< ԱՌԱՋԻՆ ՏԻՄՈԹԷՈՍ 3 >

1 Սա՛ խօսքը վստահելի է. եթէ մէկը եպիսկոպոսութեան կը բաղձայ, բարի գործի կը ցանկայ:
Ɛyɛ sɛnnahɔ sɛ, sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ asafopanyin a, na wafa adwuma pa.
2 Ուստի եպիսկոպոսը պէտք է ըլլայ անարատ, մէկ կնոջ ամուսին, զգաստ, խոհեմ, համեստ, հիւրասէր, սորվեցնելու ընդունակ,
Asafopanyin yɛ obi a mfomso nni ne ho. Ɛsɛ sɛ ne yere yɛ baako. Ɛsɛ sɛ ɔbrɛ ne ho ase na ɔhyɛ ne ho so yɛ ne biribiara pɛpɛɛpɛ. Ɛsɛ sɛ ogye ahɔho wɔ ne fi na ɔkyerɛkyerɛ nso.
3 ոչ գինեմոլ, ոչ զարնող, հապա՝ ազնիւ, ոչ կռուազան, ոչ արծաթասէր,
Ɛnsɛ sɛ ɔyɛ ɔsadweam anaa basabasa, na mmom, ɛsɛ sɛ ɔbrɛ ne ho ase na ɔpɛ asomdwoe. Ɛnsɛ sɛ ɔyɛ sikaniberefo.
4 իր տան լաւ վերակացու եղող, ենթարկուած զաւակներ ունեցող՝ ամբողջ պատկառանքով.
Ɛsɛ sɛ otumi hwɛ ne fifo so yiye na otumi ma ne mma yɛ osetie de obu ne nidi ma no.
5 (քանի որ եթէ մէկը չգիտնայ վերակացու ըլլալ իր տան, ի՞նչպէս հոգ պիտի տանի Աստուծոյ եկեղեցիին.)
Na sɛ obi nnim sɛnea ɔhwɛ ne fi so yiye a, ɛbɛyɛ dɛn na obetumi ahwɛ Onyankopɔn asafo so?
6 ո՛չ ալ նորահաւատ, որ հպարտանալով չիյնայ Չարախօսին սահմանուած դատապարտութեան մէջ:
Ɛnsɛ sɛ ɔyɛ obi a afei na wahu Awurade; sɛ ɛba saa a, ne tirim bɛyɛ no dɛ na wayɛ ahomaso ama wɔabu no atɛn sɛnea wobuu ɔbonsam atɛn no.
7 Նաեւ պէտք է ունենայ բարի վկայութիւն դուրսիններէ՛ն ալ, որպէսզի չիյնայ նախատինքի ու Չարախօսին թակարդին մէջ:
Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔnnyɛ akyidifo no mpo de nidi ma no sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrengu nʼanim ase na ɔbonsam afiri renyi no.
8 Նմանապէս սարկաւագները պէտք է ըլլան պատկառելի, ոչ երկլեզու, ոչ գինեմոլ, ոչ ամօթալի շահախնդրութեան հետամուտ եղող,
Ɛsɛ sɛ asafo mu aboafo nso yɛ nnipa a wɔwɔ suban pa na wodi nokware. Ɛnsɛ sɛ wɔnom nsa pii anaasɛ wɔyɛ aniberefo.
9 հապա հաւատքին խորհուրդը պահող՝ մաքուր խղճմտանքով:
Ɛsɛ sɛ wɔde adwene mu fann gyina pintinn ma nokware no ne gyidi no.
10 Ասոնք ալ նախ թող փորձարկուին, ու յետոյ կատարեն սարկաւագութիւն՝ եթէ անմեղադրելի գտնուին:
Ɛsɛ sɛ wɔsɔ wɔn hwɛ ansa, na sɛ wodi sɔhwɛ no so nkonim a wɔasom.
11 Նոյնպէս ալ անոնց կիները պէտք է ըլլան պատկառելի, ոչ չարախօս, հապա զգաստ, հաւատարիմ՝ ամէն բանի մէջ:
Ɛsɛ sɛ wɔn yerenom nso wɔ suban pa a wonni nseku. Ɛsɛ sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase di nokware wɔ biribiara mu.
12 Սարկաւագները թող ըլլան մէկ կնոջ ամուսին, եւ լաւ վերակացու իրենց զաւակներուն ու տան.
Ɛsɛ sɛ asafo no mu boafo no wɔ yere baako na afei otumi hwɛ ne mma ne ne fifo yiye.
13 որովհետեւ անոնք որ լաւ կը կատարեն սարկաւագութիւնը՝ կը տիրանան բարի աստիճանի մը, ու շատ համարձակութեան՝ Քրիստոս Յիսուսի վրայ եղած հաւատքին մէջ:
Wɔn a wɔsom yiye no benya nnyinaso pa, na wɔn gyidi a wɔwɔ wɔ Kristo Yesu mu no nso ayɛ nam.
14 Կը գրեմ քեզի այս բաները, թէպէտ կը յուսամ շուտով գալ քեզի,
Saa nhoma a mede rebrɛ wo yi akyi no, mewɔ anidaso sɛ ɛrenkyɛ biara mɛba wo nkyɛn.
15 որպէսզի՝ եթէ յապաղիմ՝ գիտնաս թէ ի՛նչպէս պէտք է վարուիս Աստուծոյ տան մէջ, որ ապրող Աստուծոյ եկեղեցին է, ճշմարտութեան սիւնն ու խարիսխը:
Na sɛ mannu wo nkyɛn ntɛm a saa nhoma yi bɛma woahu sɛnea wɔbɔ wɔn bra wɔ Onyankopɔn fi; ofi a ɛyɛ Onyankopɔn teasefo no asafo a ɛyɛ nokware no nnyinaso.
16 Անվիճելիօրէն մեծ է բարեպաշտութեան խորհուրդը. Աստուած երեւցաւ մարմինով, արդարացաւ Հոգիով, տեսնուեցաւ հրեշտակներէն, քարոզուեցաւ հեթանոսներուն մէջ, հաւատացուեցաւ աշխարհի մէջ, եւ համբարձաւ փառքով:
Akyinnye biara nni ho sɛ, ahintasɛm a ɛwɔ nyamesom pa mu no krɔn: Ɔbae onipa tebea mu, Honhom no buu no bem, na abɔfo huu no, wɔkaa ne ho asɛm wɔ amanaman mu, na wiase gyee no dii, wɔfaa no kɔɔ ɔsoro anuonyam mu.

< ԱՌԱՋԻՆ ՏԻՄՈԹԷՈՍ 3 >