< ԵՐԿՐՈՐԴ ԿՈՐՆԹԱՑԻՍ 13 >

1 Այս երրորդ անգամն է որ կու գամ ձեզի. ամէն խօսք պիտի հաստատուի երկու կամ երեք վկաներու բերանով:
Nsra a ɛtɔ so mmiɛnsa a merebɛsra mo ni. Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Adanseɛ a nnipa baanu anaa baasa bɛdi no na ɛsɛ sɛ wɔfa.”
2 Նախապէս ըսի, ու երկրորդ անգամ կանխաւ կ՚ըսեմ (որպէս թէ ներկայ ըլլամ). թէպէտ հիմա բացակայ եմ, կը գրեմ առաջուան մեղանչողներուն եւ բոլոր միւսներուն, որ եթէ դարձեալ գամ՝ պիտի չխնայեմ.
Ɛberɛ a mebaa mo nkyɛn deɛ ɛtɔ so mmienu no, mebɔɔ mo kɔkɔ bi. Mereti mu bio seesei a menni mo nkyɛn yi. Sɛ mesane ba bio a, mo anaa nnipa afoforɔ bi a wɔayɛ bɔne no, meremfa wɔn ho nkyɛ wɔn,
3 որովհետեւ ապացոյց կը փնտռէք թէ Քրիստոս կը խօսի ինձմով: Ան տկար չէ ձեզի հանդէպ, հապա հզօր է ձեր մէջ.
ɛfiri sɛ, mopɛ sɛ mohunu nsɛnkyerɛnneɛ bi sɛ Kristo nam me so kasa. Ɔnnyɛ mmerɛ sɛ ɔbɛyɛ mo mu adwuma, na mmom, ɔwɔ tumi wɔ mo mu.
4 քանի որ՝ թէպէտ խաչուեցաւ տկարութեամբ՝ կ՚ապրի Աստուծոյ զօրութեամբ. մե՛նք ալ տկար ենք անով, բայց պիտի ապրինք անոր հետ՝ Աստուծոյ զօրութեամբ, ձեզի սպասարկելու համար:
Ɛwom sɛ mmerɛyɛ mu na wɔbɔɔ no asɛnnua mu, nanso Onyankopɔn tumi mu na ɔte ase yi. Yɛyɛ mmerɛ deɛ, nanso yɛn ayɔnkofa a yɛne no wɔ enti, yɛne no bɛtena wɔ Onyankopɔn tumi mu.
5 Փորձեցէ՛ք դուք ձեզ՝ թէ հաւատքին մէ՛ջն էք. քննեցէ՛ք դուք ձեզ: Չէ՞ք գիտեր դուք ձեզմէ՝ թէ Յիսուս Քրիստոս ձեր մէջն է, եթէ խոտելի չըլլաք:
Monsɔ mo ho nhwɛ na mommu mo ho atɛn nhwɛ sɛ mote ase wɔ gyidie mu anaa. Monim yie sɛ Kristo Yesu te mo mu anaa? Sɛ ɔnte mo mu a, na ɛkyerɛ sɛ moantumi sɔhwɛ no.
6 Բայց կը յուսամ թէ պիտի գիտնաք՝ թէ մենք խոտելի չենք:
Menim yie sɛ mobɛhunu sɛ yɛanni nkoguo.
7 Կ՚աղօթեմ Աստուծոյ՝ որ դուք ո՛չ մէկ չարիք ընէք. ո՛չ թէ՝ որպէսզի մենք գնահատելի երեւինք, հապա՝ որպէսզի դուք ընէք ինչ որ պարկեշտ է, թէեւ մենք խոտելի թուինք:
Afei, yɛbɔ mpaeɛ srɛ Onyankopɔn sɛ morennyɛ biribiara a ɛnnyɛ. Yɛmmpɛ sɛ nnipa bɛhunu sɛ yɛwɔ tumi bi wɔ mo so. Sɛ mpo sɛ wɔhunu yɛn sɛ yɛsɛ nnipa a yɛadi nkoguo wɔ yɛn adwuma mu a, yɛpɛ, ɛfiri sɛ, yɛpɛ sɛ mobɛyɛ deɛ ɛyɛ de adi nkonim.
8 Որովհետեւ ճշմարտութեան դէմ ոչինչ կրնանք ընել, հապա՝ ճշմարտութեան համար:
Yɛrentumi nsɔre ntia nokorɛ, na mmom, nokorɛ nko ara na ɛsɛ sɛ yɛgyina ma no.
9 Քանի որ կ՚ուրախանանք՝ երբ մենք տկար ենք, իսկ դուք՝ զօրաւոր էք. սա՛ կ՚ըղձանք նաեւ - ձեր կատարելութիւնը:
Sɛ yɛhunu sɛ yɛyɛ mmerɛ na moyɛ den a, na yɛn ani agye. Enti, yɛn nso yɛrebɔ mpaeɛ sɛ mobɛyɛ pɛ.
10 Ուստի կը գրեմ ձեզի այս բաները՝ բացակայ ըլլալով, որպէսզի երբ ներկայ ըլլամ՝ սաստկութեամբ չվարուիմ այն իրաւասութեան համեմատ, որ Տէրը տուաւ ինծի՝ շինելու, եւ ո՛չ թէ քանդելու համար:
Ɛno enti na meretwerɛ saa krataa yi abrɛ mo sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, sɛ meba a, merennyina tumi a Awurade de ama me sɛ memfa mmoa mo na monnyini na mo mu antete no so, na me ne mo anni no anibereɛ so.
11 Վերջապէս, եղբայրնե՛ր, ո՛ղջ եղէք: Կատարեա՛լ եղէք, լա՛ւ մխիթարուեցէք, միաբա՛ն եղէք, խաղաղութեա՛մբ ապրեցէք. եւ սիրոյ ու խաղաղութեան Աստուածը ձեզի հետ պիտի ըլլայ:
Enti, anuanom, makra mo! Mompere nhwehwɛ ade pa; montie mʼafotuo; mo ne mo ho mo ho nka na montena ase asomdwoeɛ mu. Na ɔdɔ ne asomdwoeɛ Onyankopɔn no ne mo bɛtena.
12 Բարեւեցէ՛ք զիրար սուրբ համբոյրով.
Momfa onuadɔ nkyeakyea mo ho mo ho.
13 բոլոր սուրբերը կը բարեւեն ձեզ:
Onyankopɔn nkurɔfoɔ nyinaa kyeakyea mo.
14 Տէր Յիսուս Քրիստոսի շնորհքը, Աստուծոյ սէրը եւ Սուրբ Հոգիին հաղորդութիւնը ձեր բոլորին հետ: Ամէն:
Yɛn Awurade Yesu Kristo adom ne Onyankopɔn dɔ ne Honhom Kronkron no ayɔnkofa nka mo nyinaa.

< ԵՐԿՐՈՐԴ ԿՈՐՆԹԱՑԻՍ 13 >