< ԳՈՐԾՔ ԱՌԱՔԵԼՈՑ 13 >

1 Քանի մը մարգարէներ ու վարդապետներ կային Անտիոք եղող եկեղեցիին մէջ.- Բառնաբաս, Շմաւոն՝ որ Նիգեր կը կոչուէր, Ղուկիոս Կիւրենացին, Մանայէն՝ Հերովդէս չորրորդապետին սննդակիցը, եւ Սօղոս:
Adiyifo ne akyerɛkyerɛfo a na wɔwɔ Antiokia asafo no mu bi ne Barnaba ne Simeon, a na wɔfrɛ no “Onipa Tuntum,” Lukio a ɔyɛ Kireneni, Manaen, a ɔne Ɔhene Herode yɛ tipɛn, ne Saulo.
2 Մինչ անոնք Տէրոջ պաշտօն կը կատարէին ու ծոմ կը պահէին, Սուրբ Հոգին ըսաւ. «Զատեցէ՛ք ինծի Բառնաբասը եւ Սօղոսը՝ այն գործին համար, որուն ես կանչած եմ զանոնք»:
Bere a wɔresom Awurade na wɔredi mmuada no, Honhom Kronkron no ka kyerɛɛ wɔn se, “Munyi Barnaba ne Saulo na wonkodi dwuma a ɛno nti mafrɛ wɔn no mma me.”
3 Ուստի՝ ծոմ պահելով ու աղօթելով՝ ձեռք դրին անոնց վրայ եւ ուղարկեցին:
Wodii mmuada bɔɔ mpae, de wɔn nsa guu wɔn so somaa wɔn.
4 Անոնք ալ Սուրբ Հոգիէն ղրկուած՝ Սելեւկիա իջան, եւ անկէ նաւարկեցին դէպի Կիպրոս:
Honhom Kronkron somaa wɔn no, wɔkɔɔ Seleukia. Wofi hɔ no, wɔtoaa wɔn akwantu no so koduu Kipro.
5 Հասնելով Սաղամինա՝ կը հռչակէին Աստուծոյ խօսքը Հրեաներու ժողովարաններուն մէջ. Յովհաննէս ալ կը սպասաւորէր իրենց:
Woduu Salami no, wɔkaa Onyankopɔn asɛm wɔ Yudafo hyiadan mu. Saa bere no na Yohane Marko ka wɔn ho sɛ ɔsomfo.
6 Շրջելով այդ (ամբողջ) կղզին մինչեւ Պափոս՝ գտան մոգ մը, Հրեայ սուտ մարգարէ մը, որուն անունը Բարեյեսու էր.
Wotwaa mu wɔ supɔw no so koduu Pafo, na hɔ na wohyiaa Yudani nkonyaayifo bi a ɔfrɛ ne ho se odiyifo a na ne din de Bar-Yesu.
7 ան փոխ-հիւպատոսին հետ էր, որ կը կոչուէր Սերգիոս Պօղոս, խելացի մարդ մը: Ասիկա՝ կանչելով Բառնաբասը եւ Սօղոսը՝ ուզեց լսել Աստուծոյ խօսքը:
Na nʼadamfo ne amrado a ɔwɔ supɔw no so a ne din de Sergio Paulo no. Saa amrado a na onim nyansa yiye no soma ma wɔkɔfrɛɛ Barnaba ne Saulo, efisɛ na ɔrehwehwɛ Onyankopɔn asɛm atie.
8 Սակայն անոնց ընդդիմացաւ Եղիմաս մոգը (որովհետեւ ա՛յսպէս կը թարգմանուի անոր անունը), որ կը ջանար խոտորեցնել փոխ-հիւպատոսը հաւատքէն:
Nanso nkonyaayifo Bar-Yesu a Hela kasa mu wɔfrɛ no Elima no ampene so, efisɛ na ɔmpɛ sɛ amrado yi betie Onyankopɔn asɛm.
9 Բայց Սօղոս, որ Պօղոս ալ կը կոչուի, Սուրբ Հոգիով լեցուած՝ ակնապիշ նայեցաւ անոր
Afei Saulo a na wɔfrɛ no Paulo a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no hwɛɛ nkonyaayifo Elima dinn kae se,
10 ու ըսաւ. «Ո՛վ ամէն նենգութեամբ եւ ամէն չարագործութեամբ լեցուն Չարախօսի՛ որդի, թշնամի ամբողջ արդարութեան, պիտի չդադրի՞ս խեղաթիւրելէ Տէրոջ ուղիղ ճամբաները:
“Ɔbonsam ba a ɔte sɛ wo! Wompɛ ade pa biara yiye. Nnaadaa ahorow ahyɛ wo ma. Bere biara wopɛ sɛ wodan Awurade nokwasɛm ani ma ɛyɛ nkontomposɛm!
11 Ահա՛ հիմա Տէրոջ ձեռքը քու վրադ է. կոյր պիտի ըլլաս եւ ատեն մը պիտի չտեսնես արեւը»: Անմի՛ջապէս մթութիւն ու խաւար իջաւ անոր վրայ, եւ շրջելով մէկը կը փնտռէր՝ որ ձեռքէն բռնելով տանէր զինք:
Awurade bɛtwe wʼaso ama wʼani afura a worenhu ade fi saa bere yi de kosi bere bi.” Ɛhɔ ara Elima ani furae a na ɔde ne nsa rekeka sɛ obenya obi aso ne mu ana.
12 Այն ատեն փոխ-հիւպատոսը հաւատաց՝ երբ տեսաւ կատարուածը, մեծապէս ապշելով Տէրոջ ուսուցումին վրայ:
Amrado no huu asɛm a asi no, ogyee Awurade asɛm no dii. Awurade ho asɛm a ɔtee no maa ne ho dwiriw no.
13 Պօղոս եւ իր ընկերակիցները նաւարկեցին Պափոսէն, ու գացին Պամփիւլիայի Պերգէն. բայց Յովհաննէս՝ զատուելով անոնցմէ՝ վերադարձաւ Երուսաղէմ:
Paulo ne ne dɔm no tenaa hyɛn mu fii Pafo kɔɔ Perge a ɛwɔ Pamfilia no; ɛhɔ na Yohane a ne din baako nso ne Marko no gyaw wɔn san kɔɔ Yerusalem.
14 Անոնք ալ գացին Պերգէէն եւ հասան Պիսիդիայի Անտիոքը, ու Շաբաթ օրը մտնելով ժողովարանը՝ նստան:
Wofi Perge no, wɔkɔɔ Antiokia a ɛwɔ Pisidia. Eduu Homeda no, wɔkɔɔ hyiadan mu kɔsomee.
15 Օրէնքին եւ Մարգարէներուն կարդացուելէն ետք՝ ժողովարանին պետերը մարդ ղրկեցին իրենց ու ըսին. «Մարդի՛կ եղբայրներ, եթէ դուք յորդորական խօսք մը ունիք ժողովուրդին՝ ըսէ՛ք»:
Wɔkenkan Mose Mmara no ne Adiyifo no nsɛm wiei no, hyiadan no mu mpanyimfo no soma kɔka kyerɛɛ wɔn se, “Anuanom, sɛ mowɔ asɛm bi a mobɛka de ahyɛ nnipa no nkuran a, mowɔ ho kwan sɛ moka.”
16 Ուստի Պօղոս կանգնեցաւ, եւ շարժելով ձեռքը՝ ըսաւ. «Իսրայելացի՛ մարդիկ, ու դո՛ւք՝ որ կը վախնաք Աստուծմէ, մտի՛կ ըրէք:
Afei Paulo sɔre gyina nyamaa ne nsa fii ase kasae se, “Me nuanom Israelfo ne amanamanmufo a mowɔ ha a mosom Onyankopɔn no muntie me!
17 Այս ժողովուրդին՝ Իսրայէլի Աստուածը ընտրեց մեր հայրերը, բարձրացուց ժողովուրդը՝ երբ անոնք պանդխտացած էին Եգիպտոսի երկրին մէջ, եւ զօրաւոր բազուկով դուրս հանեց զանոնք:
Israel Nyankopɔn yii yɛn nenanom ma wɔyɛɛ ɔman kɛse bere a na wɔte Misraim asase so no. Onyankopɔn nam ne tumi kɛse so yii wɔn fii Misraim,
18 Գրեթէ քառասուն տարի կերակրեց զանոնք անապատին մէջ:
na ɔhwɛɛ wɔn so wɔ sare so mfe aduanan.
19 Քանանի երկրին մէջ, բնաջնջելով եօթը ազգ, անոնց երկիրը տուաւ իրենց՝ որ ժառանգեն:
Otuu aman ason wɔ Kanaan asase so gui, de asase no maa ne nkurɔfo sɛ wɔn awunyade,
20 Անկէ ետք՝ գրեթէ չորս հարիւր յիսուն տարի՝ դատաւորներ տուաւ իրենց, մինչեւ Սամուէլ մարգարէն:
ma wɔtenaa so mfe ahannan ne aduonum. Eyi akyi no ɔmaa atemmufo dii wɔn so kosii sɛ Odiyifo Samuel bae.
21 Յետոյ թագաւոր ուզեցին, եւ Աստուած տուաւ իրենց Կիսի որդին՝ Սաւուղը, Բենիամինի տոհմէն մարդ մը, քառասուն տարի:
Bere a wɔpɛɛ sɛ wonya ɔhene ma odi wɔn so no, Onyankopɔn de Kis ba Saulo a ofi Benyamin abusua mu no maa wɔn ma odii wɔn so mfe aduanan.
22 Երբ պաշտօնէ հեռացուց զայն, Դաւիթը նշանակեց իրենց վրայ իբր թագաւոր, որուն մասին վկայելով՝ ըսաւ. «Յեսսէի որդին՝ Դաւիթը գտայ, իմ սիրտիս համաձայն մարդ մը, որ պիտի գործադրէ իմ ամբողջ կամքս»:
Onyankopɔn tuu Saulo ade so na ɔde Dawid sii nʼanan mu. Asɛm a Onyankopɔn ka faa Dawid ho ne sɛ, ‘Mahu sɛ Yisai ba Dawid ne onipa a mepɛ no; ɔyɛ onipa a ɔbɛyɛ nea mepɛ nyinaa.’
23 Ասո՛ր զարմէն Աստուած՝ իր խոստումին համաձայն՝ հանեց Իսրայէլի Փրկիչ մը, Յիսուսը:
“Sɛnea Onyankopɔn hyɛɛ ho bɔ no, Yesu a ɔyɛ Dawid aseni no na ɔyɛɛ no Israelfo Agyenkwa.
24 Դեռ ան չեկած, Յովհաննէս նախապէս քարոզեց ապաշխարութեան մկրտութիւնը՝ Իսրայէլի ամբողջ ժողովուրդին:
Ansa na Yesu rebefi nʼadwuma ase no, Yohane kaa adwensakra ho asɛm kyerɛɛ Israelfo se, wɔnsakra mfi wɔn bɔne ho na wɔmma wɔmmɔ wɔn asu.
25 Երբ Յովհաննէս կը լրացնէր իր ընթացքը՝ ըսաւ. “Ո՞վ կը կարծէք՝ թէ եմ. ես Քրիստոսը չեմ, հապա ահա՛ իմ ետեւէս կու գայ մէկը՝ որուն ոտքերուն կօշիկները քակելու արժանի չեմ”:
Ansa na Yohane rebewie nʼasɛnka no, obisaa nnipa no se, ‘Mususuw sɛ meyɛ hena? Ɛnyɛ me ne onipa a moretwɛn no no. Ɛrenkyɛ biara na nea moretwɛn no a mensɛ sɛ mɛworɔw ne mpaboa afi ne nan no bɛba.’
26 Մարդի՛կ եղբայրներ, Աբրահամի ցեղին որդինե՛ր, այս փրկութեան խօսքը ղրկուեցաւ ձեզի՛, եւ անոնց՝ որ ձեր մէջ աստուածավախ են:
“Me nuanom Abraham asefo ne amanamanmufo a mosom Onyankopɔn a mowɔ ha, yɛn nti na Onyankopɔn soma ma wɔde saa nkwagye yi aba.
27 Քանի որ Երուսաղէմ բնակողները եւ անոնց պետերը՝ ո՛չ զայն ճանչցան, ո՛չ ալ մարգարէներուն ձայները՝ որոնք կը կարդացուին ամէն Շաբաթ օր. բայց իրագործեցին գրուածները՝ դատելով զայն:
Esiane sɛ nnipa a na wɔte Yerusalem ne wɔn mpanyimfo nnim sɛ ɔno ne Agyenkwa no, na wɔnte adiyifo no nsɛm a wɔkenkan no Homeda no ase no nti, wobuu Yesu kumfɔ maa adiyifo no nsɛm no baa mu.
28 Թէպէտ չգտան մահուան արժանի պատճառ մը, խնդրեցին Պիղատոսէն՝ որ ան սպաննուի:
Ɛwɔ mu sɛ wɔannya afɔbusɛm bi annyina so ammu no kumfɔ de, nanso wɔmaa Pilato kum no.
29 Երբ գործադրեցին ամէն ինչ որ գրուած էր անոր մասին, վար իջեցնելով փայտէն՝ դրին գերեզմանի մը մէջ:
Wɔyɛɛ biribiara a Kyerɛwsɛm no ka fa ne ho wiee no, woyii no fii asennua no so kosiee no.
30 Բայց Աստուած մեռելներէն յարուցանեց զայն:
Nanso Onyankopɔn ma ɔsɔre fii awufo mu,
31 Ան շատ օրեր երեւցաւ անոնց՝ որ Գալիլեայէն Երուսաղէմ ելեր էին իրեն հետ. անոնք են հիմա իր վկաները ժողովուրդին առջեւ:
na ne wusɔre akyi no, oyii ne ho adi nna pii kyerɛɛ wɔn a na wɔne no tu kwan fi Galilea kɔ Yerusalem no. Wɔne nnipa a wodi ne ho adanse kyerɛ Israelfo no.
32 Մե՛նք ալ կ՚աւետենք ձեզի այն խոստումը՝ որ եղած էր հայրերուն.
“Afei yɛwɔ ha sɛ yɛrebɛka asɛmpa no akyerɛ mo se, Onyankopɔn nam sɔre a ɔmaa Yesu Kristo sɔre fii awufo mu no so ama bɔ a ɔhyɛɛ yɛn nenanom no aba mu.
33 Աստուած իրագործեց զայն մեզի համար՝ որ անոնց զաւակներն ենք, յարուցանելով Յիսուսը՝ ինչպէս գրուած ալ է երկրորդ Սաղմոսին մէջ. “Դուն իմ Որդիս ես, ա՛յսօր ծնայ քեզ”:
Eyi ne nea wɔakyerɛw wɔ Nnwom a ɛto so abien no mu se, “‘Woyɛ me ba; nnɛ, mayɛ wʼAgya.’
34 Ան սա՛ կ՚ըսէ զինք մեռելներէն յարուցանելու մասին՝ որ անգա՛մ մըն ալ ապականութեան չվերադառնայ. “Ձեզի պիտի տամ Դաւիթի մնայուն կարեկցութիւնները”:
Asɛm a Onyankopɔn ka faa sɔre a ɔma no sɔre fii awufo mu na amma no amporɔw no ne sɛ, “‘Mede nhyira kronkron a mehyɛɛ Dawid ho bɔ no behyira wo.’
35 Այս մասին ուրիշ Սաղմոսի մը մէջ ալ կ՚ըսէ. “Պիտի չթոյլատրես որ քու Սուրբդ ապականութիւն տեսնէ”:
Wɔaka no wɔ baabi nso se, “‘Woremma wo Kronkronni no mporɔw.’
36 Որովհետեւ Դաւիթ ննջեց՝ Աստուծոյ ծրագիրով սպասաւորելէ ետք իր սերունդին, դրուեցաւ իր հայրերուն քով եւ ապականութիւն տեսաւ:
“Dawid bere so no, ɔsom Onyankopɔn kosii sɛ owu ma wosiee no wɔ ne nenanom nkyɛn pɛɛ, na ne nipadua porɔwee.
37 Բայց ա՛ն՝ որ Աստուած յարուցանեց, ապականութիւն չտեսաւ:
Nanso nea Onyankopɔn nyan no fii awufo mu no amporɔw.
38 Ուրեմն գիտցէ՛ք, մարդի՛կ եղբայրներ, թէ ասո՛ր միջոցով մեղքերու ներում կը հռչակուի ձեզի,
“Anuanom, ɛsɛ sɛ mo nyinaa te ase sɛ ɛnam Yesu so na wɔka bɔnefakyɛ ho asɛm kyerɛ mo.
39 եւ թէ իրմո՛վ ամէն հաւատացեալ կ՚արդարանայ այն բոլոր բաներէն՝ որոնցմէ չկրցաք արդարանալ Մովսէսի Օրէնքով:
Ɛsɛ sɛ mote ase sɛ obiara a ogye no di no, wɔabu no bem a anka Mose mmara ntumi mmu no no.
40 Ուրեմն զգուշացէ՛ք, որպէսզի ձեզի չպատահի՝՝ ի՛նչ որ ըսուած է Մարգարէներուն մէջ.
Monhwɛ yiye na adiyifo no nkɔm a wɔhyɛɛ no amma mo so:
41 “Տեսէ՛ք, արհամարհողներ, եւ զարմացէ՛ք ու ոչնչացէ՛ք. որովհետեւ պիտի կատարեմ արարք մը՝ ձեր օրերուն մէջ, այնպիսի արարք մը, որ եթէ մէկը պատմէ ձեզի՝ պիտի չհաւատաք”»:
“‘Mo fɛwdifo! Momma ɛnyɛ mo nwonwa na mo ho nnwiriw mo! Efisɛ merebɛyɛ biribi wɔ wo bere so, na sɛ wɔka kyerɛ wo a, worennye nni!’”
42 Երբ անկէ դուրս ելան՝ կ՚աղաչէին, որ հետեւեալ Շաբաթ ալ քարոզեն իրենց նոյն խօսքերը:
Paulo ne Barnaba refi asɔredan no mu no, nnipa no srɛɛ wɔn sɛ wɔmmra Homeda a ɛreba no mmɛkyerɛkyerɛ wɔn bio.
43 Երբ ժողովուրդը արձակուեցաւ, Հրեաներէն եւ բարեպաշտ նորահաւատներէն շատեր հետեւեցան Պօղոսի ու Բառնաբասի, որոնք կը խօսէին անոնց հետ եւ կը յորդորէին զանոնք, որ յարատեւեն Աստուծոյ շնորհքին մէջ:
Nnipa no wiee nhyiamu no, Yudafo ne amanamanmufo bebree a wɔasakra aba Yudasom mu no tu dii Paulo ne Barnaba akyi. Asomafo no tuu wɔn fo, hyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔntena ase Onyankopɔn adom mu.
44 Հետեւեալ Շաբաթ օրը, գրեթէ ամբողջ քաղաքը հաւաքուեցաւ՝ լսելու Աստուծոյ խօսքը:
Homeda a edi so no dui no, ɛkame ayɛ sɛ wɔn a wɔte kurow no mu no nyinaa betiee Awurade asɛm.
45 Իսկ Հրեաները՝ երբ տեսան բազմութիւնները՝ լեցուեցան նախանձով, ու դէմ կը խօսէին Պօղոսի ըսածներուն՝ հակաճառելով եւ հայհոյելով:
Yudafo no huu nnipakuw no, wɔn ani bere ma wɔsɔre gyee nsɛm a Paulo reka no ho akyinnye kasa tiaa no.
46 Ուստի Պօղոս ու Բառնաբաս համարձակելով ըսին. «Հարկ էր որ Աստուծոյ խօսքը քարոզուէր նախ ձեզի՛. բայց քանի որ կը վանէք զայն ձեզմէ, եւ դուք ձեզ արժանի չէք սեպեր յաւիտենական կեանքի, ահա՛ մենք կը դառնանք հեթանոսներուն: (aiōnios g166)
Nanso Paulo ne Barnaba de akokoduru kɔɔ so kae se, “Mone nnipa a ɛsɛ sɛ wɔka Onyankopɔn asɛm no kyerɛ mo kan. Na sɛ moapo, na mummu mo ho sɛ nkwa a enni awiei ho hia mo nti, yebegyaw mo hɔ akɔ amanamanmufo no nkyɛn. (aiōnios g166)
47 Որովհետեւ Տէրը սա՛ պատուիրած է մեզի. “Քեզ իբր լոյս դրի հեթանոսներուն, որպէսզի դուն փրկութեան պատճառ ըլլաս՝ մինչեւ երկրի ծայրերը”»:
Ahyɛde a Awurade de ama yɛn ne sɛ, “‘Mɛma mo ayɛ amanamanmufo nyinaa kanea; ɛnam mo so na wobegye wiasefo nyinaa nkwa.’”
48 Լսելով ասիկա՝ հեթանոսները կ՚ուրախանային ու կը փառաւորէին Աստուծոյ խօսքը, եւ անոնք որ սահմանուած էին յաւիտենական կեանքին՝ հաւատացին: (aiōnios g166)
Amanamanmufo no tee saa asɛm no, wɔn ani gye ma wɔkamfoo Awurade asɛm no, na wɔn a wɔayi wɔn ama nkwa a enni awiei no bɛyɛɛ agyidifo. (aiōnios g166)
49 Տէրոջ խօսքը կը տարածուէր ամբողջ երկրամասին մէջ:
Na Awurade asɛm no trɛw ɔmantam no mu nyinaa.
50 Բայց Հրեաները գրգռեցին բարեպաշտ եւ մեծայարգ կիներն ու քաղաքին գլխաւորները, եւ Պօղոսի ու Բառնաբասի դէմ հալածանք հանելով՝ իրենց հողամասէն դուրս դրին զանոնք:
Nanso Yudafo no tuu nnipa atitiriw a wɔwɔ kurow no mu no ne mmea Nyamesurofo a na wɔwɔ hɔ bi a wodi mu no aso ma wɔtaa Paulo ne Barnaba, pam wɔn fii ɔman no mu.
51 Անոնք ալ՝ իրենց ոտքերուն փոշին թօթուելով անոնց դէմ՝ գացին Իկոնիոն.
Enti asomafo no poroporow wɔn anan ase mfutuma guu wɔn so fii hɔ kɔɔ Ikoniom.
52 իսկ աշակերտները լեցուած էին ուրախութեամբ եւ Սուրբ Հոգիով՝՝:
Anigye ne Honhom Kronkron hyɛɛ asuafo a na wɔwɔ Antiokia no ma.

< ԳՈՐԾՔ ԱՌԱՔԵԼՈՑ 13 >