma nyinaa reba awiei, na ɔnam afɔre a ɔde ne ho bɔe no so apepa bɔne. (aiōn g165)
27 Եւ ինչպէս մարդոց վերապահուած է մէ՛կ անգամ մեռնիլ, իսկ անկէ ետք՝ դատաստանը,
Ɛsɛ sɛ obiara wu prɛko pɛ, na ɛno akyi Onyankopɔn abu no atɛn.
28 նոյնպէս ալ Քրիստոս մէ՛կ անգամ իբր զոհ մատուցանուեցաւ՝ քաւելու համար շատերու մեղքերը, ու երկրորդ անգամ պիտի երեւնայ՝ առանց մեղքի, փրկելու համար անոնք՝ որ կը սպասեն իրեն:
Saa ara na wɔde Kristo nso bɔɔ afɔre baako pɛ de gyee dodow no ara wɔ wɔn bɔne mu. Ɔbɛba ne mprenu so a ɔremmegye nnebɔneyɛfo na mmom, ɔbɛba abegye wɔn a wɔretwɛn no no nkwa.

< ԵԲՐԱՅԵՑԻՍ 9 >