< اَلْمَزَامِيرُ 47 >

لِإِمَامِ ٱلْمُغَنِّينَ. لِبَنِي قُورَحَ. مَزْمُورٌ يَا جَمِيعَ ٱلْأُمَمِ صَفِّقُوا بِٱلْأَيَادِي. ٱهْتِفُوا لِلهِ بِصَوْتِ ٱلِٱبْتِهَاجِ. ١ 1
Wɔde ma dwonkyerɛfo. Koramma dwom. Amanaman nyinaa, mommɔ mo nsam; momfa anigye nteɛ mu mfrɛ Onyankopɔn.
لِأَنَّ ٱلرَّبَّ عَلِيٌّ مَخُوفٌ، مَلِكٌ كَبِيرٌ عَلَى كُلِّ ٱلْأَرْضِ. ٢ 2
Awurade Ɔsorosoroni no ho yɛ nwonwa, Ɔyɛ Ɔhene kɛse wɔ asase nyinaa so!
يُخْضِعُ ٱلشُّعُوبَ تَحْتَنَا، وَٱلْأُمَمَ تَحْتَ أَقْدَامِنَا. ٣ 3
Ɔde amanaman hyɛɛ yɛn ase, na ɔde nnipa hyɛɛ yɛn anan ase.
يَخْتَارُ لَنَا نَصِيبَنَا، فَخْرَ يَعْقُوبَ ٱلَّذِي أَحَبَّهُ. سِلَاهْ. ٤ 4
Oyii yɛn agyapade maa yɛn, nea ɛyɛ Yakob a ɔdɔ no no ahohoahoade.
صَعِدَ ٱللهُ بِهُتَافٍ، ٱلرَّبُّ بِصَوْتِ ٱلصُّورِ. ٥ 5
Onyankopɔn aforo kɔ soro wɔ anigye nteɛteɛmu mu, Awurade wɔ torobɛnto nnyigyei mu.
رَنِّمُوا لِلهِ، رَنِّمُوا. رَنِّمُوا لِمَلِكِنَا، رَنِّمُوا. ٦ 6
To ayeyi nnwom ma Onyankopɔn, to ayeyi nnwom; to ayeyi nnwom ma yɛn Hene, to ayeyi nnwom.
لِأَنَّ ٱللهَ مَلِكُ ٱلْأَرْضِ كُلِّهَا، رَنِّمُوا قَصِيدَةً. ٧ 7
Efisɛ Onyankopɔn yɛ asase nyinaa so Hene. Monto ahurusi nnwom mma no.
مَلَكَ ٱللهُ عَلَى ٱلْأُمَمِ. ٱللهُ جَلَسَ عَلَى كُرْسِيِّ قُدْسِهِ. ٨ 8
Onyankopɔn di hene wɔ amanaman no so; Onyankopɔn te nʼahengua kronkron so.
شُرَفَاءُ ٱلشُّعُوبِ ٱجْتَمَعُوا. شَعْبُ إِلَهِ إِبْرَاهِيمَ. لِأَنَّ لِلهِ مَجَانَّ ٱلْأَرْضِ. هُوَ مُتَعَالٍ جِدًّا. ٩ 9
Amanaman no mu akunini boaboa wɔn ho ano sɛ Abraham Nyankopɔn nkurɔfo, efisɛ asase so ahemfo yɛ Onyankopɔn de; na wɔma no so kɛse.

< اَلْمَزَامِيرُ 47 >